Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

mustafahacalaki/DigitalVision Vectors via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Afiri Badwemma—Ɛyɛ Nhyira Anaa Nnome?—Dɛn Na Bible Ka?

Afiri Badwemma—Ɛyɛ Nhyira Anaa Nnome?—Dɛn Na Bible Ka?

 Nnansa yi, wiase atumfoɔ, nyansahufo, ne abɛɛfo mfiri ho animdefo aka afiri badwemma (nea wɔfrɛ no artificial intelligence anaa AI no), ne nneɛma akɛseakɛse a etumi yɛ ho nsɛm pii. Wɔgye tom sɛ, afiri badwemma so wɔ mfaso paa, nanso wɔsuro sɛ anhwɛ a nkurɔfo remfa nni dwuma yiye.

  •   “Abɛɛfo mfiri a akɔ n’anim wɔ yɛn bere so a ebetumi ama nnipa asetena atu mpɔn no, nea edi mu akoten paa baako ne Afiri Badwemma (anaa AI) . . . Bere koro no ara, afiri badwemma yi betumi ama nnipa bammɔ ho aba asɛm paa, ebetumi atiatia nnipa fahodi so, ebetumi ama kokoam nsɛm ada adi, na ebetumi asɛe ahotoso a amanfo wɔ wɔ ka-bi-ma-menka-bi amammu mu no.”—Kamala Harris, United States mampanyin abadiakyiri, May 4, 2023.

  •   “Ɛwom sɛ afiri badwemma (anaa AI) betumi ama ayarehwɛ atu mpɔn, nanso ebetumi asɛe nnipa apɔwmuden, na ɛde adwinnwen nso abɛto nnipa so.”—Efi asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ BMJ Global Health mu, May 9, 2023. Adɔktafo ne apɔwmuden ho animdefo a wɔfi aman ahorow so na ɛkyerɛwee saa asɛm no. Dɔkta a wɔfrɛ no Frederik Federspiel na ɔda wɔn ano. a

  •   “Seesei mpo, sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔma atosɛm bi tene a, wɔtumi de afiri badwemma yi (anaa AI) yɛ saa. Ɛrenkyɛ, AI betumi ama nkurɔfo adwuma afi wɔn nsa. Ebinom a wɔyɛ abɛɛfo mfiri ho adwuma suro paa sɛ, ɔhaw a afiri badwemma yi de bɛbrɛ nnipa daakye de, ɛnyɛ ebi ni.”—The New York Times, May 1, 2023.

 Sɛ nkurɔfo de afiri badwemma bɛyɛ adepa oo, sɛ wɔde bepira wɔn yɔnko nnipa oo, bere na ɛbɛkyerɛ. Dɛn na Bible ka?

Nea enti a nneɛma a nnipa ayɛ rentumi mma yennya akomatɔyam

 Bible ma yehu sɛ, abɛɛfo mfiri foforo a nnipa yɛ no, wɔrentumi nkyerɛ sɛ nkurɔfo de saa mfiri no bɛyɛ adepa bere nyinaa, na ɛma yehu nea enti a ɛte saa.

  1.  1. Sɛ adwempa mpo na obi de yɛɛ biribi a, ɔrentumi nkyerɛ nsunsuanso bɔne a daakye ebetumi afi nea wayɛ no mu aba.

    •   “Ɔkwan bi wɔ hɔ a, ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso ekowie owu mu.”—Mmebusɛm 14:12.

  2.  2. Sɛ yɛyɛ afiri anaa adwuma bi a, sɛ nkurɔfo de bɛyɛ adepa oo, sɛ wɔde bɛyɛ adebɔne oo, yenni so tumi.

    •   “Megyaw [m’adwuma] hɔ ama onipa a obedi m’akyi aba. Na hena na onim sɛ ebia ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nneɛma a mibirii me mogya ani de me nyansa pɛe wɔ wiase nyinaa no, ɔbɛfa.”—Ɔsɛnkafo 2:18, 19.

 Wei nyinaa ma yehu sɛ, ɛho hia sɛ yɛma yɛn Bɔfo no kyerɛ yɛn kwan.

Nea yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ ne mu

 Yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ, ɔremma nnipa anaa abɛɛfo mfiri a nnipa ayɛ biara nsɛe asaase anaa ɛntɔre nnipa ase.

  •   “Asaase de, ɛwɔ hɔ daa.”—Ɔsɛnkafo 1:4.

  •   “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”—Dwom 37:29.

 Yɛn Bɔfo no ama yɛn Bible no, na ɔnam so kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛanya asomdwoe ne akomatɔyam daakye. Nsɛm a Bible ka no, sɛ wopɛ sɛ wuhu pii ka ho a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?” ne “A Real Hope for a Better Tomorrow.”

a Efi asɛm a wɔato din, “Threats by Artificial Intelligence to Human Health and Human Existence” mu. Frederik Federspiel, Ruth Mitchell, Asha Asokan, Carlos Umana, ne David McCoy na wɔboom kyerɛwee.