Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Thai Liang Lim/E+ via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Sohyia Midia Resɛe Wo Ba Anaa?—Sɛnea Bible Betumi Aboa Awofo

Sohyia Midia Resɛe Wo Ba Anaa?—Sɛnea Bible Betumi Aboa Awofo

 Dɔkta panyin bi a ɔwɔ U.S. a wɔfrɛ Dr. Vivek Murthy de too gua sɛ: “Adwene mu yare redi mmerante ne mmabaa bebree nya. Sɛ yɛanyɛ ho biribi ntɛm a, asɛm bɛfa yɛn ase. Na adwene mu yare a yɛreka ho asɛm yi, ne kɔfabae kɛse baako ne sohyia midia.”—New York Times, June 17, 2024.

 Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban na sohyia midia anni wɔn awu? Afotu bebree wɔ Bible mu a ebetumi aboa wɔn.

Nea awofo betumi ayɛ

 Hwɛ Bible mu afotusɛm a edidi so yi.

 “Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

 Asiane a ɛwɔ sohyia midia so nti, nka sɛ obiara kɔ so bi, enti ɛsɛ sɛ woma wo ba nso kɔ so bi. Ansa na wobɛma wo ba kwan akɔ sohyia midia so no, hwɛ hu sɛ ɔyɛ obi a n’ani da fam a ɔnyɛ basabasa, enti ɔkɔ so a, onim bere a ɛsɛ sɛ ofi so, ɔremfa nnamfo bɔne wɔ hɔ, na ɔrenkɔhwɛ nneɛma bɔne biara nso.

 “Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Efesofo 5:16.

 Sɛ woma wo ba kwan ma ɔkɔ sohyia midia so a, hyehyɛ ho mmara ma no, na ma onhu sɛnea saa mmara no bɛbɔ ne ho ban. Ɛyɛ a fa w’ani to fam hwɛ sɛ wo ba no suban resesa anaa. Ebetumi aba sɛ sohyia midia na ɛreyɛ no saa no. Ɛba no saa a, bere a ɔde kɔ sohyia midia so no, ebia ebehia sɛ woma ɔtew so.

Sua pii ka ho

 Bible ka sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛsan ma yɛn afotu pa a ɛbɛboa yɛn na yɛanteetee bebree. Asɛm bi wɔ yɛn wɛbsaet yi so a ɛboa mmabun na adwinnwen anhyɛ wɔn so. Sɛ wubue a, wubenya nsɛm a egyina Bible so bɛboro 20 a ɛkɔ ma awofo ne wɔn mma.