Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kim Steele/The Image Bank via Getty Images

Sika Ho Ayɛ Den—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Sika Ho Ayɛ Den—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

 Ɛnnɛ, baabiara a wobɛfa biara, ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano, na ade rekye a ade resa yi, nneɛma mu yɛ ara na ɛreyɛ den.

  •   Amanneɛbɔ bi a ɛbɛtɔɔ gua nnansa yi a kyerɛ sɛ, wokɔ wiase baabiara a, bosome akatua a nkurɔfo gye no, “ɛso atew sei hwi.” Amanneɛbɔ no san kaa sɛ, sɛ yɛanyɛ asɛm no hwee na yɛtenatena ho a, “asikafo bɛkɔ so anya wɔn ho, na ahiafo nso adi hia buruburoo.” Afei nso, ɛbɛma ‘asetena mu ayɛ den ama adwumayɛfo bebree ne wɔn mmusua.’

 Sɛnea sika ho ayɛ den yi, wohwɛ a aban mpanyimfo betumi ayɛ ho biribi, anaa mpo wɔbetumi atu ɔhaw no ase?

 Bible ka sɛ aban bi wɔ hɔ. Ɛno de, ebetumi ayi sikasɛm mu ahokyere no afi hɔ ama asikafo ne ahiafo nyinaa ayɛ pɛ. Ɛka sɛ “ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba.” Ɛyɛ aban a ebedi wiase nyinaa so; kyerɛ sɛ, wiase nyinaa, yebenya aban baako pɛ. (Daniel 2:44) Saa aban no ba a, Onyankopɔn renyi obiara towkyene. (Dwom 9:18) Onyankopɔn Ahenni no bɛhwɛ ama obiara anya nea ohia ama n’ani agye. Obiara benya n’adwuma so akatua pa.—Yesaia 65:21, 22.

a International Labour Organization Global Wage Report 2022-23