Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Mframa gyampantrudu a wɔfrɛ no Ian a atwi afa Florida, USA, September 2022 (Sean Rayford/Getty Images); mfinimfini: Ɔko nti, maame bi ne ne babarima reguan akɔbɔ wɔn ho aguaa wɔ Donetsk, Ukraine, July 2022 (Alex Chan Tsz Yuk/SOPA Images/LightRocket via Getty Images); nifa: Apɔwmuden adwumayɛfo refiri nkurɔfo wɔ Beijing, China, ahwɛ sɛ wɔanya COVID-19 anaa, wɔ April 2022 mu (Kevin Frayer/Getty Images)

MONKƆ SO NWƐN!

Afe 2022: Afe Bi Yɛ Asiane—Dɛn Na Bible Ka?

Afe 2022: Afe Bi Yɛ Asiane—Dɛn Na Bible Ka?

 Amanneɛbɔ a yɛtee wɔ afe 2022 mu no, na ɔko, sikasɛm mu ahokyere, ne atoyerɛnkyɛm na edi mu akoten. Saa nneɛma a esisii no, Bible nko ara na ɛma yehu nea ɛkyerɛ ankasa.

Nea nsɛm a esisii afe 2022 no kyerɛ ankasa

 Nsɛm a esisii afe a etwaam no boa yɛn ma yehu paa sɛ, mmere a Bible frɛ no “awiei mmere” no, ɛno ara mu na yɛte yi. (2 Timoteo 3:1) “Awiei mmere” no fii ase afe 1914. Nneɛma a Bible kaa sɛ ebesisi wɔ yɛn bere yi mu no, ɛno ara na yehu sɛ ɛresisi nnansa yi no. Wo de, hwɛ emu bi:

 “Ɔko.”Mateo 24:6.

  •   “Afe 2022 Na Ɔko Ne Ɛho Nsunsuanso Bɔne San Yii Ne Ti Wɔ Europe.” a

 Hwɛ asɛm a yɛato din “Russia Atow Ahyɛ Ukraine So.”

 “Ɔkɔm.”Mateo 24:7.

  •   “2022: Afe a Ɔkɔm Fitaa Dokoroo Ɔmanfo.” b

 “Nsanyare a edi awu.”Luka 21:11.

  •   “Polio yare no asan ayi ne ti, Monkeypox yare no nso ama ne homene so, na COVID-19 da so ara reteetee ɔmanfo. Ne nyinaa ma yehu sɛnea nsanyare tumi di awu fa, ɛne sɛnea etumi ma nnipa di amia paa.” c

 Hwɛ asɛm a yɛato din “COVID Akum Nnipa Ɔpepem Nsia.”

 “Nneɛma a ɛyɛ hu.”Luka 21:11.

  •   “Mframa a emu yɛ hyew paa, ɔpɛ a ano yɛ den, ogyahyehyew, ne nsuyiri; wei ne nneɛma a ɔmanfo de bɛkae afe 2022 ahohurubere. Wɔbɛsan akae sɛ, ɛyɛ bere a wim tebea yɛɛ basaa ma ɛkɔfaa atoyerɛnkyɛm pii bae. Saa atoyerɛnkyɛm no sɛee nneɛma bebree, ekunkum nnipa mpempem, na ɛsɛee nnipa ɔpepem pii afie wɔ wiase baabiara.” d

 Hwɛ asɛm a yɛato din “Wim a Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Baabiara No.”

 “Basabasayɛ [anaa, “sakasaka; aban so atuatew,” ase hɔ asɛm.].”Luka 21:9.

  •   “Sɛnea sikasɛm yɛɛ basaa wɔ afe 2022, na nneɛma bo kɔɔ soro ntɛmntɛm nti, ɔmanfo pii bo fuwii, na wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ akɛseakɛse tiaa aban ahorow.” e

Afe a yɛrebesi mu yi, dɛn na ebesi?

 Obiara nnim nea ebesi afe 2023. Nanso yenim sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni, anaa Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro no, bɛsesa nneɛma mu koraa wɔ asaase so. (Daniel 2:44) Saa aban no beyi nneɛma a ɛma yehu amane no nyinaa afi hɔ, na ɛbɛhwɛ ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asaase so.—Mateo 6:9, 10.

 Yɛhyɛ wo nkuran sɛ tie afotu a Yesu Kristo de mae no, na ‘kɔ so wɛn’ na hwɛ sɛnea nneɛma a ɛresisi no ma Bible nkɔmhyɛ ba mu. (Marko 13:37) Yɛsrɛ wo, wo ne yɛn nni nkitaho, na wubehu sɛnea Bible betumi aboa wo nnɛ, ɛne sɛnea ebetumi ama wo ne w’abusua anya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye.

a AP News, “2022 Was Year the Horror of War Returned to Europe,” by Jill Lawless, December 8, 2022.

b World Food Programme, “A Global Food Crises.”

c JAMA Health Forum, “Living in an Age of Pandemics—From COVID-19 to Monkeypox, Polio, and Disease X,” by Lawrence O. Gostin, JD, September 22, 2022.

d Earth.Org, “What’s Behind the Record-Breaking Extreme Weather Events of Summer 2022?” by Martina Igini, October 24, 2022.

e Carnegie Endowment for International Peace, “Economic Anger Dominated Global Protests in 2022,” by Thomas Carothers and Benjamin Feldman, December 8, 2022.