Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ismail Sen/Anadolu Agency via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Asaasewosow Akɛse Asisi Wɔ Turkey Ne Syria—Dɛn Na Bible Ka?

Asaasewosow Akɛse Asisi Wɔ Turkey Ne Syria—Dɛn Na Bible Ka?

 Dwoda, February 6, 2023 no, asaasewosow akɛse sisii wɔ Turkey ne Syria.

  •   “Dwoda no, asaasewosow akɛse sisii wɔ Turkey ne Syria atifi fam hɔ baabi. Ɛnam so maa nnipa bɛboro 3,700 hweree wɔn nkwa. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, asaasewosow no sii no, na wim ayɛ nso nwini paa. Enti wɔn a wɔn afie asɛe ne wɔn a wɔapirapira no, awɔw rekum wɔn. Awɔw no asan ama ayɛ den sɛ nkurɔfo bɛhwehwɛ wɔn a wɔnwuwui no.”—Reuters, February 6, 2023.

 Sɛ yɛte awerɛhosɛm a ɛtete sei a, ebubu yɛn koma. Nanso ɛba saa a, yebetumi de yɛn ani ato Yehowa so. Ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3) Ɔma yɛn ‘Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anidaso.’—Romafo 15:4.

 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu nea edidi so yi:

  •   Nkɔmhyɛ a ɛfa asaasewosow ho.

  •   Baabi a yebenya awerɛkyekye ne anidaso.

  •   Sɛnea Onyankopɔn beyi amanehunu nyinaa afi hɔ.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa saa nsɛm yi ho a, kenkan nsɛm a edidi so yi:

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.