Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JenkoAtaman/stock.adobe.com

MONKƆ SO NWƐN!

Afe 2023 Yi, Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wo—Dɛn Na Bible Ka?

Afe 2023 Yi, Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wo—Dɛn Na Bible Ka?

 Afe 2023 rehyɛ ase yi, yɛn nyinaa pɛ sɛ nneɛma kɔ yiye ma yɛne yɛn mmusua. Adɛn nti na yebetumi anya anidaso sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn?

Bible ma yɛn anidaso

 Bible ka asɛmdɛ bi kyerɛ yɛn. Ɛne sɛ, ɔhaw a seesei yehyia no, ɛrenkyɛ ne nyinaa betwam. Nea ɛte ne sɛ, Bible no, “wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam . . . Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”Romafo 15:4.

Anidaso a ebetumi aboa wo nnɛ

 Anidaso a Bible ma yenya no, ebetumi ayɛ sɛ ‘sɛkyɛ ama yɛn nkwa.’ (Hebrifo 6:19, ase hɔ asɛm) Sɛnea sɛkyɛ tumi ma po so hyɛn gyina faako a mframa ntumi mmɔ no nkɔ no, saa ara na anidaso a Bible ma yenya no boa yɛn ma yetumi gyina pintinn. Ɔhaw a yɛrefam seesei no, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. Ebetumi nso aboa yɛn na yɛammotow, na yɛanya anigye daa. Ɛho nhwɛso ni:

Hyɛ w’anidaso mu den

 Nnipa pii ka sɛ da-bi da-bi ɛbɛyɛ yiye, nanso wɔnni biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔn anidaso no bɛba mu ampa. Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no de, ɛnyɛ saa na ɛte. Adɛn ntia? Efisɛ Bible bɔhyɛ no, Yehowa Nyankopɔn a hɔ ne efi, na ɔno nso de, “ontumi nni atoro.” (Tito 1:2) Yehowa nko ara ne obi a obetumi ama ne bɔhyɛ nyinaa aba mu. Ɔno na ‘nea ɛsɔ n’ani biara,’ otumi yɛ.—Dwom 135:5, 6.

 Anidaso a edi mu a ɛwɔ Bible mu no, yɛn ani begye ho paa sɛ wo nso wubenya bi. Sɛ woto wo bo ase ‘hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ a, ɛbɛboa wo ama woanya mu gyidi kɛse. (Asomafo Nnwuma 17:11) Yɛsrɛ wo, ma yɛn mu bi ne wo nsua Bible, na wubehu sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware, na wubetumi agye adi. Nya anidaso sɛ afe 2023 yi, nneɛma bɛkɔ yiye ama wo!

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.