Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Akokoduru Na Yɛ Den

Nya Akokoduru Na Yɛ Den

Twe Bi:

  1. 1. Ɛnnɛ nso bio.

    Wasɔre ntɛm,

    Na ɔbɔ mpae sɛ:

    “Me ne me fiefo,

    Agya, yɛdɔ wo.

    Enti boa ma yɛnsom wo.”

    Sɛ nneɛma mu yɛ den mpo,

    Ɔkɔ so nya anidaso.

    Ɔbɛto saa dwom

    Dɛdɛ yi ahyɛ ne gyidi den:

    (NNYESO)

    ‘Mɛma woayɛ den.

    Enti mensuro hwee.

    Me ne wo Boafo

    Ne w’Abannennen.

    Enti nya ’kokod’ro.’

    Dwom yi ka koma.

    “Ɔbɛma woayɛ den,

    Ɔbɛma woatim daa.”

    (BRIDGE)

    Ɔbɔ ne ho mmɔden

    Yɛ adwumaden.

    Okura ne gyidi mu.

    Ne nnamfo dɔ no;

    Wɔn nyinaa ka ne ho.

    Ɛno nti, ɔremmɔ hu.

  2. 2. Nyankopɔn nti,

    Ɔrenhinhim.

    Obedi nkonim.

    Ne dadwen nyinaa

    Ogyaw ma Yehowa,

    Na ɔremma ne brɛ nyɛ kwa.

    Ɔbaatan yi brɛ dodo.

    Anɔpa kosi anadwo.

    Nanso sɛ ɔto dwom

    Dɛdɛ yi, ɛhyɛ ne gyidi den.

    (NNYESO)

    ‘Mɛma woayɛ den.

    Enti mensuro hwee.

    Me ne wo Boafo

    Ne w’Abannennen.

    Enti nya ’kokod’ro.’

    Dwom yi ka koma.

    “Ɔbɛma woayɛ den,

    Ɔbɛma woatim daa.”

    “Ɔbɛma woayɛ den,

    Ɔbɛma woatim daa.”