Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Sɛnea Yɛboa Wɔn a Atoyerɛnkyɛm Ama Wɔakɔ Ahokyere Mu

Sɛnea Yɛboa Wɔn a Atoyerɛnkyɛm Ama Wɔakɔ Ahokyere Mu

FEBRUARY 1, 2021

 Afe 2020 mu no, atoyerɛnkyɛm pii sisii wɔ aman bebree so. Saa afe no ara mu na COVID-19 nsanyare kodiawu no nso yii ne ti. Wɔn a wɔn ho kae no, dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ de aboa wɔn?

 Afe 2020 ɔsom afe a no mu no, Akwankyerɛ Kuw no Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no penee so ma wɔde dɔla b ɔpepem 28 boaa wɔn a atoyerɛnkyɛm ma wodii amia no. Yɛde saa sika yi boaa nnipa a atoyerɛnkyɛm 200 ne akyi ne COVID-19 yare no dii wɔn nya no. Atoyerɛnkyɛm a yɛreka ho asɛm yi, ebi yɛ mframa gyampantrudu a ɛbɔ sɛee nneɛma wɔ aman bi so, nsuyiri a esii wɔ Africa, ɔkɔm a ɛtew sii Venezuela, ne ɔpɛ a esii wɔ Zimbabwe. Saa mmeae yi nyinaa, yɛde ntoboa a anuanom yi no kɔboaa wɔn a wɔn ho kae no. Yɛde sika no bi tɔɔ nnuan, nsu, ntaade, nnuru, na yɛde bi boaa wɔn a na wohia baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Yɛde bi nso totɔɔ nea wɔde besiesie nneɛma a asɛe, ne nea wɔde besiesie fie apopa hɔ. Wo de, ma yɛnhwɛ nea yɛyɛ de boaa anuanom no bi.

 COVID-19. Yɛn nuanom a ɛwɔ wiase baabiara no, COVID-19 yare no haw wɔn yiye. Ɛmaa ebinom sikasɛm sɛee, ɛkɔfaa dadwen bɛtoo ebinom so, na ebi mpo de, wonyaa yare no bi ankasa. Wei nti, yɛtee Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu mmaako mmaako 800 ne akyi wɔ wiase baabiara. Saa boayikuw yi de wɔn ani too fam hwɛɛ nea yɛn nuanom hia. Sɛ wohu biribi a, ntɛm ara na wɔbɔ Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no amanneɛ, na wɔn nso ahwɛ nea wobetumi ayɛ de aboa.

 Afe 2020 mu no, boayikuw ahorow a ɛde mmoa ma wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no boaa anuanom pii maa wɔn nsa kaa aduan, nsu, ahonidi ho akade, ne nnuru. Aman bi so no, saa boayikuw yi ne asafo mu mpanyimfo a ɛwɔ hɔ dii nsawɔso hwɛɛ sɛnea wɔbɛma anuanom nsa aka mmoa a aban de ma ɔmanfo no bi.

 Wɔn a wɔnyɛ Adansefo mpo huu adwuma pa a na yɛreyɛ no. Wohwɛ Zambia sei a, aban panyin baako a yɛfrɛ no Field Simwinga a ɔyɛ adwuma wɔ Nakonde ka kyerɛɛ yɛn nuanom sɛ: “Yɛhwɛ sɛnea moyɛɛ ntɛm bɛboaa mmusua a wɔn ho aka no a, yenhu nea yɛnyɛ mfa nna mo ase.”

 Ɔkɔm a Ɛtew Sii Angola. COVID-19 yare no maa aduan ho kɔɔ atwee wɔ Angola. Enti aduan bo bɛyɛɛ den paa. Yɛn nuanom pii wɔ hɔ a, ɛbɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano.

Wɔde nnuan fii Brazil kɔɔ Angola

 Ɛbaa saa no, ahyehyɛde no too Brazil Betel nkra sɛ, wɔnhyehyɛ nnuan wɔ nnaka mu, na wɔmfa nkɔma yɛn nuanom a wɔwɔ Angola no. Nea ɛbɛyɛ na wɔde asafo sika adi dwuma yiye no, wɔtoo wɔn bo ase yɛɛ nhwehwɛmu huu sɛ, sɛ wɔantɔ nnuan no sɔpe sɔpe na wɔtɔ pii bom a, ɛremma wɔmmɔ ka mmoro so. Enti saa na wɔyɛe. Nnaka a wɔhyehyɛɛ nnuan wom no, wuyi baako biara a, nnuan a na ɛwom ne ɛpo so a wɔde fae no, ne nyinaa ho ka kosii dɔla 22 pɛ. Nnuan a na ɛwɔ ebiara mu no, emu duru bɛyɛ sɛmɛnte kotoku fã (kilogram 20). Nnuan no bi yɛ ɛmo, adua (anaa beans), ne anwa. Ɛde besi nnɛ, nnaka a ɛte saa 33,544 na yɛde akɔma anuanom. Woka ne nyinaa bom a, emu duru bɛyɛ kar nketewa mmaako mmaako 650 a yɛaka abom. Sɛ wode saa nnuan yi ka nnuan a anuanom a ɛwɔ Angola hɔ ara de kɔboaa wɔn nuanom no ho a, nnipa bɛboro 50,000 na wonyaa saa mmoa yi so mfaso!

