Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 14

Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo

Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo

YOHANE 1:29-51

  • YESU ASUAFO A WƆDII KAN BƐKAA NE HO

Ná Yesu akɔdi adaduanan wɔ sare so, na na ɔrebɛkɔ Galilea. Nanso ansa na ɔrekɔ no, ɔfaa Yohane hɔ. Kae sɛ Yohane na ɔbɔɔ Yesu asu, na ɔhuu Yesu no, ɔde ne nsa kyerɛɛ ne so ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa a ɔyi wiase bɔne firi hɔ no nie! Oyi ho asɛm na mekaa sɛ, ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.” ( Yohane 1:​29, 30) Ɛwom, na Yohane anyin kyɛn Yesu kakra, nanso na ɔnim sɛ Yesu wɔ hɔ ansa na ɔno Yohane reba, efisɛ na Yesu yɛ honhom abɔde wɔ soro ansa na wɔrewo no aba asase so.

Ná Yohane bɔɔ Yesu asu nkyɛe. Saa bere no, na ɔntumi nhu sɛ Yesu ne Mesia no anaa. Yohane kaa sɛ: “Me deɛ, na menni no, nanso deɛ enti a mebɛbɔɔ asu nsuo mu ne sɛ wɔbɛyi no adi akyerɛ Israel.”​—Yohane 1:31.

Afei Yohane toaa so kaa Yesu asubɔ no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no sɛ: “Mehunuu honhom no sɛ ɛresiane sɛ aborɔnoma firi soro, na ɛbɛsii ne so. Me deɛ, na menni no, nanso Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no ara ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wobɛhunu sɛ honhom no asiane abɛsi ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu honhom kronkron mu no.’ Na mahunu adi ho adanseɛ sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”​—Yohane 1:​32-​34.

Ɛda a ɛdi hɔ no, Yesu san baa Yohane nkyɛn. Saa bere no, na Yohane asuafo mmienu wɔ ne nkyɛn. Yohane kaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa no nie.” ( Yohane 1:​36) Yohane Suboni kaa saa no, n’asuafo mmienu no kɔdii Yesu akyi. Baako din de Andrea, na gyama baako a aka no nso ne Yohane a ɔkyerɛw asɛm no. Ɛbɛyɛ sɛ na saa Yohane yi yɛ Yesu maame nua Salome ba, enti ɔyɛ Yesu nua. Salome nso, na ne kunu ne Sebedeo.

Bere a Yesu danee n’ani huu sɛ Andrea ne Yohane di n’akyi no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?”

Wɔn nso bisaa no sɛ: ‘Rabi ɛhe na woteɛ?’

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra na mobɛhunu.”​—Yohane 1:​37-​39.

Ná abɔ bɛyɛ anwummere nnɔnnan, na Andrea ne Yohane tenaa Yesu nkyɛn saa da no. Andrea ani gyee ara ma ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Simon a wɔsan frɛ no Petro no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Mesia no.” ( Yohane 1:​41) Andrea de Petro baa Yesu nkyɛn. Nsɛm a ɛsisii akyiri yi no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yohane nso kɔhwehwɛɛ ne nua Yakobo na ɔde no kɔɔ Yesu nkyɛn. Nanso bere a Yohane rekyerɛw asɛm no, wamfa nea ɔno ara yɛe yi anka ho.

Ade kyee no, Yesu huu Filipo a ɔfiri Betsaida no. Ná Betsaida bɛn Galilea Po no atifi fam. Ɛhɔ ara nso na na Andrea ne Petro fi. Yesu ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Bɛdi m’akyi.”​—Yohane 1:43.

Afei Filipo huu Natanael a wɔsan frɛ no Bartolomeo no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifoɔ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.” Natanael annye anni, na ɔbisaa Filipo sɛ: “Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?”

Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” Bere a Yesu huu sɛ Natanael reba no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Israelni amapa a nnaadaa nni ne mu nie.”

Natanael bisaa Yesu sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu me saa?”

Yesu kaa sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ woɔ, berɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase no na mehunuu woɔ.”

Natanael ho dwirii no, na ɔkaa sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no, wone Israel Hene.”

Yesu bisaa no sɛ: “Ɛsiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma dua no ase nti na wogye die? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom.” Afei Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane onipa Ba no soɔ.”​—Yohane 1:​45-​51.

Bere a Yesu nyaa asuafo foforo yi, ankyɛ koraa na ɔne wɔn fii Yordan mpɔtam hɔ kɔɔ Galilea.