Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Amanneɛbɔ a Edi Mu a Ɛma Yɛn Gyidi Yɛ Den

Amanneɛbɔ a Edi Mu a Ɛma Yɛn Gyidi Yɛ Den

DECEMBER 1, 2021

 Yehowa Adansefo dwen wɔn nuanom a wɔne wɔn som no ho papaapa. (1 Petro 2:17) Yɛn nuabea bi wɔ Kenya a wɔfrɛ no Tannis, na ɔkaa asɛm bi a yɛn mu bebree ne no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ, “Midwen me nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase baabiara no ho, enti ɛyɛ a mepɛ sɛ mihu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam.” Ɛdɛn na ɛboa Tannis ne Adansefo ɔpepem pii ma wohu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn nuanom asetenam? Afe 2013 na yenyaa Amanneɛbɔ Afã wɔ yɛn wɛbsaet, jw.org so, na efi saa bere no, sɛ yɛrepɛ yɛn nuanom ho nsɛm a, ɛhɔ na yɛkɔ.

 Sɛ wokɔ Amanneɛbɔ Afã hɔ a, wubenya nsɛm a edi mu a ɛfa Yehowa Adansefo ho. Ebi ne Bible foforo a wɔde to gua, nea atoyerɛnkyɛm si a yɛyɛ de boa yɛn nuanom, adansi ne adan asiesie, ne nneɛma foforo a ɛfa Yehowa Adansefo ho. Ɛma yehu yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔakyere wɔn agu afiase. Wokɔ Amanneɛbɔ Afã hɔ a, ade foforo a wubehu ne osuahu a anuanom nyae wɔ Nkaedi ne ɔsatu bere mu. Nsɛm a yɛde gu Amanneɛbɔ Afã hɔ no, henanom na ɛyɛ ho nhwehwɛmu, na ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ ho adwuma?

Ɔkwan a Yɛfa So Nya Nsɛm Na Yɛde To Gua

 Amanneɛbɔ Afã no, Yehowa Adansefo Asoɛe a Ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho na ɛhwɛ so. Saa dwumadibea no wɔ yɛn adwumayɛbea ti, na Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw a Ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw No Ase no na ɛma wɔn akwankyerɛ. Anuanom mmarima ne mmea bɛboro 100 na wɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo Asoɛe a Ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho hɔ. Wɔn mu pii yɛ atuhoamafo a wɔtena fie yɛ adwuma ma Betel. Ebinom kyerɛw nsɛm, ebinom yɛ nhwehwɛmu, ebinom drɔdrɔ mfoni, ɛnna ebinom kyerɛ nsɛm ase. Ebinom nso ne aban ananmusifo, animdefo, ne nsɛnkyerɛwfo di nkitaho. Afei nso, wokɔ Betel bɛboro 80 mu wɔ wiase nyinaa a, yɛwɔ Dwumadibea a Ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho wɔ hɔ, na wɔboa Yehowa Adansefo Asoɛe a Ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho no ma wɔyɛ wɔn adwuma.

 Ansa na yɛde asɛm bi bɛto gua no, Yehowa Adansefo Asoɛe a Ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho no ne Betel dwumadibea 80 ne akyi no di nsawɔso paa. Sɛ yɛn nuanom nya asɛm bi a wɔpɛ sɛ wɔde to gua a, wɔyɛ nhwehwɛmu pɛ ɛho nsɛm a edi mu. Nea wɔyɛ ne sɛ, wɔne nkurɔfo twetwe nkɔmmɔ, na wokohu nnipa a wɔwɔ asɛm no ho nimdeɛ. Sɛ wɔboaboa nsɛm no nyinaa ano a, wɔkyerɛw asɛm a wɔpɛ sɛ wɔde to gua no. Ɛno akyi no, ebinom hwɛ mu hwɛ sɛ biribiara da ne kwan mu a, na ebinom nso de mfoni aka ho. Wowie a, na wɔde akɔma Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no. Wɔn na wɔbɛpene so ama wɔde asɛm no ato gua.

