Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Nhoma Soronko a Yɛde Sua Bible

Nhoma Soronko a Yɛde Sua Bible

APRIL 1, 2022

 January 2021 no, Akwankyerɛ Kuw no de too gua sɛ, wɔayɛ nhoma foforo a yɛne nkurɔfo de besua Bible. Ɛno ne Wubetumi Anya Anigye Daa! a nhoma no. Bere a wotee saa amanneɛbɔ no, wotee nka sɛn? Matthew a ofi Canada no kaa sɛ: “M’ani gyei oo! Na bere a mitiee ɔkasa ahorow ne video a ɛkyerɛ nea enti a wɔyɛɛ nhoma no ne sɛnea wɔasɔ ahwɛ wɔ mmeae bi no, m’anigye no boroo so. Ná me ho repere me sɛ me nsa bɛka bi na mafi ase de ayɛ adwuma.”

 Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, asesa sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible no koraa. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne nsonsonoe a ɛda Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no ne nhoma a kan no na yɛne afoforo de sua Bible no ntam. Sɛ wowɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma a yɛaprente no bi a, ebia woahyɛ no nsow sɛ, sɛ wuso mu a, sɛnea ɛte wɔ wo nsam no yɛ soronko fi nhoma afoforo ho. Adɛn nti na ɛte saa? Wo de, ma yɛnhwɛ sɛnea wɔyɛɛ nhoma no.

Nhoma No Yɛ Foforo; Wuso Mu Nso a Wuhu Sɛ Ɛyɛ Soronko

 Krataa a emu yɛ duru na wɔde yɛe. Adɛn ntia? Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, mfoni kamakama bɛboro 600 na ɛwom. Ɛnte sɛ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no, efisɛ ɛno de, mfoni a ɛwom yɛ bɛyɛ 60 pɛ! Afei nso, Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, sɛ wubuebue mu na wode w’ani fa mu a, wubehu sɛ afã pii wɔ hɔ a nkyerɛwee anaa mfoni biara nni hɔ. Wei nti yehui sɛ, sɛ yɛde krataa hatahata yɛ a, ɛremmoa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wode krataa hatahata yɛ na woyɛ mfoni wɔ so anaa wokyerɛw so a, wobɛhwɛ no na apue wɔ akyi. Nea ɛbɛyɛ a ɛremma no saa no, anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ma Wɔprente Nneɛma wɔ Wallkill, New York, U.S.A. no sɔɔ biribi hwɛe. Wɔfaa nkrataa ahorow nnan a yɛtaa de prente nhoma wɔ yɛn faktri hɔ, ɛnna wɔprentee ade wɔ so hwɛe. Akyerɛw Boayikuw a Ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw No Ase no hwɛɛ nkrataa nnan no nyinaa, na woyii nea woprente ade wɔ so a, empue wɔ akyi. Ɛwom, saa krataa no bo yɛ den paa. Krataa a daa yɛde prente yɛn nhoma no, sɛ ne bo yɛ dɔla 100 a, foforo yi de, ne bo bɛyɛ dɔla 116. Nanso ɛboa paa, efisɛ mfoni wɔ kratafa bi so a, empue wɔ akyi. Enti sɛ worekan kratafa bi a, mfoni a ɛwɔ akyi no rentwetwe w’adwene.

Mfoni a ɛwɔ nifa so no ma yehu krataa a wɔde yɛɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no

 Nhoma no akyi yɛ soronko. Sɛ wode wo nsa fa nhoma foforo yi akyi a, wuhu sɛ ɛyɛ soronko wɔ yɛn nhoma a aka ho. Nea enti ne sɛ, krataa a yɛde yɛe no, yɛde ade bi duraa ho, enti wode wo nsa fa akyi a, wubehu sɛ ɛnyɛ toro. Ɛno boa ma mfoni a ɛwɔ nhoma no akyi no yi ne ho yiye. Nea yɛde adura krataa no ho no, ɛsan bɔ ho ban, efisɛ ɛmma ɛntetew ntɛm. Nanso ne bo yɛ den. Wode toto ade a yɛde dura nhoma afoforo ho a, wei bo kyɛn no mpɛn nnum. Enti Betel ahorow bi dii nsawɔso, na wonyaa bi a ne bo no ye kakra.

Krataa a ɛwɔ nhoma no akyi no, wɔde ade redura ho

 Adɛn nti na yɛfaa nnuraho a ne bo yɛ den no mmom? Onua bi a ɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ma Wɔprente Nneɛma no kyerɛɛ mu sɛ: “Yenim sɛ nhoma yi, nkurɔfo de bɛbɔ adwuma paa. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ no ɔkwan bi so a, sɛ ɛkyɛ wɔ obi nsam mpo a, daa wubehu no na ɛyɛ foforo.” Eduardo nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔprente yɛn nhoma wɔ Brazil Betel. Ɔka sɛ: “Sɛnea Yehowa asafo yɛɛ nhoma yi, ɛka koma paa. Wɔde nneɛma papa paa na ɛyɛe. Enti wohwɛ a ɛyɛ fɛ, wuso mu nso a, wuhu sɛ ɛyɛ papa, na wode yɛ adwuma kyɛ mpo a, ɛnyɛ dedaw. Ne nyinaa mu no, wɔde yɛn ntoboa dii dwuma yiye.”

