Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

sinceLF/E+ via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Temanmufo—Hena Na Ɛbɛbɔ Wɔn Ho Ban?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Temanmufo—Hena Na Ɛbɛbɔ Wɔn Ho Ban?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Tie amanneɛbɔ bi a Amanaman Nkabom no de ato gua:

  •   Efi October 7 besi October 23, 2023 no, Gaza ne Israel ntɔkwaw no ama nnipa bɛboro 6,400 ahwere wɔn nkwa, na 15,200 nso na apirapira. Nnipa a yɛreka wɔn ho asɛm yi, dodow no ara yɛ temanmufo. Nnipa mpempem pii nso na ntɔkwaw no nti wɔaguan afi wɔn fie.

  •   Russia ne Ukraine ntɔkwaw no, ɛde besi September 24, 2023 no, na temanmufo bɛboro 9,701 na afa ho awu wɔ Ukraine; wɔn a wɔapirapira nso ano si 17,748.

 Wɔn a akokoakoko ama wɔredi amia no, anidaso bɛn na Bible de ma wɔn?

Akyea na emmui; anidaso wɔ hɔ

 Bible aka ato hɔ sɛ Onyankopɔn bɛma ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’ (Dwom 46:9) Ɔde ahenni anaa aban bi befi soro aba, na ɛbɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa. Afei, Onyankopɔn Ahenni no na ebedi nnipa so. (Daniel 2:44) Saa Ahenni no bɛma yɛn kɔn mu adwo yɛn.

 Onyankopɔn Ahenni no, Yesu Kristo na ɔyɛ so hene, na hwɛ nneɛma a ɔbɛyɛ ama yɛn no bi:

  •   “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo nkwa. Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.

 Abɛbrɛsɛ ne abenedi a akokoakoko ne awudisɛm kɔfa ba no, Onyankopɔn de n’Ahenni no beyi ne nyinaa afi hɔ koraa.

  •   “Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.

 Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni no bɛba abɛsesa wiase koraa ama yɛn ho atɔ yɛn. “Ɔko, ne ɔko ho nsɛm” a abu so nnɛ no, Bible kaa ho asɛm too hɔ. (Mateo 24:6) Akokoakoko ne nneɛma foforo a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no kyerɛ sɛ, yɛte “awiei mmere no mu,” na ɛrenkyɛ, nnipa amammuo nyinaa befi hɔ.—2 Timoteo 3:1.