Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Nnwom a Ɛma Yɛbɛn Onyankopɔn

Nnwom a Ɛma Yɛbɛn Onyankopɔn

NOVEMBER 1, 2021

 Nnwom yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ. Sɛ yɛn werɛ how na yetie nnwom a, etumi ma yɛn ani gye. Nnwom a enni yɛn nnwom nhoma mu no, dwuma a edi ara no no. Epusuw yɛn na ɛhyɛ yɛn den. Ade foforo a ɛyɛ ne sɛ, ɛma yɛbɛn Yehowa.

 Efi afe 2014 reba no, nnwom a enni yɛn nnwom nhoma mu no, yɛayɛ bɛboro 70. Wɔannya koraa no, wubenya baako wɔ kasa bɛboro 500 mu! Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Henanom na wɔyɛ nnwom yi, na wɔyɛ no sɛn?’

Adwuma a Ɛkɔ So Ansa Na Yɛn Nsa Aka Nnwom Ahorow Yi

 Anuanom mmarima ne mmea 13 a wɔyɛ adwuma wɔ Ɔdio/Video Dwumadibea na wɔboa ma wɔyɛ nnwom ahorow yi ho ntotoe. Afei nso nhyehyɛe ne dwumadi biara a ɛfa nnwom no ho no, wɔn na wɔyɛ ho adwuma. Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a Ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw No Ase no na ɛhwɛ adwuma a saa anuanom yi yɛ so. Saa anuanom yi da nkyɛn a, Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no ama kwan sɛ anuanom afoforo a wɔwɔ aman ahorow so betumi aboa saa adwuma yi. Ebi hyehyɛ nnwom, ebi bɔ sanku, na ebi nso yɛ annwontofo. Saa anuanom yi de wɔn dom akyɛde reboa, na adwuma biara a wɔyɛ no, wonnye ɛho anuonyam biara.

 Nnwom a enni yɛn nnwom nhoma no mu no, wɔyɛ no sɛn? Nea edi kan koraa no, Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no hwɛ Bible mu asɛm a wobegyina so akyerɛw dwom no mu nsɛm ne sɛnea wɔpɛ sɛ anuanom te nka bere a wɔretie nnwom no. Wowie a wɔde ma anuanom a wɔyɛ nnwom ho adwuma wɔ Ɔdio/Video no. Wɔn nso yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom bɛkyerɛw dwom no mu nsɛm, na wɔahyehyɛ sanku a wɔde bɛto dwom no. Sɛ wɔyɛ weinom nyinaa wie a, wɔto dwom no, na wɔarekɔɔdo de akɔma Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no sɛ wontie nhwɛ. Sɛ Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no tie wie na wɔwɔ adwenkyerɛ anaa akwankyerɛ foforo bi a, na wɔde ama wɔn. Sɛ anuanom a wɔyɛ nnwom ho adwuma no nsa ka a, wɔyɛ nsakrae biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na wɔasan arekɔɔdo bio. Wowie a na wɔama annwontofo no ato nnwom no. Ebi wɔ hɔ a wɔto nnwom no wɔ Betel, na ebi nso wɔ hɔ a wɔto wɔ anuanom afie mu.

 Anuanom no de mfiri ahorow na ɛyɛ nnwom yi ho adwuma. Ebi yɛ mfiri a wɔde hyehyɛ nnwom mu nsɛm, nea wɔde ka nnwom mu nsɛm ne sanku bom, ne nea ɛkeka ho. Ɛno da nkyɛn a, wɔde guitar, twene, piano ne nea ɛkeka ho yɛ adwuma. Afei mfiri a wɔde yɛ adwuma no bi ne amplifiers, speakers, ne akasam. Akasam no bi wɔ hɔ a, ne bo yɛ US dollar 100 anaa 600 cedis, ebi nso boro US dollar 1,000 anaa 6000 cedis. Afe 2020 mu sei, yɛde US dollar 116,000 anaa 695,826 cedis tɔɔ mfiri a yɛde rekɔɔdo nnwom.

 Dɛn na yɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe sika pii? Ade baako ne sɛ, sɛ anka yɛbɛma anuanom a wɔyɛ nnwom no ho adwuma nyinaa abɛyɛ adwuma wɔ Betel no, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma no bi wɔ hɔ a, wɔyɛ adwuma wɔ fie. Afei nso, sɛ anka yɛbɛboaboa anuanom bebree ano ama wɔato dwom bi anaa wɔabɔ ho sanku no, anuanom a wɔyɛ nnwom ho adwuma no taa de mfiri yɛ saa nnwuma no nyinaa.

“Mitie a, Ɛhyɛ Me Gyidi Den”

 Anuanom ani gye nnwom a enni yɛn nnwom nhoma mu no ho paa. Onuawa bi a ɔde Tara a ɔte Germany kaa sɛ: “Sɛ dadwen hyɛ me so, na mitie nnwom yi bi a, ɛma m’akoma tɔ me yam. Sɛ mitie nnwom no wɔ me kurom kasa mu a, ɛma mete nka sɛ Yehowa ayɛ me atuu.” Onua bi a ɔte Kazakhstan a yɛfrɛ no Dmitry kaa sɛ: “Nea ɛma m’ani gye saa nnwom yi ho ne sɛ, sɛ meretie a, minnwen ho sɛ emu nsɛm no ye anaa enye. Ɛno da nkyɛn a, ɛboa me ma midwinnwen nneɛma pa ho.”

 Delia a ɔwɔ South Africa nso kaa sɛnea ɔte nka wɔ nnwom yi ho. Ɔkaa sɛ: “Mitie a, ɛhyɛ me gyidi den. Bere biara a mɛyɛ bosaa anaa mehyia ɔhaw bi no, minya nnwom no mu bi a ɛfa m’asɛm no ho. Sɛ me werɛ ahow mpo na mitie a, ɛma m’ani gye. Sanku a ɛda nnwom no ase kɛkɛ mpo ma me ho san me!”

 Nnwom no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ ebinom dɛ paa. Lerato a ɔno nso wɔ South Africa ka sɛ: “Nnwom a yɛato din ‘Aba Mu Awie’ ne ‘Wiase Foforo No Ni’ sei, da biara a metie no, na ayɛ me sɛ mewɔ paradise, na wɔanyan me maame ama mereyɛ no atuu.”

 Nnwom no mu baako boaa ababaa bi a ɔwɔ Sri Lanka. Ose: “Da koro bi me tikya dwoodwoo me wɔ me sukuufo anim, efisɛ meyɛ Yehowa Danseni. Ná misuro, na na minhu nea menka. Mebaa fie no, me maame ka kyerɛɛ me sɛ, mintie nnwom a yɛato din ‘Sua Ade Daa Nyinaa’ no. Nnwom no mu nsɛm boaa me paa. Ɛma mihuu sɛ metumi asua ade ayɛ nhwehwɛmu na ɛyɛ a maka me gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Ade kyee no, mekɔkaa me gyidi ho asɛm kyerɛɛ me tikya no. Ɔyɛɛ aso tiee me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, afei na wahu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ ankasa. Meda Yehowa asafo no ase sɛ, wɔayɛ nnwom kamakama a ɛhyɛ gyidi den yi ama yɛn.”

 Ɛhe na yenya sika de yɛ nnwom ahorow yi? Ntoboa a anuanom yi de boa wiase nyinaa som adwuma no, ebi na yɛde yɛ saa adwuma yi. Dodow no ara fa donate.pr418.com so na ɛyɛ saa. Yɛda mo ase paa sɛ muyi mo yam yi ntoboa de boa.