Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Nsu a Ɛho Akɔ Atwee Wɔ Wiase Nyinaa No Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Nsu a Ɛho Akɔ Atwee Wɔ Wiase Nyinaa No Ho?

 Obiara hia nsupa na watumi atena nkwa mu. Nanso sɛnea Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres kyerɛ no, “nnipa a ehia nsu no dɔ ara na ɛredɔɔso. Wei nti ɛrenkyɛ na nsu ho akɔ atwee.” Yɛrekasa yi mpo, nnipa ɔpepepem pii na wɔnnya nsupa nnom.

Strdel/AFP via Getty Images

 Mmere bi bɛba a obiara benya nsupa a ɛbɛso no anaa? Anaa da biara nsu ho bɛkɔ atwee? Dɛn na Bible ka?

Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa nsupa ho

 Bible ka sɛ, bere bi bɛba a nsu ho renkɔ atwee bio. Nokwasɛm ne sɛ, nsupa bebu so.

 “Nsu betue sare so, na nsubɔnten asen asaase pradadaa so. Na asaase a ɛso awo bɛdan ɔtare, na asaase a akyen ayɛ nsuwansuwa.”—Yesaia 35:6, 7.

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Bible bɔhyɛ yi di? Wo de ma yɛnhwɛ ade baako a Bible ka fa sɛnea wɔbɔɔ yɛn asaase yi ho.

Nea Bible ka fa asaase ne sɛnea nsu di akɔneaba wɔ so no ho

 “[Onyankopɔn ammɔ asaase no] kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.”—Yesaia 45:18.

 Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ asaase sɛ nnipa ne abɔde foforo a nkwa wom ntena so nti, ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛbɛma nsupa abu so wɔ asaase so.

 “[Onyankopɔn twe] nsu a ɛsosɔ kɔ soro; ɔma ɛdan ɛbɔ, na ɛdan bɛyɛ osu a ɛtɔ; afei omununkum hwie osu no gu fam; na ɛtɔ gu nnipa so.”—Hiob 36:27, 28.

 Kyerɛwsɛm yi de asɛm tiatiaa kyerɛ sɛnea Onyankopɔn ayɛ asaase no wɔ kwan bi so a ɛno ara tumi sɔn nsu so yi mu fĩ, ne sɛnea ɛma yɛn nsa ka nsupa a yehia. Sɛ awia bɔ a, ɛtwe nsu fi asaase so ne ɛpo mu kɔ soro, na ɛdan ɛbɔ. Afei ɛbɔ no dan bɛyɛ nsu, na ɛtɔ gu asaase so. Wei nti, bere nyinaa nnipa ne mmoa nya nsupa a wɔhia.—Ɔsɛnkafo 1:7; Amos 5:8.

 “Mɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, na asaase no bɛma ne nnɔbae, na wuram nnua asow aba pii.”—Leviticus 26:4.

 Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ, obehyira tete Israelfo a na wɔyɛ akuafo no. Ɔkaa sɛ, ɔbɛtɔ nsu afi soro ama wɔn daa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nnɔbae bɛso dɔsɔɔ. Onim sɛ, sɛ nnɔbae bɛso ama yɛanya bi adi a, ehia sɛ nsu tɔ wɔ ne bere mu.

 Nea Onyankopɔn yɛ maa tete Israelfo no, ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ saa ara ama asaase sofo nyinaa. (Yesaia 30:23) Nanso saa bere yi de, mmeae pii wɔ wiase a, nsu ho kɔ ara na ɛrekɔ atwee. Dɛn bio na Bible aka a ɛma yehu sɛ nsu a ɛho akɔ atwee nnɛ no, ɛto betwa?

Nea ɛremma nsu ho nkɔ atwee bio

 Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni so beyi asaase so haw afi hɔ; nsu a ɛho akɔ atwee nnɛ no nso ka ho. (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro a ebedi asaase so. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15) Bio nso, Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nea nnipa aban rentumi nyɛ. Ɛne sɛ, nneɛma a ɛma nsu ho kɔ atwee no, ebeyi afi hɔ.

 Ɔhaw no: Wim tebea a ɛresɛe no ama sɛnea nsu di akɔneaba no ayɛ basaa. Ɔhaw a akɔfa aba no bi ne ɔpɛ fitaa, ne nsuyiri akɛse. Nea ɛde nsuyiri akɛse yi ba ne nsubrane a ɛtɔ, ne ɛpo a eyiri tra hye.

 Ano aduru: Onyankopɔn Ahenni bɛsa asaase no yare ama asan afa ne ntama pa afura. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Nsupa bebu so wɔ asaase a ɛso awo so, na baabi a ɛnnɛ nnipa, mmoa, ne afifide ntumi ntena no, saa bere no wɔbɛyɛ hɔ ma. (Yesaia 41:17-20) Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo di so no bɛhwɛ ama nsu atɔ bere a ɛsɛ mu, na mframa gyampantrudu, asaasewosow, ne nea ɛkeka ho rensi bio.

 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔmaa ahum kɛse bi a ɛretu gyaee. Ná wei yɛ tumi a Onyankopɔn de ama no no ho mpopoe kɛkɛ. (Marko 4:39, 41) Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so hene no bɛma atoyerɛnkyɛm agyae koraa. Nnipa ho bɛtɔ wɔn, na wɔn asom adwo wɔn a wɔrensuro atoyerɛnkyɛm biara.

 Ɔhaw no: Nnipa a hwee mfa wɔn ho ne nnwumakuw a wɔn ani bere ade sɛe nsubɔnten, nsutare, ne nsu a ɛwɔ asaase ase, na wei nso ma nsupa ho kɔ atwee.

 Ano aduru: Onyankopɔn besiesie asaase no ama ɛso atew nwann, na ɔbɛma nsubɔnten, nsutare, ɛpo, ne dɔte asi ne dedaw mu. Asaase bɛdan paradise. Sɛnea asaase bɛyɛ no, Bible de anwensɛm kyerɛ mu sɛ: “Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye, na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

 Wɔn a wɔnnwen asaase ne wɔn yɔnko nnipa ho no, dɛn na ɛbɛto wɔn? Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’—Adiyisɛm 11:18; Mmebusɛm 2:21, 22.

 Ɔhaw no: Nnipa resɛe nsu, enti nsupa a yɛn nsa ka no, ɛnso yɛn.

 Ano aduru: Ahenni no remma nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya apɛde nyɛ hɔ. Mmom, ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ‘ayɛ hɔ wɔ asaase so.’ (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni bɛma nnipa a edi wɔn so no ntetee a ɛkyɛn ntetee biara. Yesaia 11:9 ka sɛ: “Yehowa a ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma sɛnea nsu kata po so no.” Sɛ nnipa nya saa nimdeɛ a edi mu yi, na yenya ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn ne n’abɔde nyinaa a, ɛbɛma yɛahwɛ yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi ne ɛso nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no so yiye.

  •    Nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ daakye no, sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

  •    Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea asaase yi bɛdan paradise a, kenkan Yesaia nhoma a ɛwɔ Bible mu no, ti 35.

  •    Wopɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama asaase ne nnipa a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asaase?

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Kenkan asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?