Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA WƆDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Ɔfese a Wɔkyerɛ Nsɛm Ase Reboa Nnipa Ɔpepem Pii

Ɔfese a Wɔkyerɛ Nsɛm Ase Reboa Nnipa Ɔpepem Pii

MARCH 1, 2021

 Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa kyerɛ yɛn nhoma ne yɛn video ahorow ase no, wɔn mu bɛboro ɔha mu nkyem 60 de, wɔnyɛ adwuma no wɔ Betel ankasa. Mmom wɔyɛ wɔ ɔfese ahorow a atew ne ho (anaa RTO) mu. Mfaso bɛn na ɛwɔ saa nhyehyɛe yi so? Nnwinnade bɛn na saa anuanom yi hia wɔ baabi a wɔkyerɛ nsɛm ase no na ama adwuma no akɔ yiye? Baabi a ɔfese ahorow yi wɔ no, sɛn na ɛboa ma wotumi kyerɛ nsɛm no ase yiye?

 RTO ahorow no, ɛtaa wɔ baabi a nnipa pii ka kasa a anuanom kyerɛ ase no. Karin yɛ obi a ɔkyerɛ Low German kasa ase. Ɔka sɛ: “Efi bere a yɛbaa ɔfese a ɛwɔ Cuauhtémoc, Chihuahua, Mexico ha yi no, Low German kasa no nko ara na yɛka. Ɛno na yɛde di yɛn ho nkɔmmɔ, ɛno na yɛde kɔ asɛnka, na yɛredi gua nso a, ɛno ara na yɛka. Enti baabiara a yɛbɛfa biara Low German kasa no ara na egu yɛn asom. Ɛtɔ da a, obi tumi ka kasakoa bi a yɛtee akyɛ. Wei nyinaa boa ma yehu sɛnea seesei ɔmanfo ka kasa no.”

 James ka wɔn a wɔkyerɛ Frafra kasa ase wɔ Ghana no ho. Kan no, na ɔyɛ adwuma wɔ Betel fie hɔ ankasa. Ɔka sɛ ɛtɔ da a na wafe wɔn a na ɔne wɔn yɛ adwuma wɔ Betel no. Nanso ɔde kaa ho sɛ: “RTO ha a mewɔ no, m’ani gye paa. Sɛ mede kurom hafo kasa di wɔn adanse na mihu sɛnea wɔn ani agye asɛm no ho a, ɛka me koma paa.”

 Ahyehyɛde no yɛ dɛn hu baabi pɔtee a wobetumi de RTO akɔ? Onua bi a ɔde Joseph ka Wiase Nyinaa Adansi Dwumadibea a ɛwɔ Warwick, New York, U.S.A. no ho. Ɔka sɛ: “Ɔhaw baako ne sɛ, ɛtɔ da a baabi a yɛpɛ sɛ yɛde RTO no kɔ no, wobɛhwɛ na anyinam ahoɔden a ɛwɔ hɔ nyɛ papa, nsu ho yɛ den, na Intanɛt a wɔde bɛtwe nneɛma a wɔbɛkyerɛ ase no nso, ɛyɛ a na ayɛ asɛm. Wei nti sɛ yɛrepɛ baabi a yɛde ɔfese no bɛkɔ a, yɛhwɛ mmeae ahorow pii a wɔka saa kasa no, na yɛayi mu baako.”

 Sɛ yɛpɛ sɛ yenya RTO wɔ baabi na yɛpɛ no ntɛm a, mpɛn pii no, yesiesie Nhyiam Asa, Ahenni Asa, anaa asɛmpatrɛwfo fie de hɔ yɛ RTO. Yɛde baabi saa yɛ RTO a, ɛmma yɛmmɔ ka. RTO a ɛtete saa no, ɛyɛ a anuanom fi fie ba hɔ bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛannya baabi saa amfa anyɛ RTO a, yetumi ma anuanom kwan ma wɔtɔ dan bi a wɔn a wɔkyerɛ kasa ase no bɛtena hɔ ayɛ adwuma. Sɛ ɛho behia sɛ wɔpɛ baabi foforo ma anuanom no a, wotumi tɔn dan dedaw a na wɔwom no, na wɔde sika no ayɛ biribi foforo.