Yɛprentee Nhoma No Wɔ Korona Bere Mu

 Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, March 2021 na yefii ase prentee. Saa bere no, na korona yare no gyina mu, enti yɛamfa no fo koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, saa bere no na yɛato Betel mu, enti anuanom a na wofi fie bɛboa wɔn a wɔprente nhoma no, na wontumi mma bio. Afei nso, na yentumi mfa anuanom foforo mmɛka Betel abusua no ho. Wei nti, mmeae a yɛprente nhoma wɔ Betel no bi wɔ hɔ a, na anuanom a ɛwɔ hɔ no sua. Mmeae no bi mpo wɔ hɔ a, aban mmara nti, na ɛsɛ sɛ yɛto mu kakra.

 Ɛyɛɛ dɛn na ɔhaw wei nyinaa akyi, yetumi prentee nhoma no? Bere a yefii ase prentee nhoma no, yɛmaa anuanom a ɛwɔ Betel dwumadibea afoforo no bi besoo yɛn asen. Joel a ɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ma Wɔprente Nneɛma no kaa sɛ: “Anuanom a wɔbɛboae no, wɔbɔɔ mmɔden suaa adwuma no yiye, na woyii wɔn yam yɛɛ no kamakama. Ɛno boa ma yetumi wiee adwuma no.”

 Ɔhaw wei nyinaa akyi, yɛrekasa yi, yɛatumi aprente Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no ɔpepem pii. Nneɛma a yehia na yɛde ayɛ nhoma no bi ne nnade ntrantraa a yɛakyerɛw nsɛm agu so a yɛde tintim nkrataa so, nnuraho a yɛde fa nhoma no akyi, nkrataa, ink anaa adubiri, ne gluu. Bere a yefii ase prentee nhoma no, abosome nnum a edi kan no, ɛka a yɛbɔɔ wɔ saa nneɛma yi nko ara ho no bɛboro U.S. dɔla ɔpepem 2.3. Nea ɛbɛyɛ a yɛremmɔ ka bebree no, nea nsafo ahorow no hia nko ara na yɛaprente.

“Wɔahyehyɛ Emu Nsɛm No Ama Ayɛ Fɛ Kɛkɛ”

 Nhoma foforo a yɛde sua Bible no, sɛn na anuanom ne Bible asuafo nyinaa hu no? Onua bi a ɔwɔ Australia a yɛfrɛ no Paul ka sɛ: “Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, wode reyɛ Bible adesua a, ɛyɛ dɛ sɛ. Ɛma m’ani gye sɛ me ne nkurɔfo bɛyɛ Bible adesua. Sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no wɔ nhoma no mu no, ɛyɛ kama paa, na ɛma wutumi ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ. Emu nsɛm no, wokan a emu da hɔ. Nsɛmmisa no nso, ɛma osuani no ka ne komam asɛm. Afei video, mfoni, ne botae a osuani no betumi de asi n’ani so nso wom. Wɔahyehyɛ emu nsɛm no ama ayɛ fɛ kɛkɛ, na aboa me ama me nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.”

 Bible suani bi a ɔwɔ United States ka sɛ: “Nhoma foforo no, m’ani gye ho paa. Mfoni a ɛwom no boa me ma mete nsɛntitiriw no ase yiye. Video a ɛwom no ka koma, na ɛboa me ma mede nea meresua no yɛ adwuma.” Seesei osua ade mprenu nnawɔtwe biara, na ɔkɔ asafo nhyiam da biara.

 Wogu so rekyerɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no ase akɔ kasa bebree mu, na wowie a, yɛbɛprente mpempem pii. Nea ɛwom mpo ne sɛ, ɛde besi saa bere yi, Akwankyerɛ Kuw no apene so sɛ, wɔnkyerɛ nhoma no ase nkɔ kasa 710 mu. Sɛ wode toto Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no ho a, kasa 340 na abɛka ho!

 Saa nhoma dodow a yɛreprente yi nyinaa, yɛyɛ dɛn tua ho ka? Ɛyɛ ntoboa a yɛde kɔboa wiase nyinaa adwuma no. Nnipa bebree de wɔn ntoboa no fa donate.pr418.com. Sɛnea mufi mo komam yi ntoboa no, yɛn ani sɔ paa. Ɛno na ɛboa yɛn ma yɛyɛ nhoma ne video ahorow a ɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Yehowa ho ade no, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛtena ase daa na wɔn ani agye.’—Dwom 22:26.

a Woyii no adi wɔ JW Broadcasting so bere a wɔreyɛ afe afe nhyiam no.