Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nkurɔfo De Atuo Rekunkum Nnipa Basaabasaa Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nkurɔfo De Atuo Rekunkum Nnipa Basaabasaa Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 July afe 2022 mu no, nkurɔfo de atuo kunkum nnipa basaabasaa wɔ wiase baabiara ama wudwen ho koraa a, wonte ase. Ebi na edidi so yi:

  •   Japan: “Kan Ɔman Soafo Panyin Shinzo Abe a wɔakum no no ama obiara a ɔwɔ ɔman no mu ayɛ basaa, na asɛm no abɔ obiara anom. Efisɛ Japan de, atuturasɛm ne awudisɛm nhyɛ da nni hɔ. Ɛno da nkyɛn a, atuo ho mmara a wɔahyehyɛ no, obi bu so na wɔso ne mu a, wɔmfa ne ho nkyɛ no.”—July 10, 2022, The Japan Times.

  •   Denmark: “Obi akɔtotow tuo akum nnipa mmiɛnsa wɔ sotɔɔ kɛse bi wɔ Copenhagen, na wei ama obiara koma atu.”—July 4, 2022, Reuters.

  •   South Africa: “Mmarima bi akɔtotow atuo wɔ baabi a nkurɔfo nom nsa wɔ Soweto abɔnten so. Ewiee ase no, nnipa 15 na wowuwui.”—July 10, 2022, The Guardian.

  •   U.S.: “Ná July 4 nnawɔtwe awiei no yɛ afoofi bere wɔ ɔman no mu. Eduu so no, nkurɔfo totow atuo basaabasaa, na nea efii mu bae ne sɛ, nnipa bɛboro 220 na ɛhweree wɔn nkwa.”—July 5, 2022, CBS News.

 Enti bere bi bɛba a, saa awudisɛm yi to betwa? Dɛn na Bible no ka?

Bere Bi Bɛba a, Awudisɛm Befi Hɔ

 Bible no ka sɛ “awiei mmere” no mu no, nnipa bedi atirimɔdensɛm, wɔbedi akakabensɛm na wɔbedi awu. Na saa bere no mu ara na yɛwɔ yi. (2 Timoteo 3:1, 3) Saa atuturasɛm ne awudisɛm no de hu abɛto nnipa bebree so. (Luka 21:11) Nanso Bible no ma yehu sɛ bere bi reba a, awudisɛm befi hɔ na nnipa “bɛtena asomdwoe tenabea, ahotɔ fie, ne kommyɛ ahomegyebea.” (Yesaia 32:18) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na awudisɛm afi hɔ?

 Onyankopɔn beyi abɔnefo afi hɔ na wasɛe akode a wɔde di awu no nyinaa.

  •   “Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asaase so.”—Mmebusɛm 2:22.

  •   ‘[Onyankopɔn] bɛma akodi agyae wɔ asaase nyinaa so. Obebubu agyan mu, na obetwitwa peaw mu asinasin; ɔde gya bɛhyew asraafo nteaseɛnam.’—Dwom 46:9.

 Nea epiapia nnipa ma wodi atuturasɛm no, Onyankopɔn betu ase na ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔapɛ asomdwoe.

  •   “Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so, efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma sɛnea nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.

  •   Seesei a yɛrekasa yi, Onyankopɔn rekyerɛkyerɛ nnipa wɔ wiase baabiara sɛ wɔnnyae atuturasɛm ne akode a wɔde di nkurɔfo nya no, mmom wɔmfa ‘wɔn mfoa nyɛ nsɔw, na wɔmfa wɔn mpeaw nyɛ kantankrankyi.’—Mika 4:3.

 Bible ahyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a, ehu a ahyɛ wiase yi mu mã no befi hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Freedom From Fear—Is It Possible?

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn beyi awudisɛm afi hɔ koraa no ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Peace on Earth at Last!