Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Manuel Reino Berengui/DeFodi Images via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

World Cup a Ɛrekɔ So No Betumi Aka Nnipa Abom Ampa?—Dɛn Na Bible Ka?

World Cup a Ɛrekɔ So No Betumi Aka Nnipa Abom Ampa?—Dɛn Na Bible Ka?

 Bɔɔlbɔ akansi a wɔfrɛ no World Cup no fii ase November 20, na ɛbɛba awiei December 18 afe 2022. Wɔkyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem nnum na ɛbɛhwɛ bi. Edu agokansi a ɛtete saa so, na nkurɔfo bom hwɛ a, ɛma wɔte nka sɛ wɔyɛ baako, na nnipa bebree adwene yɛ wɔn sɛ, nkabom a ebetumi de aba mpo de, ɛkyɛn!

  •   “Agokansi betumi de nsakrae kɛse aba wiase. Ebetumi de anigye aba. Nneɛma a etumi ka nnipa bom paa wɔ wiase no, baako no no.”— Nelson Mandela; kan South Africa mampanyin.

  •   “Bɔɔl tumi ka nnipa bom ma wɔnya anidaso, anigye, na ɛmfa ho baabi a obiara fi no, ɛma wɔdodɔ wɔn ho, na wɔde wɔn adwene si ade baako so.”—Gianni Infantino; ɔno na ɔda FIFA ano. a

 Wohwɛ a World Cup anaa agokansi bi betumi aka nnipa abom? Asomdwoe ne nkabom betumi aba wiase anaa?

Ɛyɛ nokware sɛ bɔɔl betumi aka nnipa abom?

 World Cup a wɔrebɔ no afe yi, ɛyɛ akansi de, nanso akɔtwetwe nsɛm pii aba. Akɔpagyaw nsɛmnsɛm a ɛnkɔ yiye aba. Ebi ne nnipa fahodi ho nsɛm, nnipa mu nyiyim, ne sɛnea ebinom redi yiye na ebinom nso redi hia buruburoo.

 Wei nyinaa mu no, sɛ edu agokansi bi te sɛ World Cup so a, ɛma nnipa pii ani gye. Sɛ agorɔ a ɛtete saa no reka nnipa nyinaa abom afebɔɔ a, anka wɔpɛ. Nanso ɛrenyɛ yiye, efisɛ edu saa bere no a, suban ahorow a ɛde mpaapaemu ba a Bible kaa sɛ nnipa beyi no adi wɔ “awiei mmere” mu no, ɛno mmom na nkurɔfo taa da no adi.—2 Timoteo 3:1-5.

Dɛn paa na ɛbɛka nnipa a ɛwɔ wiase abom?

 Bible ma yehu sɛ, daakye nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa bɛka abom. Ɛhyɛ yɛn bɔ sɛ, bere bi reba a nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa bɛyɛ baako ama aban a ɛwɔ soro a yɛfrɛ no “Onyankopɔn Ahenni” adi wɔn so.—Luka 4:43; Mateo 6:10.

 Saa Ahenni no, Yesu Kristo na ɔyɛ so Hene, na ɔbɛhwɛ ama asomdwoe aba wiase baabiara. Bible ka sɛ:

  •   “Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na asomdwoe pii bɛba.”—Dwom 72:7.

  •   “Obegye ohiani a osu frɛ no . . . Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12, 14.

 Yɛrekasa yi mpo, Yesu nkyerɛkyerɛ aka nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman 239 so abom. Wɔatumi ayi nnipa ho tan afi wɔn mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim.”

a Fédération Internationale de Football Association yɛ kuw a ɛhwɛ wiase nyinaa bɔɔlbɔ agokansi so.