Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu na . . .

Suasua Yesu na . . .

NYA MMƆBORƆHUNU

Ná bɔne nni Yesu ho, enti ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɛda amansan kɔn mu no, emu pii wɔ hɔ a wamfa mu bi. Nanso, ɔnyaa tema paa maa nnipa. Ɔde ne ho bɔɔ afɔre yɛɛ nkurɔfo papa maa ɛboroo so mpo. Mmɔborɔhunu a ɔwɔ nti na ɔboaa nkurɔfo saa. Sɛ wopɛ Yesu mmɔborɔhunu ho asɛm pii a, kenkan nwoma yi Ti 32, 37, 57, 99.

MA AFOFORO MMƐN WO

Mmofra ne mpanin nyinaa, na obiara tumi bɛn Yesu, efisɛ na ɔwɔ nnipa ho adagyew, na na ɔmmu ne ho dodo. Nkurɔfo huu sɛ Yesu dwene nnipa ho, enti wɔansuro sɛ wɔbɛbɛn no. Hwɛ ho asɛm wɔ nwoma yi Ti 25, 27, 95.

BƆ MPAE DAA

Yesu bɔɔ n’Agya mpae bere nyinaa. Sɛ ɔno nko ara na ɛwɔ hɔ o, sɛ ɔne anokwafo foforo na ɛwɔ hɔ o, na ɔbɔ mpae. Afei nso, na ɔtumi bɔ mpae bere biara; ɛnyɛ bere a wanya aduane nko ara. Ná ɔbɔ mpae da n’Agya ase yi no ayɛ. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔsi gyinae kɛse bi nso a, na ɔbɔ mpae hwehwɛ n’Agya hɔ akwankyerɛ. Wobɛnya Yesu mpae ho nhwɛso wɔ Ti 24, 34, 91, 122, 123.

DWEN WO NUA HO

Ɛtɔ da a na Yesu abrɛ a ɛsɛ sɛ ɔhome, nanso ɛba saa mpo a, ɔboa nkurɔfo. Ná ɔnnwene ɔno nko ara ho. Watwa sa pa ato hɔ ama yɛn. Kenkan ho asɛm wɔ Ti 19, 41, 52.

FA BƆNE KYƐ

Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kaa bɔne fafiri ho asɛm. Ɔde asuafo no ne afoforo mfomso kyɛɛ wɔn. Kenkan ho asɛm wɔ Ti 26, 40, 64, 85, 131.

YERE WO HO SOM ONYANKOPƆN

Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yudafo bebree bɛpo Mesia no, na n’atamfo bɛkum no. Ná Yesu nim saa, na sɛ ɔyɛ obi a, anka ɔnha ne ho nyɛ nneɛma pa mma nkurɔfo. Nanso ɔyeree ne ho wɔ Onyankopɔn som mu. Wayɛ nhwɛso ama n’akyidifo; enti sɛ wɔka asɛmpa no na sɛ nkurɔfo antie anaa wɔhyia ɔtaa a, wɔbɛtumi asuasua no. Hwɛ Ti 16, 72, 103.

NYA AHOBRƐASE

Sɛ wɔde nnipa abɔnefo toto Yesu ho a, wɔnto Yesu baabiara. Ne nimdeɛ ne ne nyansa boro yɛn de so koraa. Ná Yesu ntɔ kyima wɔ nipadua ne adwene mu, enti na obiara ne no nsɛ. Ne nyinaa akyi no, ɔbrɛɛ ne ho ase som nkurɔfo. Ɛno nso ho asɛm wɔ Ti 10, 62, 66, 94, 116.

NYA ABOTARE

Mpɛn pii no, asomafo no ne nnipa pii ansuasua Yesu na wɔamfa nea ɔkyerɛɛ wɔn no anyɛ adwuma. Nanso bere nyinaa na ɔnya wɔn ho abotare. Ɔnyaa abotare kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ na ama wɔabɛn Yehowa. Anha no mpo sɛ nsɛm bi a waka akyerɛ wɔn dada no, ɔbɛsan aka bio. Yesu abotare ho nsɛm pii wɔ Ti 74, 98, 118, 135.