Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim

Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim

 Yare bi a emu yɛ den abɔ wo mpofirim anaa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wunim sɛnea yare tumi twe obi mu. Etumi ma w’adwene tu fra, egyaw wo adwinnwen, na ɛtwe wo ho sika pii. Ɛdɛn na ebetumi aboa wo na woanhaahae pii? Sɛ wowɔ busuani anaa adamfo bi a yare abɔ no a, ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa no? Ɛwom, Bible nyɛ ayaresa nhoma. Nanso afotu pa bebree wom a ebetumi aboa wo na yare no ho nsɛmnsɛm anhyɛ wo so pii.

Nea ɛbɛboa wo ama woako yare

  •   Hwehwɛ ayaresa

     Nea Bible aka: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”—Mateo 9:12.

     Sɛnea wode afotu no bɛyɛ adwuma: Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ wukohu ayaresafo ma wɔboa wo a, yɛ saa.

     Sɔ wei hwɛ: Hwehwɛ ayaresafo a wɔnim adwuma paa ma wɔmmoa wo. Sɛ wo dɔkta ka biribi a, ɛtɔ da a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubehu adɔktafo anaa ayaresafo foforo na wutie wɔn nso adwenkyerɛ. (Mmebusɛm 14:15) Sɛ wukohu ayaresafo a, kyerɛkyerɛ wo nsɛm mu yiye kyerɛ wɔn. Nea wɔbɛka akyerɛ wo biara no, hwɛ sɛ woate ase yiye. Wo nso, nea ɛreyɛ wo no, hwɛ sɛ woakyerɛkyerɛ mu ama ayaresafo no ate ase yiye. (Mmebusɛm 15:22) Yare a abɔ wo no, sua ho ade, na akwan a wɔfa so sa saa yare no nso, bɔ mmɔden sɛ wubehu ne nyinaa. Sɛ wuhu akwan a wɔbetumi afa so asa wo yare ne nea ebetumi afi mu aba a, ɛbɛboa wo na annyaw wo adwinnwen pii, na ɛbɛma woatumi asisi gyinae pa.

  •   Yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya apɔwmuden

     Nea Bible aka: “Apɔwmutenetene yɛ ma wo nipadua.”—1 Timoteo 4:8, Contemporary English Version.

     Sɛnea wode afotu no bɛyɛ adwuma: Sɛ woyɛ nneɛma a ɛbɛma woanya apɔwmuden, te sɛ w’apɔw mu a wobɛtenetene daa a, ɛbɛboa wo.

     Sɔ wei hwɛ: Yɛ nhyehyɛe a wode bɛtenetene w’apɔw mu, na di so. Di aduan a ahoɔden wom, na hwɛ sɛ wobɛda yiye. Ɛwom sɛ yare a abɔ wo no nti, ebehia sɛ wunya bere na woyere wo ho yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya apɔwmuden de, nanso abenfo kyerɛ sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo. Mmom, hwɛ sɛ biribiara a wobɛyɛ no, ɛbɛyɛ nea ɛbɛboa w’apɔwmuden, na ɛnyɛ nea ɛbɛsɛe no. Nyɛ biribiara a ɛbɛkɔ atia ayaresa a woregye no.

  •   Hwehwɛ mmoa fi afoforo hɔ

     Nea Bible aka: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

     Sɛnea wode afotu no bɛyɛ adwuma: Amanehunu a worefa mu no, wo nnamfo betumi aboa wo ama woafa mu.

     Sɔ wei hwɛ: Wo ne w’adamfo a wugye no di a wubetumi ayi wo yam aka w’asɛm akyerɛ no mmɔ nea worefa mu no ho nkɔmmɔ. Woyɛ saa a, ebetumi aboa wo, na yare no ho adwinnwen anhyɛ wo so pii amma woanteetee. Ebia wo nnamfo ne w’abusuafo pɛ sɛ wɔboa wo, nanso wɔnhu nea wɔnyɛ. Enti nea wopɛ sɛ wɔyɛ boa wo no, ma wɔnhu no pefee. Nhwehwɛ nneɛma pii mfi wɔn hɔ, na nea wɔbɛyɛ de aboa wo biara, ma wɔnhu sɛ w’ani sɔ. Ne nyinaa mu no, kae sɛ, ɛwom sɛ wo nnamfo pɛ sɛ wɔboa wo, nanso ɛtɔ da a wɔbetumi ayɛ nneɛma bi a ɛremmoa wo. Enti ɛho behia sɛ wode wo nan si fam wɔ nneɛma bi ho. Ebi ne mpɛn dodow a wɔbetumi abɛsra wo, ne bere tenten a wɔba a ɛsɛ sɛ wɔdi.

  •   Kɔ so nya adwempa

     Nea Bible aka: “Anigye koma yɛ aduru papa; na honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.”—Mmebusɛm 17:22.

     Sɛnea wode afotu no bɛyɛ adwuma: Sɛ wunya adwempa ne anidaso a, ebetumi aboa wo ama woaka wo koma ato wo yam, na yare a ɛreteetee wo no ho adwinnwen anhyɛ wo so pii.

     Sɔ wei hwɛ: Bere a woresua sɛ wo ne yare a abɔ wo no bɛtena no, fa w’adwene si nneɛma a wubetumi ayɛ so, na mfa w’adwene nkɔ nneɛma a worentumi nyɛ so. Mfa wo ho ntoto afoforo ho, anaa mfa w’adwene nkɔ nneɛma bi a na wutumi yɛ ansa na yare no rebɔ wo no so. (Galatifo 6:4) Sɛ wode botae a wubetumi adu ho sisi w’anim a, ɛbɛboa wo ama woakɔ so anya adwempa. (Mmebusɛm 24:10) Yɛ nneɛma ma afoforo sɛnea w’ahoɔden betumi. Sɛ woyɛ nneɛma ma afoforo a, w’ani begye, na ɛremma womfa w’adwene nsi yare a abɔ wo no so pii.—Asomafo Nnwuma 20:35.

Onyankopɔn bɛboa wo ama woako yare a abɔ wo no anaa?

 Bible ma yehu sɛ, sɛ yare bɔ obi a, Yehowa Nyankopɔn a betumi aboa no ama wako. Ɛwom, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛfa anwanwakwan so asa yɛn yare, nanso sɛ wɔn a wɔsom no no bi yare a, obetumi afa nea edidi so yi bi so aboa no:

 Asomdwoe. Yehowa betumi ama n’asomfo anya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ obi nya saa asomdwoe anaa abotɔyam yi a, ebetumi aboa no na dadwen anhyɛ no so. Nkurɔfo a wɔbɔ Onyankopɔn mpae na wɔka nea ɛhaw wɔn nyinaa kyerɛ no no, wɔn na ɔma wɔnya saa asomdwoe yi.—1 Petro 5:7.

 Nyansa. Yehowa betumi ama yɛn nyansa ama yɛde asisi gyinae pa. (Yakobo 1:5) Sɛ obi benya saa nyansa no bi a, gye sɛ afotusɛm a ɛwɔ Bible mu a entwam da no, osua na ɔde yɛ adwuma.

 Daakye ho anidaso a ɛhyɛ nkuran. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, mmere bi bɛba a “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) Nnipa pii a yare a emu yɛ den paa abɔ wɔn mpo, saa anidaso yi tumi boa wɔn ma wɔnya adwempa.—Yeremia 29:11, 12.

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.