Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Ntotoe a Yɛyɛe Wɔ Ahenni Asa Ahorow So Na COVID-19 Yare No Antrɛw

Ntotoe a Yɛyɛe Wɔ Ahenni Asa Ahorow So Na COVID-19 Yare No Antrɛw

OCTOBER 1, 2022

 “Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ, Akwankyerɛ Kuw no asi gyinae sɛ, efi April 1 no, nsafo nyinaa betumi afi ase ahyiam ayɛ adesua wɔ Ahenni Asa so, gye sɛ ebia aban a ɛwɔ mo hɔ no mma kwan.” Wɔde saa asɛm yi too gua wɔ jw.org wɔ March 2022 mfiase pɛɛ. Wei maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ani gyei paa. Nanso na COVID-19 nsanyare kodiawu no nkɔe. a Enti nneɛma bɛn na na ebehia, na nsakrae bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so na abɔ wɔn a wɔbɛba adesua no ho ban afi yare no ho? Ade yi, bɛyɛ sɛ mfe mmienu na yɛnkɔɔ Ahenni Asa so, enti ebia wubebisa sɛ, na biribiara betumi atotɔ yiye ama yɛasan akɔ adesua sɛnea na ɛte kan no?

 Nea ɛwom ne sɛ, na anuanom de abosome pii afi ase retoto nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asan ahyiam wɔ Ahenni Asa so.

Ɛsono Baabiara Ne Nea Na Wɔhia

 Yegyaee adesuakɔ wɔ Ahenni Asa so wɔ afe 2020 mu no, bosome akyi pɛpɛɛpɛ na anuanom a wɔwɔ Wiase Nyinaa Adansi Dwumadibea a ɛwɔ Warwick, New York no fii ase susuw sɛnea yɛde yɛn Ahenni Asa yɛ adwuma no ho. Esiane COVID-19 yare no nti, na wɔpɛ sɛ wɔhu nneɛma a wɔbetumi ayɛ wɔ mmeae a yehyiam som no na abɔ anuanom ho ban.

 Ɔman biara ne sɛnea ɛhɔ te, enti nea ɛbɛboa ɔman bi no, ebia na ammoa ɔman foforo. Onua bi a yɛfrɛ no Matthew De Sanctis a ɔyɛ adwuma wɔ Wiase Nyinaa Adansi Dwumadibea no kaa sɛ: “Aman bi wɔ hɔ a, wɔn haw ne sɛ na wɔnni mmeae a wɔbɛhohoro wɔn nsa wɔ Ahenni Asa so. Afei nso Ahenni Asa no bi wɔ hɔ a, na wɔnni nsu wɔ hɔ. Mmeae a ɛte saa no, ɛyɛ a anuanom kɔtɔ nsu anaa wɔkɔsaw bi fi asubɔnten anaa abura mu. Aman bi nso wɔ hɔ a, aban no sesaa mmara a wɔahyehyɛ afa sɛnea wɔde air-condition di dwuma no mu, na wɔkyerɛɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw fa akwahosan ne ahonidi ho de bobɔ mmeaemmeae.”

 Saa tebea ahorow yi nyinaa, dɛn na anuanom yɛɛ wɔ ho? Matthew san kaa sɛ, yehuu sɛ Ahenni Asa bebree wɔ hɔ a, “yebetumi ayɛ nneɛma nketenkete bi wɔ hɔ ama yɛanya nea yɛrehwehwɛ no a yɛremmɔ ka pii.” Sɛ wokɔ Papua New Guinea sei a, anuanom de galɔn akɛse a pipe bobɔ ho sisii Ahenni Asa so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛhohoro wɔn nsa. Ahenni Asa a ɛwowɔ nkuraase wɔ saa ɔman no mu no, baako biara, ɛka a wɔbɔɔ wɔ ho bɛyɛ sɛ Amerika dɔla 40 pɛ. Afei nso, adwumakuw bi wɔ Asia a wɔtontɔn ade a yegyina ho hohoro yɛn nsa. Ɛyɛ papa, na etumi kyɛ. Anuanom kraa mmaako mmaako 6,000 ne akyi de kɔmaa anuanom a ɛwɔ Afrika ma wɔde kɔɔ wɔn Ahenni Asa so.

Awofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbedi wɔn ho ni na ama wɔn mma asuasua

 Nsakrae ahorow a wɔyɛe no bi nso ne sɛ, fan anaa abɔmframa, ne mfiri a ɛtwe mframa pa ba dan mu no, wɔde bi bobɔɔ Ahenni Asa so, na nea ɛnyɛ adwuma yiye nso, wɔsesaa no. Afei nso akasam a yɛde fa anuanom anim no, nea ɛbɛyɛ a nnipa bebree rensuso mu no, nsafo bebree totɔɔ nnade atenten a wɔde akasam no bɛhyɛ so de afa anuanom anim. Nneɛma a anuanom taa de wɔn nsa suso mu te sɛ apon nsa ne pipe ti a yekyim ma nsu ba nso, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtaa de aduru afofa ho na amma yare antrɛw. Wɔhwɛe nso sɛ wɔremma saa nneɛma a anuanom suso mu no nnɔɔso wɔ Ahenni Asa so. Nea nsafo bi nso yɛe ne sɛ, wɔkɔtotɔɔ pipe soronko bi de bobɔɔ wɔn agyananbea ne wɔn adwonsɔe. Saa pipe no de, yɛmfa yɛn nsa nso mu. Nea ehia ara ne sɛ wode wo nsa bɛhyɛ ase, na nsu no ara reba. Wokɔ Chile a, saa nsakrae yi a yɛyɛe nti, Ahenni Asa biara, yɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɛka a yɛbɔɔ wɔ ho yɛ Amerika dɔla 1,400.

