Ɔbabea a Ɔsom Bo
Twe Bi:
1. Agya biara pɛ sɛ
Ɔboa ne ba.
Daakye ɔhwɛ kwan sɛ
ɔbɛbɔ bra pa.
Sɛ ohu sɛ ne ba
No renyin kama,
ɛma onya ’nigye pii.
(NNYESO)
Wo som bo paa! Woyɛ ne dɔba.
Ɔbɛdɔ wo akosi daa.
2. Ɔbɔ ne ho mmɔden—
ɛb’re nyinaa.
N’agya nso hyɛ no den,
Na ɛboa no paa.
N’anigyesɛm ne sɛ
N’agya pɛ n’asɛm.
Da biara ɔka ky’rɛ no sɛ:
(NNYESO)
“Wo som bo paa! Woyɛ me dɔba.
Me dɔfo pa, mɛdɔ wo daa.”
(BRIDGE)
Onyankopɔn se
Onim wo nnwuma
Ne ɔdɔ kɛse
a wowɔ ma no.
Enti wahyɛ bɔ
sɛ ɔbɛma wo
akatua pa.
(NNYESO)
Ababaawa, wosom bo ma no.
Ababaawa, Ɔwɔ hɔ ma wo.
Ababaawa, Ɔbɛhwɛ wo so.
Ababaawa, Ɔdɔ wo.