Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Adamfo Na Woanyɛ Ankonam—Bible Betumi Aboa Wo

Fa Adamfo Na Woanyɛ Ankonam—Bible Betumi Aboa Wo

 Afe 2023 no, adɔkotafo behui sɛ, sɛnea ankonamyɛ redi nnipa nya no, ayɛ hu. Enti ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yɛ ho biribi ntɛm. Nanso wohwɛ a, saa ɔko yi, yebetumi adi nkonim?

  •   Dɔkta panyin bi a ɔwɔ United States a wɔfrɛ no Dr. Vivek Murthy kaa sɛ: “Sɛ obi te nka sɛ wayɛ ankonam anaa ɔto n’ani a ɛntɔ obiara anim a, ebetumi akɔfa yare kɛse abɛto ne so, na anigye a ɔwɔ betumi atu ayera.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Saa ɔhaw yi, yebetumi ayɛ ho biribi ama ayɛ yiye.” Dɛn na yebetumi ayɛ? Dɔkta panyin no kyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ ade kɛse biara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ; ɛno ara ne sɛ yɛn nnamfo a yɛwɔ no, yɛbɛtwe abɛn wɔn yiye.” a

 Ebinom wɔ hɔ a, nea ama wɔayɛ ankonam ne sɛ wɔn nko ara na ɛte anaa wɔnni obiara. Obi nso wɔ hɔ a, nnipa gu ne ho bebree, nanso wayɛ ankonam. Sɛnea ɛte biara, sɛ yɛayɛ ankonam a, Bible betumi aboa yɛn. Afotu bebree wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛatwe abɛn nnipa na yɛanyɛ ankonam.

Bible mu afotu a ebetumi aboa

 Sua sɛnea yɛbɔ nkɔmmɔ. Sɛ wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ a ka wo koma mu asɛm. Nanso nnye nkɔmmɔ no mmɔ so; ɔno nso rekasa a, yɛ dinn tie no. Sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho a, mo ntam bɛyɛ kama.

  •   Bible mu afotusɛm: “Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.”—Filipifo 2:4.

 Fa obiara bi adamfo. Ɛnyɛ w’atipɛnfo nko ara na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo. Wɔn a anyin kyɛn wo ne wɔn a woanyin kyɛn wɔn, wɔn a wɔfi ɔman foforo so ne wɔn a ɛsono wɔn kasa nyinaa, wubetumi afa wɔn nnamfo.

 Sɛ worepɛ afotusɛm a ɛbɛboa ama wo ne afoforo afa adamfo yiye a, kenkan asɛm a yɛato din “Satisfying Our Hunger for Friendship.”

a Our Epidemic of Loneliness and Isolation: The U.S. Surgeon General’s Advisory on the Healing Effects of Social Connection and Community, 2023.