Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwom 152

Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ

Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ

Twe bi:

(Mmebusɛm 14:26)

  1. Onyankopɔn, yɛda w’ase paa,

    yɛwɔ anidasoɔ.

    Ɛma yenya abotɔyam,

    yenya ahotɔsoɔ.

    Nanso wiase mu haw adɔɔso,

    ɛma dadwen yɛ kɛse.

    Afei yɛn anidasoɔ no,

    etumi brɛ ase.

    (NNYESOƆ)

    Yɛn ahoɔden

    ne anidasoɔ ne wo.

    Yenni obiara te sɛ wo.

    Anigye na yɛde

    ka asɛmpa no.

    Woka yɛn ho nti yensuro.

  2. O Yehowa, ma yɛn ahoɔden,

    boa yɛn w’adwuma mu.

    Yɛde yɛn ho ahyɛ wo nsa

    wɔ yɛn haw nyinaa mu.

    Yɛboto a yehia ahoɔden,

    yɛsrɛ wo sɛ ma yɛn so.

    Boa ma yennya akokod’ro

    a yɛde bɛsom wo.

    (NNYESOƆ)

    Yɛn ahoɔden

    ne anidasoɔ ne wo.

    Yenni obiara te sɛ wo.

    Anigye na yɛde

    ka asɛmpa no.

    Woka yɛn ho nti yensuro.