Anuanom Ani Sɔ

 Amanneɛbɔ Afã a ɛwɔ jw.org no, anuanom hu no sɛn? Onuawa Cheryl a ɔwɔ Philippines no kaa sɛ, “Anɔpa biara mekenkan Yehowa ahyehyɛde no ne ne nkurɔfo ho amanneɛbɔ, na ɛma m’ani gye paa.”

 Wɔn a wɔkenkan nsɛm a ɛba Amanneɛbɔ Afã hɔ wɔ jw.org so no ka sɛ, sɛ wode toto nsɛm a dawurubɔ nnwuma a aka no de to gua ho a, wuhu nsonsonoe kɛse. Tatiana wɔ Kazakhstan, na ɔka sɛ: “Amanneɛbɔ a wɔde to jw.org so no, minim sɛ asɛm biara nni ho, na ɛno ma me koma tɔ me yam. Amanneɛbɔ no di mu, na ɛyɛ nokware turodoo.” Onuawa Alma a ɔwɔ Mexico no nso kaa sɛ: “Dawurubɔ nnwuma a aka no, nsɛm a wɔde to gua no tu koma, nanso nsɛm a ɛba Amanneɛbɔ Afã hɔ wɔ jw.org so no de, ɛhyɛ nkuran papaapa.”

 Amanneɛbɔ a ɛba Amanneɛbɔ Afã hɔ wɔ jw.org no di mu, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɛsan hyɛ yɛn gyidi den. Bernard a ɔwɔ Kenya kaa sɛ: “Amanneɛbɔ Afã no aboa me ama mahu sɛ anuanom mmea ne mmarima a wɔwɔ wiase nyinaa no, sɛ wɔwɔ he oo, sɛ wɔwɔ he oo, wɔyɛ m’abusuafo. Sɛ merebɔ mpae a, mitumi bɔ wɔn din ka tebea a wɔrefa mu.” Onuawa bi a wɔfrɛ no Bybron a ɔno nso wɔ Kenya kaa sɛ, “Bere biara a mehu sɛ asafo ayi Bible foforo wɔ kasa bi mu no, m’ani gye paa! Nsɛm bi saa kae me sɛ, Yehowa nyiyi nnipa mu.”

Tebea a yɛn nuanom mmea ne mmarima refa mu wɔ wiase nyinaa no, Amanneɛbɔ Afã no boa yɛn ma yetumi bɔ ho mpae

 Amanneɛbɔ a ɛfa yɛn nuanom a wɔretan wɔn ani ho no tumi hyɛ anuanom nkuran. Onuawa Jackline wɔ Kenya, na ɔkaa sɛ: “Akokoduru a wɔda no adi no, midwen ho a, ɛhyɛ me gyidi den paa. Mekan a, mibisa me ho nea ɛboaa wɔn ma wotumi de animia gyinaa wɔn haw no ano. Ama mahu sɛ, nneɛma bi te sɛ mpaebɔ, Bible akenkan, ne nnwonto mpo, anhwɛ a obi bebu no ade ketewa, nanso ɛboa yɛn nuanom paa ma wɔn gyidi yɛ den.”

 Onuawa Beatriz a ɔwɔ Costa Rica no ka sɛ, nsɛm a ɛfa atoyerɛnkyɛm ho no aboa no paa. Ɔkaa sɛ: “Nsɛm a ɛwɔ Amanneɛbɔ Afã hɔ no boa me ma mihu sɛnea yɛn ahyehyɛde no yɛ ntɛm toto nneɛma yiye na wɔde ɔdɔ boa anuanom a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka no. Ɛno ma mihu sɛ Yehowa ahyehyɛde no, ɛno ara ni!”

 Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ bere biara a biribi besi wɔ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase baabiara asetenam no, ntɛm ara na yɛate ho asɛm! Ntoboa a muyi boa wiase nyinaa adwuma no na ɛma yetumi yɛ wei. Mo mu pii fa donate.pr418.com so na ɛyɛ saa. Yɛda mo ase sɛ muyi mo yam yi ntoboa.