Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2022 Mu—Nea Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Onuadɔ

Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2022 Mu—Nea Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Onuadɔ

JANUARY 1, 2023

 Bible hyɛɛ nkɔm sɛ akokoakoko, asaasewosow, nsanyare a edi awu, ne nneɛma afoforo a “ɛyɛ hu” besisi wɔ yɛn bere yi so. (Luka 21:10, 11) Nsɛm a esisii wɔ 2022 ɔsom afe a no mu no ma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no gu so renya ne mmamu. Ɛho nhwɛso ne ntɔkwaw a egyina mu denneennen wɔ Ukraine a ama nnipa ɔpepem pii ho aka no. Saa afe no ara mu nso, na aman bebree da so reko korona yare kodiawuo no. Yɛreka yi, na atoyerɛnkyɛm nso de ne de nam nkyɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, asaasewosow ahorow sisii wɔ Haiti, na mframa akɛse nso sɛee nneɛma wɔ Central America, Philippines, ne Afrika apuei fam. Wɔn a wɔn ho kaa mu no, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de boaa wɔn?

 Afe 2022 ɔsom afe no mu no, atoyerɛnkyɛm bɛyɛ 200 na ɛmaa anuanom ho kaee, na Yehowa asafo no kɔyɛɛ anuanom no mmoa! Ɛka a yɛbɔ de yɛɛ anuanom mmoa no, sɛ yɛsese a, ɛrekeka kɔ dɔla ɔpepem 12. b Mmoa a yɛde maa anuanom a atoyerɛnkyɛm mmienu bi maa wɔn ho kaa mu no, momma yɛnka ho asɛm kakra.

Asaasewosow a Esii Wɔ Haiti

 August 14, 2021 mu no, asaasewosow kɛse bi sii wɔ Haiti anaafo fam. (Wɔsusuwii no, na anoden no yɛ 7.2) Awerɛhosɛm ne sɛ, anuanom mmiɛnsa na wɔwui; mmea mmienu ne barima baako. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu mpo no, ebi wɔ hɔ a, aka wɔn apɔwmuden, na ebi nso wɔ hɔ a, agyaw wɔn kɔdaanna. Onua bi a wɔfrɛ no Stephane kaa sɛ: “Nkurɔfo wui ara ma nnawɔtwe biara, ayie a na wɔyɛ no kurom hɔ nyɛ agorɔ. Ɛtoaa so saa ara bɛyɛ abosome mmienu.” Onua foforo a wɔfrɛ no Éliézer kaa sɛ: “Anuanom bebree wɔ hɔ a, na wɔnni baabi a wɔde wɔn ti bɛto, ne ataade ne mpaboa a wɔbɛhyɛ, na na nneɛma nketenkete a wɔhia mpo abɔ wɔn. Asaasewosow kɛse no sii akyi no, asaasewosow nketenkete dii akyi bae, na ɛno maa nkurɔfo bɔɔ hu abosome pii.”

 Asɛm no sii no, Yehowa asafo no yɛɛ ntɛm kɔboae. Betel a ɛwɔ Haiti no kɔmaa anuanom no nnuan bɛyɛ kar akɛse mmienu. Ɛno da nkyɛn a, wɔmaa wɔn ntamadan, tapolin, matrɛse, ne charger a wɔde bɛkyaagye wɔn fon. Afei nso, afie a wɔsii anaa wɔsiesie nneɛma a asɛe wɔ ho wɔ 2022 ɔsom afe no mu no, na ne dodow boro 100. Sika a yɛde yɛɛ saa nneɛma yi nyinaa no, na ɛboro dɔla ɔpepem baako.

