Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wɔyɛ Mum No, Onyankopɔn Boa Wɔn—Ɔyɛ No Sɛn?

Wɔn a Wɔyɛ Mum No, Onyankopɔn Boa Wɔn—Ɔyɛ No Sɛn?

 Ɛnnɛ, nnipa a wɔyɛ mum a wɔwɔ wiase no, wɔn dodow nenam ɔpepem 70. Mum kasa bɛboro 200 na ɛwɔ hɔ, na wɔn a wɔyɛ mum no, wɔn mu bebree de emu baako anaa nea ɛboro saa na edi nkitaho. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, mpɛn pii no, sɛ obi yɛ mum a, nkurɔfo mfa no nyɛ hwee. Wo de, hwɛ amanneɛbɔ a edidi so yi:

  •   “Wokɔ wiase baabiara a, wɔn a wɔyɛ mum ne wɔn a wɔn asom yɛ den no, nkurɔfo taa tiatia wɔn fahodi so.”—National Association of the Deaf (U.S.).

  •   “Wiase nyinaa, sɛ yɛreka wɔn a wɔdi hia buruburoo, wɔn a ohia fitaa adokoro wɔn a, ɛyɛ mumfo a ɛte aman a wɔn sikasɛm nkɔ yiye so no. Wɔntaa mfa wɔn nkɔ sukuu, wɔntaa nnya adwuma nyɛ, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte nsɛm a ɛrekɔ so.”—World Federation of the Deaf.

 Sɛ obi yɛ mum a, Onyankopɔn hu no sɛn? Dɛn na Bible ka fa wɔn a wɔyɛ mum ho? Na dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ de aboa wɔn nnɛ?

Sɛ obi yɛ mum a, Onyankopɔn hu no sɛn?

 Bible ma yɛte ase sɛ wɔn a wɔyɛ mum no, Yehowa a Nyankopɔn dwen wɔn ho; ɔmpɛ sɛ obiara sisi wɔn. Afei nso, nneɛma a ɔde kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa no, ɔpɛ sɛ wɔn nso wɔsua bi.

 Kyerɛwsɛm: “Nnome obi a n’aso asiw.”—Leviticus 19:14.

 Nea Ɛkyerɛ: Mmara a Yehowa de maa tete Israelfo no, ɛbɔɔ wɔn a wɔyɛ mum no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentiatia wɔn fahodi so.

 Kyerɛwsɛm: “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.”—Asomafo Nnwuma 10:34.

 Nea Ɛkyerɛ: Yehowa de, sɛ wufi he oo, wote sɛn oo, woka kasa bɛn oo, odwen obiara ho; wɔn a wɔyɛ mum nso ka ho bi.

 Kyerɛwsɛm: “Yesu kokyinkyin . . . kaa Ahenni no ho asɛmpa.”—Mateo 9:35.

 Nea Ɛkyerɛ: Yesu baa asaase so no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na ɔkyerɛɛ nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ nnipa nyinaa, a wɔn a wɔyɛ mum nso ka ho.—Mateo 6:10.

 Kyerɛwsɛm: Yesu ‘maa asotifo mpo tee asɛm, na mum kasae.’—Marko 7:37.

 Nea Ɛkyerɛ: Nea Yesu yɛe yi, na ɔde rekyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, wɔn a wɔyɛ mum bɛte asɛm, na wɔatumi nso akasa. Ansa na Yesu resa ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye yare no, ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, ɛnna ɔde ne nsa kaa ne tɛkrɛma. Yesu yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbarima no behu nea ɔrebɛyɛ ama no.—Marko 7:31-35.

 Kyerɛwsɛm: ‘Wɔn a wɔn aso asiw aso bɛte asɛm.’—Yesaia 35:5.

 Nea Ɛkyerɛ: Yehowa ahyɛ nkɔm sɛ wɔn a wɔyɛ mum bɛte asɛm, na wɔatumi akasa.—Yesaia 29:18.

Dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ de aboa wɔn nnɛ?

 Anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, Yehowa Adansefo ka ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔyɛ mum ne wɔn a wɔn aso asiw a wɔwɔ wiase nyinaa. Yɛyɛ no sɛn? Yɛyɛ Bible ne Bible adesua ho video wɔ mum kasa 100 ne akyi mu. Yɛne mumfo sua Bible wɔ mum kasa mu, na Kristofo nhyiam a yɛyɛ no nso, yɛyɛ bi wɔ mum kasa mu. Obiara a obebue ne komam sɛ Onyankopɔn mmoa no no, yɛyɛ weinom nyinaa ma no kwa; yennye sika biara. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.

 Bible ne video a yɛayɛ ama wɔn a wɔyɛ mum no, ne nyinaa wɔ Intanɛt so. Wubetumi atwe bi agu wo fon, wo tablɛt, anaa wo kɔmputa so. Nanso ɛhe na wubenya no?

