Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Nea Yɛayɛ De Aboa Wɔn a Korona Ama Wɔn Ho Aka Mu

Nea Yɛayɛ De Aboa Wɔn a Korona Ama Wɔn Ho Aka Mu

JULY 1, 2021

 Bere a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no de too gua wɔ March 2020 sɛ korona yare no abɛyɛ nsanyare kodiawuo a atu atese wɔ wiase no, nnipa pii anna anso ho dae sɛ afe betwam a yare no da so ara reteetee nnipa. Yare no adi nnipa ɔpepem pii nya wɔ wiase, na wɔn mu bi mpo yɛ Yehowa Adansefo. Abɔ ebinom yare, akɔfa adwinnwen abɛto ebinom so, na ama ebinom sikasɛm ayɛ basaa. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa Adansefo de agu akwan mu a ɛma wotumi boaboa nneɛma ano kyekyɛ ma wɔn nuanom a yare no ama wɔn ho aka mu no?

Anuanom Nsa Kaa Nea Wohia

 Korona yare no nti, Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw a Ɛhyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No Ase no ahwɛ ama wɔatew boayikuw bɛboro 950 wɔ wiase baabiara. Wɔato din, Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu. Ɛtɔ da a boayikuw no ma anuanom a ɛwɔ mpɔtam hɔ no boa. Adansefo bi nso pɛ a, wotumi gye aban hɔ mmoa. Mmeae a mmoa kɛse ho hia nso, boayikuw no yɛ nhyehyɛe de nneɛma kɔboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu.

 Biribi saa kɔɔ so wɔ Paraguay. Dawurubɔ krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ, korona yare no nti, ahia nkurɔfo ara ma “Paraguayfo bebree rebua da wɔ wɔn ankasa afie.” Nanso saa bere no, na atoyerɛnkyɛm boayikuw a ɛwɔ Paraguay no afi ase dedaadaw rekyekyɛ aduan, samina, ne ade ma anuanom. Nneɛma a wɔkyɛ maa anuanom no, na wɔahyehyɛ agu adaka mu, na sɛ wode adaka baako ma abusua a emufo yɛ nnan a, nneɛma a ɛwom no bɛso wɔn nnawɔtwe mmienu. Adaka biara, emu nneɛma bo bɛyɛ Amerika dɔla 30.

 Wɔn a wɔde nneɛma kɔma anuanom no, dɛn na wɔyɛ de bɔ wɔne anuanom ho ban na obiara annya korona yare no bi? Wɔhyɛ mask, na wɔhwɛ sɛ obiara remmɛn ne yɔnko pii. Wɔsan hwɛ hu sɛ nnwumakuw a wɔma wɔkyekyɛ aduan no, baabi a wɔyɛ ho adwuma no tew, na akwankyerɛ a ɛbɔ nkurɔfo ho ban no, wɔde reyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Akwankyerɛ a wɔde yɛ adwuma no bi ne sɛ, nneɛma a wɔkyekyɛ no, obiara a ɔbɛyɛ ho adwuma no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ nneɛma a ɛbɛbɔ ɔne afoforo ho ban. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhoro wɔn kar na wɔde aduru spree mu, na baabi a wɔde nneɛma no begu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔde aduru apopa hɔ. Sɛ wɔde nneɛma no kodu nso a, ɛsɛ sɛ adwumayɛfo no hwɛ sɛ wɔremmɛn wɔn a wɔde nneɛma rekɔma wɔn no.

Wɔanyɛ Anuanom Ntoboa Basabasa

 Ebesi January 2021 no, na Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no apene so sɛ yɛmfa Amerika dɔla ɔpepem 25 mmoa wɔn a korona yare no ama wɔakɔ ahokyere mu no. Betel ahorow ne atoyerɛnkyɛm boayikuw ahorow no mfa anuanom ntoboa nni dwuma basabasa, na ansa na wɔbɛtew sika atɔ biribi a ehia no, wodi ano kosi sɛ ne bo bɛba fam koraa. Yɛhwɛ Chile sei a, na anuanom a wɔyɛ atoyerɛnkyɛm mu aboafo no pɛ sɛ wɔtɔ adua kilogram 750 (anaa bɔtɔ 15). Nanso bosome baako pɛ ntam, na adua bo abu abɔ ho! Adua wura no bɔɔ bo foforo no maa anuanom no, na wogye toom sɛ wobetua, nanso nnɔnhwerew mmienu akyi na adua wura no ka kyerɛɛ wɔn sɛ obi bɛtɔɔ adua, nanso wasan de aba. Enti ɔtew so maa anuanom no, na ɔde gyee bosome a atwam no bo a na ɛwɔ fam no mmom!

