Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Pawel Gluza/500Px Plus/Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Mfe 50 a Atwam Yi, Wuram Mmoa Dodow So Atew Sei Hwi! Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Mfe 50 a Atwam Yi, Wuram Mmoa Dodow So Atew Sei Hwi! Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 October 9, 2024 no, kuw bi a wɔafa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛbɔ wuram mmoa ho ban no de ammaneɛbɔ bi too gua. Wɔfrɛ wɔn World Wildlife Fund. Asɛm a wɔde too gua no, na ɛhaw adwene. Ɛne sɛ, ‘wuram mmoa dodow a na ɛwɔ hɔ wɔ afe 1970 mu no, eduu afe 2020 mu, kyerɛ sɛ mfe 50 akyi no, na wɔn so atew sei hwi! Mmoa dodow a na ɛwɔ hɔ no, wokyɛ mu nnan a, seesei aka baako pɛ.’ Wei nyinaa, sɛnea nnipa resɛe asaase no na akɔfa aba. Amanneɛbɔ no de kɔkɔbɔ bi kaa ho sɛ: “Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ, mfe nnum a ɛda yɛn anim yi, sɛ nnipa kɔ so ara sɛe asaase yi a, nea ɛbɛba nye.”

 Nnipa bebree wɔ hɔ a, sɛ wɔte nsɛm bi sei a, ɛma wɔn yam hye wɔn. Yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi da yɛn koma so. Afei nso sɛ yehu sɛ nnipa redi awurukasɛm tia mmoa a, ɛhaw yɛn. Nea enti a ɛhaw yɛn ne sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu sɛ yɛmma yɛn ani nku mmoa ho na yɛnhwɛ wɔn so.—Genesis 1:27, 28; Mmebusɛm 12:10.

 Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Mmoa a ɛwɔ asaase so yi, yebetumi abɔ wɔn ho ban? Dɛn na Bible ka fa ho?’

Anidaso wɔ hɔ

 Nnipa bɛyɛ nea wɔbetumi biara, nanso Onyankopɔn nko ara na obetumi abɔ mmoa ho ban. Wohwɛ Adiyisɛm 11:18 a, Bible ka too hɔ sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’ Saa asɛm yi ma yehu nneɛma mmienu bi:

  1.  1. Onyankopɔn renhwɛ mma nkurɔfo nsɛe asaase no korakora.

  2.  2. Onyankopɔn bɛkeka ne ho nnansa yi ara. Yɛyɛ dɛn hu saa? Wohwɛ sɛnea nneɛma a nnipa reyɛ wɔ asaase so no retɔre mmoa ase no a, sɛ Onyankopɔn ankeka ne ho ntɛm a, anhwɛ a mmoa ase bɛhyew.

 Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayi ɔhaw yi afi hɔ? Ɔbɛma n’Ahenni anaa n’aban a ɛwɔ soro no abedi asaase nyinaa so. (Mateo 6:10) Onyankopɔn aban no de nkyerɛkyerɛ ne ntetee a ehia biara bɛma nnipa ahobrɛasefo ama wɔatumi ahwɛ mmoa so na wɔabɔ wɔn ho ban yiye.—Yesaia 11:9.