Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nnipa Bebrebe a Nasi Aban No Kunkum Wɔn No, Yehowa Adansefo Hu No Sɛn?—Dɛn Na Bible Ka?

Nnipa Bebrebe a Nasi Aban No Kunkum Wɔn No, Yehowa Adansefo Hu No Sɛn?—Dɛn Na Bible Ka?

 Wɔayi da bi asi hɔ a afe biara wɔde kae nnipa bebrebe a Nasi aban no kunkum wɔn no. Wɔfrɛ saa da no International Holocaust Remembrance Day. Enti edu January 27, 2023 a, nnipa bebree bɛkae. Wohwɛ awurukasɛm a ɛkɔɔ so bɛboro mfe 75 a atwam ni no a, anhwɛ a wubebisa sɛ, ‘Adɛn nti koraa na Onyankopɔn maa kwan maa Nasi aban no kunkum nnipa bebree saa?’

 Nnipa a wɔhuu amane wɔ Nasi aban no nsa ano no, Yudafo paa na na wɔdɔɔso. Aban no hyɛɛ da tenaa ase pɛɛ kwan bi de kunkum nnipa ɔpepem pii. Ɛnyɛ Yudafo nko ara na Nasi aban no tuu n’ani sii wɔn so tan wɔn ani kunkum wɔn. Ná nnipa afoforo ka ho. Ebi ne Yehowa Adansefo. Nasi aban no tan wɔn ani esiane wɔn gyidi a egyina Bible so no nti.

“Daakye ne anidaso”

 Nnipa bebree suro sɛ anhwɛ a nea ɛkɔɔ so wɔ Nasi aban no bere so no bɛsan asi bio. Anigyesɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ bere bi bɛba a awurukasɛm a ɛte saa nyinaa rensi bio. Ɛka sɛ:

  •   “Na me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu; ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.’”—Yeremia 29:11. a

 Sɛ Yehowa Nyankopɔn yi bɔne ne ɔhaw a bɔne akɔfa aba no nyinaa fi hɔ a, saa bere no na saa anidaso no bɛbam. Ɛrenkyɛ koraa:

  •   Wɔn a wɔhyɛ da di nkurɔfo bɔne no, obeyi wɔn afi hɔ.—Mmebusɛm 2:22.

  •   Wɔn a wɔahu amane no nyinaa, ɔbɛma wɔn ho atɔ wɔn.—Adiyisɛm 21:4.

  •   Wɔn a wɔawuwu no, ɔbɛsan anyan wɔn ama wɔabɛtena asaase so.—Yohane 5:28, 29.

 Anidaso a ɛkyekye yɛn werɛ a ɛwɔ Bible mu no, yebetumi de yɛn ho ato so ama ayɛ yiye. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka saa a, yɛsrɛ wo ma obi ne wo mmesua Bible a worentua hwee.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.