Ná wɔmma anuanom nsuso akasam no mu

 Ɛwom, nea na ehia anuanom paa ne sɛ wɔbɛyɛ ntotoe biara a ehia wɔ Ahenni Asa so na yare antrɛw, nanso wɔsan hwɛe sɛ wɔrensɛe asafo sika. Aman bi wɔ hɔ a, nneɛma bi wɔ hɔ a sɛ obi kra a, aban no nnye tow wɔ ho. Aman a ɛte saa no, anuanom a ɛwɔ hɔ de saa hokwan no kraa ade a yegyina ho hohoro yɛn nsa ne nnade atenten a yɛde akasam hyɛ so, enti wɔammɔ ho ka bebree. Betel ahorow bi nso kaa wɔn ho boom totɔɔ saa nneɛma yi bebree sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya no atufoɔ bo. Betel ahorow ne Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma Ma Asafo No, na wɔtaa totɔ saa nneɛma yi fi nnwumakuw a wɔyɛ no hɔ tẽẽ. Wei maa ɛbo no so tewee, na ɛmaa wɔn nsa kaa nneɛma no nso ntɛm.

Aduru a yɛde fofa yɛn nsa ho

‘Ɛkaa Me Koma Too Me Yam, Enti Na Minsuro’

 Ntotoe a anuanom yɛɛ wɔ Ahenni Asa so na amma yare antrɛw no, ɛbɔɔ wɔn a wɔfii ase kɔɔ adesua wɔ hɔ no ho ban. Ɛsan maa wɔn awerɛhyem sɛ, wɔbetumi akɔ hɔ a wɔrennya yare no bi. Onuawa bi a ɔde Dulcine a ɔwɔ Peru ka sɛ, bere a ɔtee sɛ yɛrebɛsan akɔ adesua wɔ Ahenni Asa so no, na ‘osuro kakra.’ Ɔkaa sɛ, “COVID-19 yare no yii ne ti no, ankyɛ koraa na minyaa bi. Enti bere a wɔkaa sɛ yɛnsan nkɔ Ahenni Asa so no, na me tirim ntene me koraa, efisɛ na misuro sɛ anhwɛ a na masan akonya yare no bio. Nanso mikoduu Ahenni Asa so no, mihui sɛ mpanyimfo no de nneɛma pii agu akwan mu a ɛbɛbɔ yɛn ho ban. Ebi ne sɛ, na nnuru a yɛde fofa yɛn nsa ho bobɔ hɔ, na na wɔde akasam a yɛde fa anuanom anim no nso ahyehyɛ nnade atenten so. Ná wɔasan ayɛ nhyehyɛe sɛ, ansa na adesua befi ase no, yɛde aduru bɛpopa hɔ nyinaa, na yɛpɔn nso a yɛayɛ saa ara. Wei nyinaa kaa me koma too me yam, enti na minsuro.” b

Wɔde aduru refofa mmeae bi wɔ Ahenni Asa so

 Onuawa bi a yɛfrɛ no Sara a ɔwɔ Zambia de, na ne haw yɛ soronko. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Abosome kakra a atwam no, COVID-19 yare no kum me kunu. Nea na ɛhaw me paa ne sɛnea me nko ara mɛkɔ Ahenni Asa so a me kunu nka me ho.” Nanso sɛn na nneɛma kɔe? Ɔkaa sɛ: “Asafo nhyiam a yɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no ama mahu paa sɛ, Yehowa ka yɛn ho wɔ awiei mmere yi mu. Seesei mete nka paa sɛ, nkuranhyɛ ne mmoa a mihia fi mpanyimfo no ne me nuanom hɔ no, me nsa ka paa. Wɔakyerɛ sɛ wɔdɔ me.”

Wɔn ani agye sɛ wɔasan abehyiam wɔ Ahenni Asa so

 Yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no, ɛyɛ wɔn dɛ paa sɛ wɔasan anya kwan rekɔ adesua wɔ Ahenni Asa so. Yɛda mo ase wɔ ntoboa a muyi no ho; mo mu bebree de mo ntoboa fa donate.pr418.com so. Saa ntoboa yi boa yɛn ma yɛyɛ ntotoe biara a ehia na ama mmeae a yekohyiam som Yehowa no ayɛ ahomeka, na obi kɔ hɔ nso a, wate nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ.

a Wɔn a biribi nti na wɔntumi nkɔ adesua wɔ Ahenni Asa so no, sɛ na nhyehyɛe wɔ hɔ sɛ wɔbetumi atie dwumadi no bi wɔ videoconference anaa tɛlefon so a, na wɔyɛ no saa.

b Ade foforo a wɔyɛe ne sɛ, wɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ, ɔreba Ahenni Asa so a, ɔnhyɛ nose mask.