 JW.ORG. Wubue jw.org a, baabiara a wobɛkɔ wɔ wɛbsaet hɔ no, wubehu kasa ahyɛnsode bi wɔ soro hɔ. Woklike so a, wubenya mum kasa a wopɛ biara wɔ hɔ.

 JW Library Sign Language app. Wubetumi atwe app yi bi ato w’afiri so; worentua hwee. Wubue app no a, wubenya video bebree wɔ mum kasa mu. Wubetumi ahwɛ bi, wopɛ nso a wubetumi atwe bi.

Nneɛma Bɛn Na Yɛayɛ a Ɛboa Mumfo Ma Wɔsua Bible?

 Bible a yɛayɛ no mum kasa mu. Mumfo Bible a edii kan baa wiase no, ɛno ne Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a ɛwɔ Amerika Mum Kasa mu no. Seesei Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no, yɛakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ mum kasa bebree mu, na afe biara yɛkyerɛ bi ase ka ho. (Wopɛ sɛ wuhu kasa a yɛreka ho asɛm yi anaa, anaasɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea mumfo Bible no te? Ɛnde hwɛ adaka a yɛato din  Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a Yɛayɛ No Mum Kasa Mu.”)

  •   Sɛ yɛrekyerɛ Bible ase akɔ mum kasa mu a, adwuma bɛn na ɛkɔ mu? Hwɛ video a yɛato din The Complete New World Translation Is Available in ASL (Yɛakyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible No Nyinaa Ase Kɔ Amerika Mum Kasa Mu).

  •   Sɛ wotwe JW Library Sign Language app no bi na wubue Bible no wɔ so a, ɛboa paa. Kyerɛwsɛm anaa nkyekyɛm pɔtee a wopɛ sɛ ɛbɔ no, ɛno ara ne sɛ wobɛklike so; ɛbɛbɔ ama wo.

  •   Dmytro ne ne yere Vita yɛ mum, nanso wɔn mma de, wɔnyɛ mum. Da biara wɔhwɛ Bible akenkan wɔ mum kasa mu. Hwɛ sɛnea ɛboa wɔn.

 Video a yɛde sua Bible. Yehowa Adansefo ayɛ video bebree wɔ mum kasa mu a ɛboa nkurɔfo ma wɔte Bible ase na wɔde afotu a ɛwom no bɔ wɔn bra. Video no, ebi kɔ ma . . .

 Wubetumi anya obi a ɔne wo bɛba abɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Obi betumi aba wo nkyɛn ne wo abɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ mum kasa mu. Ɔrennye wo sika biara. Bere tenten a wopɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no di ne mpɛn dodow a wopɛ sɛ nipa no ba wo nkyɛn no, wo na wobɛkyerɛ. Ma obi mmra wo nkyɛn mmɛkyerɛ wo sɛnea yɛne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ.

 Jeson Senajonon yɛ barima bi a ɔte Philippines. Bible mu nkɔmmɔ a yɛne nkurɔfo bɔ no, hwɛ sɛnea aboa no ama watwe abɛn Onyankopɔn.

 Mario Antúnez nso, na ɔyɛ ɔsɔfo wɔ Honduras. Nneɛma bebree wɔ Bible mu a, na ɔnte ase. Hwɛ nea ɛyɛe a onyaa ne nyinaa ho mmuae. N’abrabɔ mu nsɛm no, yɛato din, “Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene.”

 Nhyiam akɛse ne nketewa. Wokɔ wiase baabiara a, yɛatetew nsafo ne akuw pii ama mumfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehyia nnawɔtwe biara asua Yehowa ho ade na wɔasom no. Afe biara nso, yɛyɛ nhyiam akɛse wɔ mum kasa mu. Ɛhɔ nso, yekosua Bible. Mumfo no bi wɔ hɔ a, wɔn ani afura. Wɔn a ɛte saa no, yentwa wɔn nnyaw. Yɛwɔ mum kasa bi a yɛyɛ ma anifuraefo. Sɛ wuso nipa no nsa a, na woadannan no wɔ kwan bi so a ɛbɛma wahu asɛm a yɛreka no. Sɛ obi pɛ anifuraefo nhoma nso a, yɛbɛma no bi. Ɔrentua sika biara.

  •   Hwehwɛ baabi a ɛbɛn wo a wubetumi akɔ yɛn asafo nhyiam no bi.

  •   Nhyiam akɛse ne nketewa a yɛyɛ no afe biara no, hwɛ sɛnea ɛte.

  •  Yesu wu Nkaedi no bi. Ɛno ne ade a ɛho hia paa a yɛyɛ no afe biara.

 José Luis Ayala nso, Mexico na ɔte. Wɔwoo no no, na ɔyɛ mum, ɛnna akyiri yi n’ani nso furae. Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo boaa no a seesei ɔno nso tumi de Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?