Wɔde nnuan rekɔma Haitifo

 Anuanom kyerɛɛ nea wɔyɛ maa wɔn no ho anisɔ paa. Lorette kaa sɛ: “Asaasewosow no sɛee yɛn fie pasaa, na yɛn nnwuma nyinaa nso sɛee. Nea yebedi mpo, na ayɛ den. Nanso Yehowa asafo no boaa yɛn paa; wɔmaa yɛn biribiara a yehia.” Micheline kaa sɛ: “Baabi a na me ne me mma mmarima mmienu te no, asaasewosow no sɛee no pasaa. Ná m’ani atutu aka me nsam; mpae ara na na mebɔ. Yehowa nam n’asafo no so tiee me. Seesei a merekasa yi, wɔasi dan a ɛte apɔw ama yɛn. Mede asi m’ani so sɛ mɛyɛ nea metumi nyinaa de akyerɛ sɛ m’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama me no.”

 Nneɛma a yɛyɛ de boaa yɛn nuanom a wɔn ho aka mu no, aban mpanyimfo no bi hui, na ebi kaa ho asɛm. Ɔpanyin a ɔda ɔdan a wɔbɔ gua wom wɔ L’Asile ano no kaa sɛ: “Sɛnea moyɛɛ ntɛm bɛboae no, moayɛ ade paa. Mowɔ obu kɛse ma aban mpanyimfo, na mebɔ mo aba so paa. Ade baako a ɛyɛ me fɛ wɔ mo ho ne sɛ, ɛnyɛ sika na morepɛ, mmom mopɛ sɛ moboa nkurɔfo. Biribiara a moyɛ biara, ɔdɔ na mode yɛ.”

Ahum Kɛse Bi a Wɔfrɛ No Ana Sɛee Nneɛma Wɔ Malawi Ne Mozambique

 January 24, 2022 mu no, ahum kɛse bi a wɔfrɛ no Ana tui wɔ Mozambique na ɛde n’ani kyerɛɛ Malawi. Ná ahum no de osukɛse ne mframa a ɛsɛe ade na ɛnam. Mframa a ɛbɔe no, dɔnhwerew baako biara na etwa kilomita 100 anaa akwansin 62. Ahama a anyinam ahoɔden fa mu no, ɛka guu fam, ɛsɛesɛee akwan na nsu yirii wɔ mmeae pii.

 Ahum a etuu wɔ Malawi ne Mozambique no, ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ anuanom bɛboro 30,000. Anuanom adwumayɛfo a wɔde nneɛma kɔboaa wɔn a wɔn ho aka mu no, wɔn mu baako ne Charles. Ɔkaa sɛ: “Bere a mihuu nneɛma a anuanom ahwere ne nea wɔrefa mu no, ebubuu me.” Nea ɛma asɛm no yɛ awerɛhow koraa ne sɛ, nnuan kakra a wɔwɔ ne nneɛma a wɔadua no, ne nyinaa sɛee. Anuanom bebree afie sɛee. Ahometesɛm a esii ne sɛ, onua baako bi de, na ne yere ne ne mma mmaayewa te hyɛmma mu rekɔbɔ wɔn ho aguaa, ɛnna hyɛmma no dan butuwii. Enti nsu de wɔn kɔe.

Awarefo bi a wɔwɔ Mozambique fie a asɛe

Ofie foforo a wɔasi ama wɔn

 Ná ahum no ano yɛ den paa. Ná Onua Sengeredo ne n’abusua te Malawi kurow bi a wɔfrɛ no Nchalo. Wɔse bere a ɛbɔɔ anadwo dɔnkoro no, wɔtee sɛ nsu resen waa ba baabi a wɔwɔ no. Sɛɛ na nsubɔnten mmienu bi a ɛda kurow no mu na ayiri! Onua Sengeredo kaa sɛ wɔnguan mfi fie hɔ. Wɔsii gyinae pa paa, efisɛ wɔfii hɔ no, ankyɛ koraa na nsu no bedwiriw fie no gui. Wɔn agyapade a nsu no amfa ankɔ no, wode yɛ hwee koraa a, ɛrenyɛ yiye. Abusua no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ Ahenni Asa so. Sɛ wɔfi fie na wɔrenantew akɔ a, na wɔtwa simma 30. Nanso esiane ahum no ne nsu no nti, wɔdii nnɔnhwerew mmienu wɔ kwan so. Wɔduu hɔ no, na nsu no aboro wɔn ama wɔn ho afɔw, na na wɔabrɛbrɛ, nanso bɔne biara anto wɔn.

