Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Atutotow a Ɛkɔ So Wɔ Sukuu Mu—Dɛn Na Bible Ka?

Atutotow a Ɛkɔ So Wɔ Sukuu Mu—Dɛn Na Bible Ka?

 May 24, 2022 no, asefemsɛm bi sii wɔ kurow ketewa bi a yɛfrɛ no Uvalde, wɔ Texas, U.S.A. Atesɛm krataa a yɛfrɛ no The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, “obi twee tuo kum sukuu mmofra 19 ne atikyafo mmienu . . . wɔ sukuu bi a yɛfrɛ no Robb Elementary School.”

 Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nsɛm a ani yɛ nyan sei taa sisi paa. Atesɛm krataa bi a yɛfrɛ no USA Today de too gua sɛ, United States nko ara, “afe a etwaam no, atutotow mmaako mmaako 249 na ɛkɔɔ so wɔ sukuu ahorow mu. Efi bɛyɛ afe 1970 de besi nnɛ, afe biara nni hɔ a atutotow bebree akɔ so wɔ sukuu mu saa.”

 Adɛn nti na anyamransɛm sɛɛ sisi? Amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ a esisi no, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano? Anidaso wɔ hɔ sɛ awurukasɛm a ɛte saa befi hɔ anaa? Bible ma saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

Adɛn nti na awurukasɛm adɔɔso wɔ wiase saa?

  •    Mmere a yɛte mu yi, Bible frɛ no “awiei mmere,” na ɛka sɛ nnipa ‘rennya tema,’ na “wobedi atirimɔdensɛm,” kyerɛ sɛ, nnipa bedi awurukasɛm ne anyamransɛm. Nnipa a wɔte saa no “bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1-5, 13) Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “So Yɛte ‘Nna a Edi Akyiri’ no Mu Ankasa?

 Nnipa pii dwen ho sɛ, ‘Atutotow a ɛkɔ so wɔ sukuu ne asefemsɛm a ɛtete saa no, adɛn nti na Onyankopɔn nsiw ano?’ Wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa wei ho a, kenkan asɛm a yɛato din “Nneɛma Bɔne To Nnipa Pa—Adɛn Ntia?

Amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ a esisi no, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

  •    “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam . . . Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”—Romafo 15:4.

 Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ama woatumi atena wiase a awudisɛm ahyɛ mu ma yi mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?

 Kaseɛbɔ a emu nsɛm tu koma no, sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma na anhaw wɔn pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn.”

Bere bi bɛba a awudisɛm a ɛtete saa befi wiase anaa?

  •    “Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:14.

  •    “Wɔde wɔn mfoa bɛyɛ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi. Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.”—Mika 4:3.

 Nneɛma a nnipa ntumi nyɛ da no, Onyankopɔn bɛyɛ. N’Ahenni anaa n’aban a ɛwɔ soro no bɛsɛe nneɛma a nkurɔfo de kɔ ako anaa wɔde di nkurɔfo awu nyinaa, na ayi awudisɛm nyinaa afi wiase. Nneɛma a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ ama yɛn no, wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “‘Asomdwoe Bebu So’ Wɔ Onyankopɔn Ahenni No Mu.”