Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Rui Almeida Fotografia/Moment via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Awudisɛm a Amanyɔsɛm Kɔfa Ba—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Awudisɛm a Amanyɔsɛm Kɔfa Ba—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Nnansa yi, awudisɛm a amanyɔsɛm kɔfa ba adɔɔso paa, na ɛrekɔ so wɔ wiase baabiara.

  •   Wokɔ Mexico a, efi afe 2023 besi 2024 no, amanyɔfo a na wɔrepere sɛ ɔmanfo bɛto aba ama wɔakɔ aban mu no, wɔn mu 39 na nkurɔfo kunkum wɔn. Ebi nsii saa da. Ɛno da nkyɛn a, saa abatow bere no, basabasayɛ a ɛkɔɔ so nyɛ asɛm ketewa.

  •   Europe nso, nnansa yi amanyɔsɛm nti, awudisɛm ne ntɔkwaw ama ne homene so wɔ hɔ. May 15, 2024 sei, anka obi reyɛ akum Slovakia aban soafo panyin.

  •   Yɛkɔ United States nso a, July 13, 2024 no, ɛkaa ketewaa bi anka obi rekum kan mampanyin Donald Trump. Ɔmanfo no ho adwiriw wɔn paa.

 Adɛn nti na amanyɔsɛm nti, awudisɛm ne ntɔkwaw abu so saa? Enti ɛto betwa? Dɛn na Bible ka?

Bible ka too hɔ sɛ amanyɔsɛm bɛpaapae nnipa mu

 Mmere a yɛwom yi, Bible frɛ no “awiei mmere.” Bible ka too hɔ sɛ awiei mmere no mu no, nnipa benya subammɔne bebree a ɛbɛkɔ akɔfa ntɔkwaw ne mente-me-ho-ase aba.

  •   “Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ . . . bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, . . . wobedi atirimɔdensɛm, . . . wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso.”—2 Timoteo 3:1-4.

 Bible san kaa sɛ yɛn bere yi so no, basabasayɛ bɛkɔ so. Ebi ne sɛ, amanyɔsɛm nti ntɔkwaw-ntɔkwaw bɛkɔ so, na nkurɔfo bɛtew aban so atua. Wei yɛ biribi a ɛbɛtaa asisi. (Luka 21:9, ase hɔ asɛm) Nanso, amanyɔsɛm mu mpaapaemu ne ɛho basabasayɛ rentena hɔ daa.

Awudisɛm a amanyɔsɛm kɔfa ba befi hɔ

 Bible ma yɛte ase sɛ, Onyankopɔn wɔ aban bi wɔ soro, na ɔde bɛba abesi nnipa aban nyinaa ananmu.

  •   “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. . . . Ebebubu ahenni ahorow [a aka] yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

 Onyankopɔn Ahenni bɛka nnipa nyinaa abom, na ama asomdwoe adi hene wɔ wiase baabiara.

  •   Yesu Kristo na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene. Bible frɛ no “Asomdwoe Hene,” na ɛka sɛ ɔbɛhwɛ sɛ “asomdwoe a enni awiei bɛba.”—Yesaia 9:6, 7.

  •   Ɛnnɛ mpo, nnipa a Onyankopɔn Ahenni no di wɔn so no, Onyankopɔn rekyerɛ wɔn sɛnea wɔne nkurɔfo bɛtena asomdwoe mu. Ɛno nti Bible ka sɛ: “Wɔde wɔn mfoa bɛyɛ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi. Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:3, 4.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?” Afei hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?