Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sean Gladwell/Moment via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Sika a Wiase No Sɛe No Wɔ Akode Ho No Atwam Dɔla Ɔpepepepem 2—Dɛn Na Bible Ka?

Sika a Wiase No Sɛe No Wɔ Akode Ho No Atwam Dɔla Ɔpepepepem 2—Dɛn Na Bible Ka?

 Afe 2022 no, Amerika dɔla ɔpepepepem 2 ne akyiri na wiase no sɛee no wɔ akode ho. Wiase no nsɛee sika wɔ akode ho saa da. Ade titiriw a ɛkɔfaa wei bae ne sɛ, Russia tow hyɛɛ Ukraine so. April 2023 no, Stockholm Amanaman Ntam Asomdwoe Ho Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no de amanneɛbɔ bi too gua. Amanneɛbɔ no kyerɛɛ mu sɛ, afe 2022 no . . .

  •   Sika a Europe aman sɛee no wɔ akode ho no “kɔɔ n’anim ɔha mu nkyekyɛm 13. Efi bere a United States ne Soviet Union ntam akameakame no baa awiei no, sika a Europe aman sɛe no wɔ akode ho no, ɛnkɔɔ soro saa da.”

  •   “Sika a Russia…sɛe no wɔ akode ho no, ɛkɔɔ n’anim ɔha mu nkyekyɛm 9 ne kakra. Aman a ɛsɛe sika paa wɔ akode ho no, kan no, na Russia tɔ so 5. Nanso wei nti, seesei abɛtɔ so 3.”

  •   Aman a wɔbɔ akode ho ka paa no, United States na ɛda so te so. “Ɛka a wiase aman bɔ no wɔ akode ho no, wokyɛ mu ɔha a, wɔn nko ara de yɛ 39.”

 Ɔbenfo Nan Tian a ɔka ho bi na wɔde amanneɛbɔ yi too gua no kaa sɛ, “sɛnea nnansa yi aman ahorow sɛe sika wɔ akode ho no kyerɛ sɛ wiase mu tena yɛ ara na ɛreyɛ hu.”

 Bible hyɛɛ nkɔm sɛ, aman mmienu a wɔgyina wɔn nan so paa wɔ akodi mu no bedi aperepere wɔ yɛn bere yi so, na ɛkaa sɛ ade baako pɛ na ɛde asomdwoe bɛba.

Bible hyɛɛ nkɔm sɛ ntɔkwa bɛdɔɔso

  •   Bible frɛ yɛn bere yi “awiei bere.”Daniel 8:19.

  •   Daniel nhoma no hyɛɛ nkɔm sɛ, saa bere no, aman a ɛwɔ tumi paa wɔ wiase no bedi aperepere. Ɛkaa sɛ, saa aman no “bepiapia wɔn ho,” anaa wɔbɛpere so. Kyerɛwsɛm no kaa sɛ, wɔbɛsɛe “sika kɔkɔɔ ne dwetɛ” pii, kyerɛ sɛ, wɔbɛbɔ ɛka pii wɔ akode ho.—Daniel 11:40, 42, 43.

 Sɛ wopɛ Bible nkɔmhyɛ yi ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Sɛnea Daniel Ti 11 Nkɔmhyɛ No Aba Mu.

Nea ɛbɛma yɛanya asomdwoe ankasa

  •   Bible se, Onyankopɔn beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ. Ɛka sɛ, Onyankopɔn “de ahenni bi bɛba. Wɔrensɛe saa ahenni no da, na ɛrenkodi ɔman foforo biara nsam. Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

  •   Asomdwoe amapa a nnipa apere apere ara wɔntumi nnya no, ɛrenkyɛ Yehowa a Nyankopɔn bɛma yɛn nsa aka. Ɔbɛyɛ no sɛn? N’ahenni a ɛwɔ soro no beyi akode nyinaa afi hɔ, na ama basabasayɛ nyinaa agyae.—Dwom 46:8, 9.

 Nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ no, wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din ““Asomdwoe Bebu So” Wɔ Onyankopɔn Ahenni No Mu

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.