 Betel ahorow a ɛwɔ Malawi ne Mozambique no antenatena ho koraa; wɔyɛɛ ntɛm kɔyɛɛ wɔn mmoa. Anuanom a wɔn ho aka no, Betel ahorow no maa amansin so ahwɛfo ne mpanyimfo no akwankyerɛ sɛ wɔnhwɛ nneɛma a wɔhia, na wɔnhyɛ wɔn nkuran nkyekye wɔn werɛ. Mmoa a wɔde kɔmaa anuanom no, wɔtuu atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo akuw bi sɛ wɔnhwɛ so. Wɔantwentwɛn so koraa, wɔyɛɛ ntɛm totoo nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom benya nnuan ne nneɛma nketenkete a wɔhia. Ɛka a yɛbɔ de totɔɔ nneɛma kɔyɛɛ anuanom mmoa no, na ɛboro dɔla mpem 33. Ɛno da nkyɛn a, afie a wɔsan sisii ne nea wɔsiesiee nneɛma a asɛe wɔ ho no nso, yɛbɔɔ ka bɛboro dɔla mpem 300.

 Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu no hwɛɛ sika so yiye paa. Saa bere no na nneɛma bo kɔ soro paa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Malawifo aduan paa ne aburow, nanso bere a wɔfii ase sɛ wɔreyɛ anuanom mmoa no, abosome nson ntam pɛ no, aburosiam bo kɔɔ soro ara ma anka ɛreyɛ abu abɔ hɔ. Afei nso, pɛtro ne diesel bo kɔɔ soro paa. Enti nea ɛbɛyɛ a anuanom no rensɛe sika pii no, nnuan ne adansi ho nneɛma a wɔtɔn no kurom hɔ no, wɔkɔtɔɔ no bebree. Wei nti wɔnyaa no atufoɔ-boɔ, na ɛmaa kar sika no so tewee.

 Mmoa a Yehowa nkurɔfo yi nyae no, ɛkaa wɔn koma paa. Onua bi a ɔwɔ Mozambique a ne din de Felisberto kaa sɛ: “Minhuu nkurɔfo a wɔyi wɔn yam boa nnipa saa da. Wɔmaa yɛ adan ho nneɛma, kar a ebedi akɔneaba, adansifo, nnuan, ne afotu pa. Mmoa a yɛn nsa kae no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo wɔ ɔdɔ sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ Yohane 13:34, 35 no.” Okunafo bi a ɔwɔ Malawi a yɛfrɛ no Ester sei, ne fie sɛee. Ɔkaa sɛ: “Me fie sɛee no, m’adwene tu frae, efisɛ na minni bi a mede besi foforo. Enti bere a anuanom besii bi maa me no, na ɛyɛ me sɛ madu Paradise.”

 Ɛrenkyɛ, wiase foforo a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no bɛba. Nanso ɛnkosi saa bere no, atoyerɛnkyɛm rempa yɛn ti so da; afei koraa na ɛrebɛdɔɔso. (Mateo 24:7, 8) Nanso ntoboa a muyi mo yam yi no nti, yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ Yehowa nkurɔfo ho ka mu mpo a, mmoa a wɔhia no, wɔn nsa bɛka. Akwan a yɛfa so yi ntoboa no, yɛaka ho asɛm wɔ donate.pr418.com. Yɛda mo ase paa sɛ mufi mo komam nyinaa yi ntoboa.

a Afe 2022 ɔsom afe no hyɛɛ ase fii September 1, 2021, na ɛbaa awiei wɔ August 31, 2022.

b Dɔla a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu no, ne nyinaa yɛ Amerika dɔla.