Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Comstock Images/Stockbyte via Getty Images

Amanyɔfo a Wɔnka Nokware—Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ

Amanyɔfo a Wɔnka Nokware—Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ

 Nea obiara rehwehwɛ ne aban mpanyimfo a wɔka nokware. Nanso amanyɔfo adaadaa nnipa ama seesei obiara abrɛ wɔn. Animdefo bi yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ aman pii so, na nea ekosii no, wɔde too gua afe 2023 mu. Nea wɔde too gua ne sɛ, seesei nnipa a nkurɔfo nnye wɔn nni koraa ne amanyɔfo. a

 Bible ma yehu sɛ aban bi wɔ hɔ a, ɛno de, nea ɔda ano no, ɔyɛ ɔnokwafo, na yebetumi de yɛn ho ato no so wɔ biribiara mu; kɛtɛasehyɛ ne porɔwee biara nso nni n’akwan mu. Saa aban no ne Onyankopɔn Ahenni, na Yesu Kristo na ɔda ano.—Yesaia 9:7.

 Yesu ayɛ nneɛma bebree a ɛkyerɛ sɛ odwen nnipa ho paa. (Mateo 9:35, 36) Enti daakye sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, wɔn a wɔtaa Yesu akyi nyinaa, Yesu bebu atɛntrenee ama wɔn na wama wɔanya asomdwoe.—Dwom 72:12-14.

a 2023 Edelman Trust Barometer Global Report.