Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

YURI LASHOV/AFP via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Kristofo Betumi De Wɔn Ho Ahyɛ Ɔko Mu Anaa Wɔataa Ɔfã Bi Akyi Anaa? Dɛn Na Bible Ka?

Kristofo Betumi De Wɔn Ho Ahyɛ Ɔko Mu Anaa Wɔataa Ɔfã Bi Akyi Anaa? Dɛn Na Bible Ka?

 Ɔko a ɛrekɔ so wɔ Ukraine no ama ada adi sɛ, asɔfo mpanyimfo no mu bebree hyɛ nkurɔfo kutupa sɛ wɔmfa wɔn ho nnyigye ɔko a ɛrekɔ so no mu. Wo de, hwɛ nsɛm bi a asɔfo no bi kaee anaa nneɛma bi a wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔtaa ɔfã bi akyi:

  •   Ɔsɔfo Panyin a ɔda Ukraine Ortodɔks Asɔre no ano wɔ Kyiv a ne din de Epiphanius I no kaa sɛ, “Asogyafo a wɔreko abɔ Ukrainefo ho ban no, yɛbɔ wɔn aba so paa na wɔfata nkamfo ne anuonyam . . . Wɔda yɛn koma so, na yɛbɔ mpae ma wɔn; yɛtaa wɔn akyi denneennen.”—The Jerusalem Post, March 16, 2022.

  •   “Ɔsɔfo Panyin a ɔda Russia Ortodɔks Asɔre no ano no yɛɛ asɔre maa Russia asogyafo no Kwasida. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, anammɔn a Russiafo atu a wɔreko tia Ukraine no, wɔnhyɛ mu kena; wɔnyere wɔn ho nko mma wɔn man sɛ ‘Russiafo amapa.’”—Reuters, April 3, 2022.

 Sɛ obi yɛ Kristoni a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho gyigye akodi mu anaa? Dɛn na Bible no ka?

Dɛn paa na Bible no ka

 Bible no ma yehu no pefee sɛ wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo no, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ akodi mu.

  •   “San fa wo sekan no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bewu sekan ano.”—Mateo 26:52.

     Sɛ ɔko bi rekɔ so na obi de ne ho gye mu anaa ɔtaa akyi a, wohwɛ a yebetumi aka sɛ ɔde Yesu nsɛm yi reyɛ adwuma?

  •   “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

     Sɛ ɔko bi rekɔ so na obi taa ɔfa bi akyi a, wohwɛ a ɔdɔ a Yesu kaa sɛ ɛbɛma nkurɔfo ahu n’asuafo no, saa ɔdɔ no bi na ɔreda no adi anaa?

 Sɛ worepɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Is War Compatible With Christianity?

Sɛ ɔko bi si a, sɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade?

 Ɛnnɛ sɛ ɔko rekɔ so a, Kristoni bi betumi ayi ne ho afi mu aka sɛ ɔno de ɔremfa ne ho nnyigye mu anaa? Aane. Efisɛ Bible no ka too hɔ sɛ “awiei mmere” no mu no, nnipa bi a wofi aman nyinaa mu de Yesu nkyerɛkyerɛ bɛbɔ wɔn bra na “wɔrensua akodi bio.” Saa bere no ara mu na yɛte yi.—Yesaia 2:2, 4, ase hɔ asɛm.

 Ɛrenkyɛ, Yehowa a ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn a no begye nnipa afi “afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.” Ɔnam n’aban a ɛwɔ soro no so na ɛbɛyɛ saa.—Filipifo 4:9; Dwom 72:14.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.