Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gilead Sukuu adesuakuw bi a wɔresua ade wɔ afe 2017 mu

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Gilead Sukuu—Anuanom Nyinaa Nya So Mfaso

Gilead Sukuu—Anuanom Nyinaa Nya So Mfaso

DECEMBER 1, 2020

 Afe biara, wɔto nsa frɛ anuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma wɔ wiase baabiara ma wɔkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Wɔyɛ sukuu no wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York no. a Wɔtete sukuufo no ma wohu sɛnea wɔbɛyɛ adwuma a wɔde ama wɔn wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no yiye. Ntetee a wɔde ma wɔn no boa wɔn ma wɔhyɛ asafo a ɛwɔ wiase baabiara no den ma anuanom ase atim. Afei wɔboa ma adwuma a wɔyɛ wɔ Betel ahorow nyinaa no nso kɔ so yiye.

 Gilead yɛ sukuu a wɔyɛ ma anuanom a wofi aman ahorow so. Sɛ yɛhwɛ adesuakuw a ɛto so 147 a wɔyɛɛ no afe 2019 sei a, sukuufo 56 a wofi aman 29 so na na ɛwom. Sukuufo a wɔkɔ Gilead no yɛ anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no bi dedaw. Ebi yɛ Betelfo, amansin so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo, ne akwampaefo atitiriw.

 Wofi ase yɛ sukuu no ho ntotoe bere tenten ansa na sukuufo no afi adesua no ase. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Dwumadibea a Ɛhwɛ Akwantu Ho Nsɛm So a Ɛwɔ Yɛn Adwumayɛbea Ti no tɔ wimhyɛn tekiti ma wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra sukuu no bi no. Gilead adesuakuw a ɛto so 147 no, yɛsese a, adesuafo no biara akwantu ho ka, efi ne kurom rekɔ Patterson ne ne ba bɛyɛ Amerika dɔla 1,075. Sukuufo a wofi Solomon Islands no, bere a wɔreba Patterson no, wɔfa wimhyɛn baako kosi ha, na wɔafa foforo akosi ha, saa ara mpɛn nnan. Wɔresan akɔ no nso, wɔfaa wimhyɛn mmiɛnsa. Ewiee ase no, na wɔatwa boro kilomita 35,400 (akwansin 22,000)! Yɛkeka bom a, wimhyɛn ho ka a wɔbɔɔ wɔ saa adesuafo no biara ho yɛ Amerika dɔla 2,300. Nea ɛbɛyɛ a yɛremmɔ ka pii no, Dwumadibea a Ɛhwɛ Akwantu Ho Nsɛm So no de kɔmputa so dwumadi bi hwehwɛ tekiti bo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nea ne bo wɔ fam. Sɛ wonya bi mpo a, kɔmputa so dwumadi no kɔ so ara di bo no akyi nnawɔtwe anaa abosome bi hwɛ sɛ ebia ɛbɛba fam kakra aka ho anaa. Afei nso, sɛ wimhyɛn adwumakuw bi kyɛ anuanom a wɔtaa de wimhyɛn tu kwan no krataa a wotumi boa ano de gye tekiti, anaa wɔma wɔn akwannya sɛ wontu kwan a wontua hwee a, wotumi de kyɛ asafo, na Dwumadibea a Ɛhwɛ Akwantu Ho Nsɛm So no de agye tekiti ama wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmra sukuu no bi no.

 Sukuufo pii hia visa ansa na wɔatumi awura Amerika man no mu. Wei nti, Mmara Dwumadibea a Ɛwɔ Yɛn Adwumayɛbea Ti no boa wɔn ma wonya sukuufo visa. Sɛ yɛfa sukuufo no visa ne nkrataasɛm foforo a, ɛka a yɛbɔ wɔ sukuuni biara ho yɛ bɛyɛ Amerika dɔla 510.

 Ntetee a sukuufo yi nya no, mfaso bɛn na yenya fi so? Hendra Gunawan yɛ asafo mu panyin wɔ Asia anaafo fam. Ɔne awarefo bi a wɔakɔ Gilead awie na ɛwɔ asafo mu. Ɔkaa sɛ: “Bere bi, na yenni ɔkwampaefo biara wɔ yɛn asafo mu. Nanso efi bere a anuanom a wɔakɔ sukuu no bi no bae no, nsi ne ahokeka a wɔde yɛ asɛnka adwuma no aka anuanom bebree na apusuw wɔn ama wɔafi ase reyɛ akwampae adwuma. Onuawa bi a ɔwɔ yɛn asafo no mu mpo de, akyiri yi ɔkɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi!”

 Onua bi a wɔfrɛ no Sergio Panjaitan som wɔ Betel wɔ Asia anaafo fam, na ɔne anuanom bi a wɔawie Gilead na ɛyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Ntetee a wonyae no, ɛnyɛ wɔn nko ara na aboa wɔn; yɛn nso aboa yɛn bi. Wosuaa nneɛma pii, nanso wɔmmoma wɔn ho so. Mmom wɔne nkurɔfo kyɛ nea wɔasua no. Wei ahyɛ yɛn nyinaa nkuran ama yɛn nso, obiara hyehyɛ ne yɔnko nkuran.”

 Yɛyɛ dɛn nya sika tua sukuu no ho ka? Ntoboa a nkurɔfo yi de boa wiase nyinaa adwuma no na yɛde tua ho ka. Nnipa dodow no ara fa akwan a yɛakyerɛ wɔ donate.pr418.com so na eyi ntoboa no. Yɛda mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa. Mo ntoboa no bi na yɛde yɛ sukuu yi ma anuanom a wofi wiase baabiara.

a Nneɛma a wosua wɔ Gilead sukuu hɔ no, Dwumadibea a Ɛhwɛ Teokrase Sukuu Ahorow So no na ɛhyehyɛ. Dwumadibea no adwuma nso, Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a ɛhyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ase no na ɛhwɛ so. Akyerɛkyerɛfo no, dwumadibea hɔ ara na wɔyɛ adwuma. Ebinom a wɔnyɛ adwuma wɔ hɔ, te sɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo nso tumi bɛkyerɛ sukuufo no ade.