 Nanso bere a anuanom no kɔe sɛ wɔrekogye adua no, na adua wura no mpɛ sɛ ɔtɔn ma wɔn bio. Ná n’asɛm ara ne sɛ, anuanom no te sɛ ahyehyɛde a aka no; sɛ wɔkyekyɛ aduan no a, wɔyɛ nyiyim. Onua baako bɔɔ mpae tiawa wɔ ne tirim, na ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ adua wura no sɛ, wɔadi kan ne asafo ahorow no adi nkitaho ahu wɔn a wohia mmoa ankasa no. Anuanom no ka kaa ho sɛ, wɔn a wɔde nneɛma rekɔma wɔn no, ɛsono baabi a obiara fi ne nea n’ani gye ho, enti wɔbɛhwɛ abusua biara, na wɔahu nneɛma a wɔde ma wɔn a ɛbɛboa wɔn. Afei wɔmaa adua wura no huu sɛ, ntoboa a Yehowa Adansefo nsa ka no, anuanom fi wɔn komam na woyi, na anuanom a wɔbɛboa no nso yɛ atuhoamafo. Asɛm no kaa adua wura no koma. Enti, ɔtew adua no bo so maa wɔn, na bere foforo a wɔsan kɔtɔɔ adua no, ɔde adua kilogram 400 (bɔtɔ 8) too wɔn so.

“Wuhu Sɛ Wɔdodɔ Wɔn Ho Ampa”

 Aberewa kunafo bi wɔ Liberia a wɔfrɛ no Lusu, na ɔne n’abusuafo nnum na ɛte. Anɔpa bi, bere a wodidi wiei a wɔreyɛ daa asɛm no, Lusu banana a wadi mfe nson hui sɛ aduan a ɛwɔ fie hɔ nyinaa asa. Enti abofra no bisae sɛ, “Aduan bɛn na yebedi?” Lusu ka kyerɛɛ no sɛ, wabɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn, enti ogye di sɛ Yehowa bɛma wɔn aduan adi. Saa da no awia, asafo mu mpanyimfo frɛɛ Lusu wɔ fon so ka kyerɛɛ no sɛ, wɔrekyekyɛ aduan ama wɔn a wɔakɔ ahokyere mu, enti ommegye bi. Lusu kaa sɛ: “Me banana no ka kyerɛɛ me sɛ, me mpae no a Yehowa tiei no ama wahu sɛ Yehowa tie mpaebɔ.”

Mmofra a wɔwɔ Democratic Republic of Congo drɔɔ mfoni kɔdaa anuanom ase sɛ wɔbrɛɛ wɔn aduan bere a wɔkɔɔ ahokyere mu no

 Ɔbea bi a ɔte Democratic Republic of Congo ne abusua bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo na ɛte fie baako. Bere a ohui sɛ anuanom abrɛ abusua no aduan no, ɔkae sɛ, “Saa bere yi a nneɛma mu ayɛ den yi, Yehowa Adansefo akyerɛ sɛ wodwen wɔn nuanom ho. Enti sɛ korona no twam a, yɛn nso yɛbɛba abɛyɛ Yehowa Adansefo.” Ɛnna ne kunu bisaa no sɛ, “Adɛn, ɛmo bag baako pɛ nti na worekɔyɛ Yehowa Danseni?” Ɔbea no buaa ne kunu sɛ, “Daabi oo, ɛnyɛ saa. Mmom ɛmo no ma wuhu sɛ wɔdodɔ wɔn ho ampa.”

 Ntoboa a wuyi wo yam de boa no nti na Yehowa Adansefo tumi yɛ ntɛm kɔboa yɛn nuanom Kristofo a wɔakɔ ahokyere mu wɔ korona bere yi mu. Yɛda wo ase sɛ wonam akwan a yɛaka ho asɛm wɔ donate.pr418.com so no yi ntoboa.