Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Francesco Carta fotografo/Moment via Getty Images

Nnipa a Ankonamyɛ Redi Wɔn Nya No Adɔɔso—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nnipa a Ankonamyɛ Redi Wɔn Nya No Adɔɔso—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Nnansa yi ara, abenfo de nhwehwɛmu bi a wɔayɛ wɔ wiase baabiara a too gua. Wɔkaa sɛ wuyi nnipa nnan biara a, baako te nka sɛ wayɛ ankonam.

  •   “Woyɛ ɔpanyin oo, woyɛ abofra oo, wote he oo, obi biara betumi ate nka sɛ wayɛ ankonam.”—Chido Mpemba na ɔde asɛm yi too gua. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no asoɛe a wɔboa nnipa ma wɔne wɔn yɔnko nnipa tumi di nkitaho (anaa World Health Organization’s Commission on Social Connection) no, ɔka wɔn a wɔda ano no ho.

 Nnipa bebree wɔ adwene sɛ, wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔnni obiara na wɔtaa yɛ ankonam. Nanso nea ɛwom ne sɛ, mmerante ne mmabaa, wɔn a wɔte apɔw, wɔn a asi wɔn yiye, ne awarefo nyinaa tumi te nka sɛ wɔayɛ ankonam. Sɛ obi te nka sɛ wayɛ ankonam anaa ɔto n’ani a ɛntɔ obiara anim a, ebetumi abɔ no yare, na akɔfa adwinnwen ne kɔdaanna abɛto ne so.

  •   Dɔkta panyin bi a ɔwɔ United States a wɔfrɛ no Dr. Vivek Murthy kaa sɛ, “Yɛka sɛ obi ayɛ ankonam a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ n’ani nka. . . . Obi a wayɛ ankonam no, ɔte sɛ obi a ɔnom sigaret bɛyɛ 15 da biara. Sɛnea sigaretnom tumi kum nnipa no, saa ara na ankonamyɛ nso tumi di nnipa awu.”

Nea Bible ka

 Yɛn Bɔfo no mpɛ sɛ yɛbɛyɛ ankonam. Onyankopɔn de, efi bere a ɔbɔɔ nnipa no, nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛka akɔ ne yɔnko ho, na wɔbɔ fekuw ma wɔn ani gye; ɔmpɛ sɛ obiara bɛtew ne ho, efisɛ awerɛkyekye wɔ nnipa ho.

  •   Bible mu afotusɛm: “Nyankopɔn kae sɛ: ‘Enye sɛ ɔbarima no nko ara tena.’”—Genesis 2:18.

 Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtwe bɛn no na yɛne no fa adamfo. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ ohu sɛ yɛpɛ sɛ yɛtwe bɛn no a, ɔno nso bɛbɛn yɛn.—Yakobo 4:8.

  •   Bible mu afotusɛm: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ, efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”—Mateo 5:3.

 Onyankopɔn pɛ sɛ yɛne afoforo bom som no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛboa ma yɛn ani gye, efisɛ nnipa nua ne nnipa.

  •   Bible mu afotusɛm: “Momma obiara nnwen ne yɔnko ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa. Na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam . . . Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran.”—Hebrifo 10:24, 25.

 Ankonamyɛ de, ehia paa sɛ wobɔ mmɔden yi fi w’akwan mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka saa a, kenkan asɛm a yɛato din “Loneliness in a World of Mass Connection.”

a The Global State of Social Connections, by Meta and Gallup, 2023.