Wonya Nea Wohia Biara Na Wɔatumi Ayɛ Adwuma No

 Wɔ 2020 ɔsom afe no mu no, sika a yɛde bɔɔ RTO a ɛwɔ wiase nyinaa ho bra yɛ U.S. dɔla ɔpepem 13. Wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase wɔ RTO no, nneɛma a wohia no bi ne kɔmputa, kɔmputa program ahorow, mfiri a wɔde yɛ recording, Intanɛt, anyinam ahoɔden, ne nsu. Wofa kɔmputa baako a wɔahyehyɛ no kama a, ne bo bɛyɛ U.S. dɔla 750. Wɔhyehyɛ kɔmputa biara wie a wɔde program ahorow bi gu so. Program a yɛreka ho asɛm yi mu baako ne Watchtower Translation System. Ɛboa wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase no ma wotumi hyehyɛ wɔn adwuma no yiye. Afei nso nhoma pii wom a ɛboa wɔn ma wotumi yɛ nhwehwɛmu.

 Wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase no, ɛyɛ a wɔma wɔn mfiri ahorow a wobetumi de ayɛ recording wɔ ɔfese hɔ ara. Bere a COVID-19 yare no tee atese wɔ wiase nyinaa no, saa mfiri yi boae paa. Nea enti ne sɛ, anuanom bebree tumi de mfiri no kɔɔ wɔn fie na ama wɔatumi atoa so ayɛ video ne nhoma afoforo ho adwuma.

 Baabi a RTO no wɔ no, anuanom a wɔtete mpɔtam hɔ no tumi tu wɔn ho ma kosiesie hɔ. Nea ebinom nso yɛ de boa ne sɛ, sɛ anuanom kyerɛ nsɛm no ase wie a, wɔde wɔn ani fa mu hwɛ sɛ nkyerɛase no kɔ yiye anaa. Cirstin yɛ adwuma wɔ ɔfese a wɔkyerɛ nsɛm ase kɔ Afrikaans kasa mu wɔ Cape Town, South Africa. Ɔka sɛ, “Adawurubɔfo ne daa akwampaefo pii anya hokwan de wɔn dom akyɛde reboa wɔ ha.”

 Anuanom a wɔkɔboa wɔn a wɔwɔ RTO no, wohu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse paa na wɔanya no. Onuawa baako bi a ɛyɛ a ɔkɔ RTO bi kɔboa sei, ɔka sɛ adwuma a ɔyɛ wɔ hɔ no, “ahomeka wom paa.” Ebinom nso kɔ hɔ kɔyɛ recording. Onuawa bi a yɛfrɛ no Juana boa ma wɔkyerɛ nsɛm ase kɔ Totonac kasa mu wɔ Veracruz, Mexico. Ɔka sɛ: “Baabi a yɛwɔ seesei no, nkurow a ɛbemmɛn no nyinaa ka kasa a yɛkyerɛ ase no, enti sɛ yɛrepɛ anuanom ama wɔabɛyɛ recording a, yɛmmrɛ koraa.”

 Ɛnde yemmisa sɛ, RTO ahorow no aboa ma nkyerɛase no akɔ yiye anaa? Wubisa nnipa ɔpepem pii a wɔkenkan yɛn nhoma a, wɔn mu bebree bɛka akyerɛ wo sɛ, nnansa yi nkyerɛase no kɔ kama paa. Cédric boa wɔn a wɔkyerɛ Kongo kasa ase wɔ Democratic Republic of Congo. Ɔka sɛ: “Kan no, sɛ anuanom rekenkan asafo nhoma a ɛwɔ Kongo kasa mu a, na wɔka sɛ ɛyɛ ‘asafo Kongo,’ kyerɛ sɛ, sɛnea na yɛkyerɛ yɛn nhoma ase no, ɛnyɛ saa na na nkurɔfo kasa wɔ abɔnten. Nanso seesei de wose, sɛnea yɛkyerɛ yɛn nhoma ase no, saa ara na wɔn a wɔka Kongo kasa no kasa.”

 Andile nso kaa biribi saa ara. Ɔboa anuanom a wɔkyerɛ Xhosa kasa ase wɔ South Africa. Nea ɔkae ne sɛ: “Ɛyɛ a nnipa pii ka sɛ, wɔahu sɛ seesei yɛn nkyerɛase no asesa. Mmofra mpo a kan no, borɔfo Ɔwɛn-Aban nko ara na na wotumi kenkan no, seesei wɔkan nea wɔakyerɛ ase kɔ Xhosa kasa mu no. Nea ekum wɔn koraa ne Wiase Foforo Nkyerɛase no. Nkyerɛase no da fam tim.”

 Ntoboa a anuanom yi de boa wiase nyinaa adwuma no, ɛno bi na yɛde tua ɛka a yɛbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya RTO ahorow no. Ɛno ara bi na yɛde siesie hɔ san de hwɛ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Ntoboa a yɛreka ho asɛm yi, ebinom fa donate.pr418.com so na eyi.