Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

COVID Akum Nnipa Ɔpepem Nsia—Dɛn Na Bible Ka?

COVID Akum Nnipa Ɔpepem Nsia—Dɛn Na Bible Ka?

 Amansan Kubaatan no fã a ɛhwɛ apɔwmuden so (WHO) no bɔ amanneɛ sɛ, ɛde besi May 23, 2022 no, nnipa ɔpepem nsia, mpem ahanu aduɔson (6.27 million) na COVID-19 yare no akunkum wɔn. Ansa na wɔde saa amanneɛbɔ yi reto gua no, na wɔadi kan de ato gua wɔ May 5, 2022 sɛ, wɔhwɛ mu paa a, nnipa a wɔafa COVID ho awu no boro ɔpepem nsia koraa. Wɔkyerɛ a, efi afe 2020 besi afe 2021 no, “nnipa dodow a COVID-19 yare no ankasa akunkum wɔn, ne wɔn a yare no ho nsunsuanso ama wɔawuwu no, yɛka wɔn nyinaa bom a, . . . wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem 14, mpem ahankron (14.9 million).” Nsɛm a ɛte sei yɛ awerɛhow. Bible ka ho biribi anaa?

Bible ka too hɔ sɛ nsanyare kodiawuo bɛba

 Nkɔm a Yesu hyɛe no, ɛnnɛ aba mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ ‘Awiei Mmere’ Anaa ‘Nna a Edi Akyiri’ No Mu?

Bible kyekye yɛn werɛ

  •    ‘Awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no kyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu.’—2 Korintofo 1:3, 4.

 Nnipa a wɔahwere wɔn adɔfo no mu bebree wɔ hɔ a, Bible mu nsɛm akyekye wɔn werɛ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan nsɛm a edidi so yi: “Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ” ne “Nea Eye Sen Biara a Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu.”

Bible ma yehu nea ebetu ɔhaw no ase koraa

  •    “W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.

 Ɛrenkyɛ, sɛ “Onyankopɔn Ahenni” no ba a, ɛbɛhwɛ ama obiara anya apɔwmuden, na “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Marko 1:14, 15; Yesaia 33:24) Hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛbɛma woahu saa ahenni anaa aban a ɛwɔ soro yi ho nsɛm pii, ne nea ɛbɛyɛ ama yɛn daakye.

 Sɛ worepɛ afotu pa ne bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam a ebetumi aboa wo ne w’abusua a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua Bible.