Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anna Moneymaker/Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Nyansahufo Aka Sɛ Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye No Akɔ N’anim—Dɛn Na Bible Ka?

Nyansahufo Aka Sɛ Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye No Akɔ N’anim—Dɛn Na Bible Ka?

 Efi tete na nyansahufo aka sɛ, wohwɛ nneɛma a nnipa reyɛ wɔ asaase so no a, ɛrenkyɛ asaase no bɛsɛe. Sɛnea wiase yi sɛe abɛn no, wɔde toto wɔɔkye ho. Wɔfrɛ no Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye. a Wɔn adwene mu no, sɛ wɔɔkye no nsa kɔtɔ 12 no so anaa ɛbɔ anadwo 12 a, wiase bɛsɛe. January 24, 2023 no, wɔde too gua sɛ, sɛnea nneɛma rekɔ no, aka kakraa bi ama wɔɔkye no nsa no atɔ 12 no so.

  •   “Nneɛma a ɛresisi wɔ wiase nnansa yi te sɛ wim tebea a ɛresɛe, Ukraine ko no, ne nuklea atopae a aman bi de rehunahuna wiase no, nyansahufo ahwɛ ne nyinaa, na Benada no wɔde too gua sɛ, ɛrenkyɛ koraa nnipa bɛsɛe asaase no. Enti ‘Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye’ no, wɔkyerɛ sɛ akɔ n’anim ma seesei aka kakraa bi ama ne nsa no akɔda 12 no so.”—AFP International Text Wire.

  •   “Benada no, nyansahufo kaa sɛ, ‘Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye’ no, aka simma baako ne fã na ne nsa no akɔda 12 no so; sɛnea adasamma abɛn ɔsɛe no, ebi mmaa saa da.”—ABC News.

  •   “Nyansahufo a wɔfi aman horow so abɔ wiase no kɔkɔ sɛ, baabi a wiase no adu no, ɛrenkyɛ koraa nnipa ase bɛhyew, na sɛnea abɛn no, ɛmmaa saa da.”—The Guardian.

 Ɛyɛ ampa sɛ ɛrenkyɛ koraa, asaase yi bɛsɛe ama nnipa ase ahyew? Nneɛma a ɛbɛba daakye no, ɛsɛ sɛ yesuro? Dɛn na Bible ka?

Nea ebesi daakye

 Bible ma yehu sɛ, “asaase de, ɛwɔ hɔ daa,” na nnipa ‘bɛtena so daa.’ (Ɔsɛnkafo 1:4; Dwom 37:29) Enti nnipa rensɛe asaase yi. Saa ara nso na ɛrenkɔba sɛ wɔbɛsɛe asaase so nneɛma akosi sɛ afei de, obiara rentumi ntena so.

 Nanso, Bible ma yɛte ase sɛ, awiei bi bɛba. Wei ho nhwɛso ne sɛ, ɛka sɛ “wiase . . . retwam.”—1 Yohane 2:17.

Mma w’aba mu mmmu

 Ɛwom sɛ ɔhaw atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase yi mu de, nanso Bible betumi aboa yɛn na yɛn aba mu ammu. Adɛn ntia?

 Sɛ wopɛ sɛ Bible no boa wo paa a, yɛsrɛ wo ma obi ne wo mmesua Bible a worentua hwee.

a “Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye no yɛ biribi a nyansahufo de bɔ nnipa kɔkɔ ma wɔhu sɛnea wiase yi sɛe abɛn. Wɔkyerɛ a, nneɛma a nnipa ankasa yɛ te sɛ atopae ne nneɛma a ɛkeka ho no na ɛbɛma wiase asɛe. Wiase Sɛe Ho Wɔɔkye no ma yetumi de yɛn adwene twa sɛnea wiase awiei abɛn no ho mfoni, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ebetumi ama wiase asɛe no, yɛbɛhwɛ ho asɛm aka na yɛatumi akɔ so atena asaase yi so.”—Bulletin of the Atomic Scientists.