Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Justin Paget/Stone via Getty Images

Woayɛ Ankonam Anaa? Dɛn Na Ɛbɛboa Wo?

Woayɛ Ankonam Anaa? Dɛn Na Ɛbɛboa Wo?
  •   “Wokɔ United States man no mu a, wɔn a wɔanyinyin no, wɔn mu bɛyɛ fã aka sɛ wɔn ani nka, anaasɛ wɔayɛ ankonam. Saa nnipa yi, wɔn a ɛdɔɔso wom paa ne mmabun a wɔadi mfe 18 de rekɔ 25.”—Our Epidemic of Loneliness and Isolation: The U.S. Surgeon General’s Advisory on the Healing Effects of Social Connection and Community; wɔkyerɛw no afe 2023 mu.

  •   “Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde [anaa World Health Organization] no de ato gua sɛ wɔatew asoɛe foforo bi. Adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa ne sɛ, ankonamyɛ a ɛwɔ wiase no, wɔmfa no sɛ ɛyɛ yare foforo bi a aba, na wɔmpɛ ano aduru. Wɔn adwuma no baako a ehia paa nso ne sɛ wɔbɛboa ama nnipa ne ne yɔnko nnipa atumi adi nkitaho, efisɛ nnipa nua ne nnipa. Baako nso ne sɛ wɔbɛpɛ akwan pa bebree a wɔde beyi saa haw no afi hɔ wɔ ɔman biara so; sɛ ɔman no wɔ sika oo, sɛ wɔnni sika oo, enni sɛ wɔtwa obiara gyaw.”—Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde, November 15, 2023.

 Bible wɔ afotusɛm bebree a ebetumi aboa ama yɛaka akɔ nnipa ho na yɛanyɛ ankonam.

Bible mu afotusɛm a ebetumi aboa yɛn

 Nneɛma a ɛma wotew wo ho fi nnipa ho no, tew so. Saa nneɛma no bi ne sohyia midia. Mfa wo bere nyinaa ntena sohyia midia so. Mmom ka kɔ nnipa ho na fa wɔn nnamfo.

  •   Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

 Fa w’ani to fam hwɛ nea wubetumi ayɛ aboa nkurɔfo. Sɛ yɛyɛ nkurɔfo papa a, ɛma yɛne wɔn ntam yɛ kama, na yɛn nso, yɛn ani gye.

 Sɛ worepɛ Bible mu afotusɛm a ɛbɛboa wo ama woanya nnamfo pa a, kɔ yɛn wɛbsaet hɔ.