Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Chris McGrath/Getty Images

Akokoakoko—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho?

Akokoakoko—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho?

 Akokoakoko bebree rekɔ so wɔ wiase, na akɔfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii abɛto nnipa so. Tie amanneɛbɔ a edidi so yi:

  •   “Afe a etwaa mu no, nnipa dodow a ewuwui wɔ ɔko mu no, bɛyɛ mfe 28 ni, ebi nsii saa da. Nnipa a ewuwui no, dodow no ara fi ɔko a ɛrekɔ so wɔ Ethiopia ne nea ɛrekɔ so wɔ Ukraine no.”—Peace Research Institute Oslo, June 7, 2023.

  •   “Ɛnyɛ Ukraine ko no nko ara na emu yɛɛ den wɔ afe 2022 mu. Ɔko bebree na emu yɛɛ den saa afe no. Ntɔkwaw a amanyɔsɛm akɔfa aba wiase no, afe a etwaa mu no, ɛkɔɔ n’anim ɔha mu nkyɛm 27, na nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1.7 (1.7 billion) na akɔfa nsunsuanso abrɛ wɔn.”— The Armed Conflict Location & Event Data Project (ACLED), February 8, 2023.

 Bible ma yenya anidaso. Ɛka sɛ, “ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. Wɔrensɛe saa ahenni no da.” (Daniel 2:44) Sɛ Onyankopɔn de saa Ahenni anaa saa aban no ba a, ɛbɛma ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’—Dwom 46:9.