Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

kovop58/stock.adobe.com

MONKƆ SO NWƐN!

Olimpik Akansi No, Ebetumi Aka Nnipa Abom Paa Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Olimpik Akansi No, Ebetumi Aka Nnipa Abom Paa Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Afe 2024 Olimpik Akansi no, nnipa bɛyɛ ɔpepepem nnum na ɛbɛhwɛ bi, na wɔn a wɔbesi akan no fi aman 206 so. Thomas Bach na ɔda Wiase Nyinaa Boayikuw a Ɛhwɛ Olimpik Akansi So no ano. Ɔkaa sɛ: “Olimpik Akansi yi bɛka wiase mu nnipa nyinaa abom ama yɛanya asomdwoe.” Ɔka kaa ho sɛ, “Ɛwom sɛ ɛsono yɛn mu biara, nanso Olimpik Akansi yi botae ne sɛ ɛbɛma nnipa nyinaa ayɛ baako na yɛatena ase asomdwoe mu. Wei nti, momma yɛn nyinaa mfa yɛn ho nnye mu mma ɛnkɔ yiye.”

 Asomdwoe ne nkabom yɛ adepa. Nanso ɛyɛ ampa sɛ Olimpik Akansi no betumi ama yɛanya asomdwoe ne nkabom anaa? Bere bi bɛba a yebenya asomdwoe ne nkabom ankasa anaa?

Ɛno na ɛde asomdwoe ne nkabom bɛba anaa?

 Olimpik Akansi a ɛrekɔ so afe yi no, ɛnyɛ akansi kɛkɛ. Akɔfa abrabɔ ne amanyɔsɛm mu wontwiwontwi a ɛde mpaapaemu ba mmom na aba. Wontwiwontwi no, ebi ne nnipa fahodi ho nsɛmnsɛm, nnipa mu nyiyimu, kyerɛ sɛ, me ne wo mfi faako, yɛnka kasa baako, ɛsono wo som na ɛsono me som, ɛne adwene a ebinom nso wɔ sɛ wɔkyɛn afoforo.

 Sɛ aman ahorow bom si akan te sɛ Olimpik Akansi no a, ɛma nkurɔfo ani gye. Nanso, suban ne nneyɛe a ɛde mpaapaemu ba no, eyi ne ti wɔ akansi no ase. Enti sɛ yɛbɛka paa a, ɛnyɛ asomdwoe ne baakoyɛ ankasa na akansi no de ba, na mmom mpaapaemu.

 Bible bobɔɔ suban ahorow bi a nnipa bɛda no adi nnɛ. Saa suban ahorow no ama ayɛ den paa sɛ nnipa bɛyɛ baako. (2 Timoteo 3:1-5) Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible nkɔmhyɛ yi ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “So Yɛte ‘Nna a Edi Akyiri’ no Mu Ankasa?

Yebetumi anya asomdwoe ne nkabom ankasa wɔ wiase

 Bible ma yenya anidaso a edi mu sɛ daakye asomdwoe ne nkabom bɛba wiase. Bible ahyɛ bɔ sɛ, aban bi a yɛfrɛ no “Onyankopɔn Ahenni” befi soro adi nnipa so wɔ asaase so, na ɛbɛma nnipa nyinaa ayɛ baako.—Luka 4:43; Mateo 6:10.

 Yesu Kristo na ɔyɛ saa Ahenni no so Hene. Ɔbɛma asomdwoe aba wiase baabiara. Bible ka sɛ:

  •   “Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na asomdwoe pii bɛba.”—Dwom 72:7.

  •   “Obegye ohiani a osu frɛ no . . . Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12, 14.

 Ɛnnɛ mpo, Yesu nkyerɛkyerɛ aka nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ nsaase 239 so abom. Yehowa Adansefo, yɛyɛ Kristofo, enti wiase baabiara a yɛwɔ no, yɛasua sɛ yɛne nkurɔfo bɛtena asomdwoe mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea aboa yɛn saa a, kenkan Ɔwɛn-Aban a yɛato din “Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim.”