Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

alashi/DigitalVision Vectors via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Saa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Saa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Ɛnnɛ, nnipa bebree tan wɔn yɔnko nnipa kwa. Enti wutie kaseɛbɔ a, sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ asefem na ebinom aka afa afoforo ho a, na ɛyɛ awurukasɛm na wɔde adi wɔn esiane ɔtanhunu nti. Ebinom nso tumi tu wɔn ani si afoforo so esiane baabi a wɔfi nti. Ɔko nso de, daa yɛte ho asɛm.

  •   “Nnansa yi, biribi a ɛrekɔ so paa wɔ sohyia midia so ne sɛ, ɔtan nti, nkurɔfo to nsɛm a ɛyɛ asefem mane afoforo. Nea akɔfa wei aba ne Israel ne Gaza ntɔkwaw no. Nnipa a ɔtanhunu adonnɔn wɔn nso hyɛ akyi na wɔresosɔ gya gu.”—The New York Times, November 15, 2023.

  •   “Efi October 7 reba no, ɔtanhunu akɔ n’anim paa. Ɔtan nti, nkurɔfo to nsɛm a ɛyɛ asefem mane afoforo, na wɔtumi mpo di wɔn bɔne. Wei yɛ biribi a apagyaw nnansa yi, na ɛhaw adwene paa.”—Dennis Francis na ɔde asɛm yi too gua November 3, 2023; ɔno ne panyin a ɔda United Nations General Assembly no ano.

 Nsɛm a ɛyɛ asefem a nkurɔfo to mane afoforo, aturutrasɛm, ne akokoakoko a ɔtanhunu akɔfa aba no, efii ase nyɛ nnɛ. Bible mpo ka sɛ tete mmere mu no, na ebinom ‘hwehwɛ nsɛm a ano yɛ yaw totow no sɛ agyan,’ na ebinom nso wɔ hɔ a, na ɔko ne aturutrasɛm yɛ wɔn dɛ. (Dwom 64:3; 120:7; 140:1) Nanso Bible ma yɛte ase sɛ, ɔtan a ɛwɔ wiase nnɛ no de, ɛkyerɛ biribi.

Ɔtan—Ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei mmere mu

 Bible ma yehu nneɛma mmienu nti a ɔtan abu so nnɛ.

  1.  1. Bible ka too hɔ sɛ bere bi bɛba a “nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Enti nnipa dodow no ara renna ɔdɔ adi, mmom wɔbenya subammɔne, na wɔbɛkeka nkurɔfo ti abom ama wɔatan wɔn ho.—2 Timoteo 3:1-5.

  2.  2. Ɔtan a agye ntini wɔ wiase nnɛ no, Satan Ɔbonsam tirimɔdenfo no na ɔhyɛ akyi. Bible ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”—1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9, 12.

 Ne nyinaa akyi no, Bible ma yehu sɛ, nneɛma a akɔfa ɔtan aba no, ɛrenkyɛ biara Onyankopɔn betu ne nyinaa ase. Ɛnyɛ ɛno nko, amanehunu a ɔtan akɔfa aba no nso, obeyi afi hɔ. Bible hyɛ yɛn bɔ sɛ:

  •   Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.