DWOM 52
Kristofo Ahosohyira
-
1. Am-pa Ye-ho-wa na ɔ-bɔɔ
Wia-se mu b’ri-bia-ra.
Ɔ-bɔɔ so-ro ne a-sa-se;
Yɛ-kam-fo ne nnwu-ma.
Wa-ma yɛa-nya n-kwa ho-me.
Wa-kye-rɛ o-bia-ra
Sɛ ɔ-no na a-ye-yi sɛ no.
Ɛ-sɛ sɛ yɛ-som no daa.
-
2. Ye-su ma wɔ-bɔɔ no a-su.
Ɔ-yɛɛ nhwɛ-so kɛ-se.
Ɔ-de too n’A-gya a-nim sɛ
Ɔ-bɛ-yɛ n’a-pɛ-de.
O-fi Yor-dan mu pue bae no,
Ɔ-de hon-hom sraa no,
Na ɔ-hyɛɛ O-nyan-ko-pɔn bɔ sɛ:
‘Wo nku-too na mɛ-som wo.’
-
3. O Ye-ho-wa yɛa-ba w’a-nim.
Yɛ-bɛ-kam-fo wo din.
Fa yɛn yɛ nea ɛ-sɔ w’a-ni.
Yɛa-pa yɛn ho a-kyi.
Wo-de wo Ba no a-ma yɛn.
Ɔ-tɔɔ yɛn a-boɔ-den.
Yɛ-ren-te-na ’se mma yɛn ho bio.
Yɛ-bɛ-ma w’a-ni a-gye.
(Hwɛ Mat. 16:24; Mar. 8:34; Luka 9:23 nso.)