Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

hadynyah/E+ via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Akokoakoko Ne Wim Tebea a Ɛresɛe No Ama Aduan Ho Ayɛ Den Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka?

Akokoakoko Ne Wim Tebea a Ɛresɛe No Ama Aduan Ho Ayɛ Den Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka?

 Ukraine ko no ne wim tebea a ɛresɛe no, ama aduan ho yɛ ara na ɛreyɛ den wɔ wiase baabiara. Aman a sikasɛm ho yɛ den ma wɔn no de, yɛnka koraa, efisɛ dedaadaw nyinaa ɛhɔfo brɛ ansa na wɔanya aduan adi.

  •   “Seesei nnuan a akuafo nya no, ɛso atew, na ama aduan ho ayɛ na. Nea akɔfa wei aba yɛ akokoakoko, wim tebea a ɛresɛe, pɛtro ne anyinam ahoɔden bo a ɛrekɔ soro, ne nea ɛkeka ho.”—António Guterres, ɔno ne Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin. Ɔde asɛm yi too gua July 17, 2023.

  •   “Russia ne aman bi yɛɛ apam sɛ, aduan a Ukraine man no de kɔ aman foforo so no, wɔbɛhwɛ ama akodu dwoodwoo. Nanso seesei Russia ayi ne ho afi mu. Enti sɛnea aduan ho ayɛ den wɔ wiase yi, nea Russia man no ayɛ no bɛma asɛm no asɛe koraa. Ebetumi nso ama aduan bo ayɛ den paa wɔ aman a wɔn sikasɛm nkɔ yiye no so, ɛnkanka aman a ɛwɔ North Africa ne Middle East no.”—Atalayar.com, July 23, 2023.

 Sɛnea aduan ho ayɛ den no, Bible ka ho asɛm, na ɛsan ma yehu sɛ daakye, nneɛma bɛyɛ yiye. Ma yɛnhwɛ.

Bible ka too hɔ sɛ aduan ho bɛyɛ den

  •   Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni, na ɔkɔm . . . bɛba.”Mateo 24:7.

  •   Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no, ɛka nnipa nnan bi a wɔtete apɔnkɔ so ho asɛm. Saa nnipa nnan no, baako gyina hɔ ma akokoakoko. Baako bi di n’akyi, na ɔno nso gyina hɔ ma ɔkɔm. Ɛkyerɛ sɛ bere bi bɛba a aduan ho bɛyɛ den, na nea ɛwɔ hɔ no nso bo bɛyɛ den paa. Bible ka sɛ: ‘Mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi ni; na nea ɔte no so no kura nsenia wɔ ne nsam. Na metee nnyigyei bi . . . a ɛreka sɛ: “Hwiit konko abien bo yɛ da koro akatua, na baali olonka bo yɛ da koro akatua.”’—Adiyisɛm 6:5, 6, ase hɔ asɛm.

 Bible nkɔmhyɛ a ese aduan ho bɛyɛ den no, ne nyinaa reba mu wɔ yɛn bere yi so, na Bible frɛ yɛn bere yi “awiei mmere.” (2 Timoteo 3:1) “Awiei mmere” no ne nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so a Adiyisɛm nhoma no ka wɔn ho asɛm no, wopɛ sɛ wusua ho ade kɔ akyiri a, hwɛ video a yɛato din Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa, na kenkan asɛm a yɛato din “Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Sɛnea Bible betumi aboa

  •   Wohwɛ Bible mu a, afotu pa bebree wom a ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn haw ano. Saa bere yi a aduan ho ayɛ den na ne bo kɔ soro yi nyinaa, yebenya afotusɛm wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn. Kenkan asɛm a yɛato din “How to Live on Less,” na wubehu afotusɛm no bi.

  •   Bible san ma yenya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye. Ɛka sɛ bere bi bɛba a “aduan bebu so wɔ asaase no so,” na obiara benya aduan adi amee. (Dwom 72:16) Daakye papa a yɛreka ho asɛm yi, sɛ wopɛ sɛ wusua ho ade pii na wuhu nea enti a wubetumi agye adi sɛ ɛbɛba ampa a, kenkan asɛm a yɛato din “A Real Hope for a Better Tomorrow.”