 Mmoa a yɛn nuanom nsa aka yi, wɔte nka sɛn wɔ ho? Tie nea onua bi a yɛfrɛ no Alexandre kae. Ɔte Angola. Ɔkaa sɛ: “Nea me nsa aka no ama mabehu sɛ me nso, Yehowa dɔ me, na ɛnkaa me nko ara. Mihu sɛ mesom bo ma n’ahyehyɛde no!” Mariza nso yɛ ɛna a ɔno nko ara retete mma. Ɔkaa sɛ: “Yehowa ahu me nisu. Meda ɔne n’ahyehyɛde no ase paa!”

Anuanom a ɛwɔ Angola no ani sɔ nneɛma a wɔn nsa kae no paa

 Ɔpɛ a Esii Wɔ Zimbabwe. Afe 2020 ɔsom afe no mu no, ɔpɛ fitaa bi sii wɔ Zimbabwe, na ɛmaa ɔkɔm dosaw nnipa ɔpepem pii. Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ ɔman no mu nso amfa wɔn ho anni.

 Wɔtew Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu nnum, na wɔnam so kyekyɛɛ aduan maa anuanom. Adawurubɔfo bebree sɔɔ mu ma wɔboaboaa nnuan ne nneɛma a wɔde kɔboaa anuanom no ano. Ebi nso de wɔn kar fɛm asafo no sɛ wɔmfa nsoa nneɛma no nkɔ. c Afe 2020 ɔsom afe no nko ara mu no, yɛde dɔla 691,561 boaa nnipa 22,700 maa wɔn nsa kaa aduan a wobedi!

Wɔde aduan akɔma anuanom a ɛwɔ Zimbabwe (wei yɛ bere a na yare no nnya mmae no)

 Anuanom binom nso wɔ hɔ a, bere a aduan a efi asafo hɔ bedui no, na wɔn ho aduan nyinaa asa. Enti aduan no bedui no, woyii Yehowa ayɛ paa. Wɔn mu bi mpo fii ase huw asafo nnwom.

 Kurow baako so no, kuw bi a ɛnhyɛ aban ase baa hɔ sɛ wɔrebɛkyekyɛ aduan ama ɛhɔfo. Enti kurom hɔfo hyia hwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akyekyɛ aduan no. Ná yɛn nuanom mmea baanu a wɔyɛ akunafo wɔ hɔ bi. Nanso eduu baabi no, na ɛreyɛ adan amanyɔsɛm. Enti anuanom mmea no kaa sɛ, saa na ɛbɛyɛ de a wɔrentumi nnye bi, enti wɔrekɔ. Wɔmaa wɔn mu so a wɔrekɔ no, nkurɔfo no ka kyerɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na moansi ha sɛ morebegye aduan biara!” Nanso nnawɔtwe mmienu akyi pɛpɛɛpɛ, anuanom kɔɔ hɔ de aduan kɔmaa anuanom mmea yi. Wɔn aduan no bae no, na saa nkurɔfo no de mpo nnya mmae!

“Yehowa nni n’asomfo huammɔ da”—Prisca

 Mmoa a yɛde kɔmaa anuanom a na wɔakɔ ahokyere mu wɔ Zimbabwe no, ɛyɛɛ adansedi kɛse paa. Wo de, hwɛ Prisca asɛm yi. Ɔte akuraa bi ase. Ɔpɛ a na asi no nti, na nneɛma mu ayɛ tawee wɔ hɔ. Nanso Wukuda ne Fida biara na Prisca kɔ asɛnka. Eduu bere a wofuntum asaase dua nnɔbae no nyinaa, asɛnka no ara. Enti na ɛhɔfo serew no ka kyerɛ no sɛ: “Wosɔre a, nea aka wo ara ne nkyerɛkyerɛ. Ɔkɔm rebekum wo ne w’abusua.” Wɔka saa a, na Prisca ayi wɔn ano sɛ: “Yehowa nni n’asomfo huammɔ da.” Ankyɛ koraa na aduan a asafo no rekyekyɛ no, Prisca nsa kaa ne de. Ne mpɔtam hɔfo huu saa no, ɛkaa wɔn mu bi paa. Wɔka kyerɛɛ Prisca sɛ: “Yɛahu sɛ Onyankopɔn nnii wo huammɔ, enti yɛn nso yɛpɛ sɛ yesua ne ho ade.” Seesei, wɔn mu nson tie asafo nhyiam a wɔbɔ wɔ radio so no bi.

 Yegu so ara rebɛn wiase awiei yi de, atoyerɛnkyɛm bɛkɔ so ara asisi. (Mateo 24:3, 7) Yɛn ani sɔ ntoboa a mofa donate.pr418.com so yi no paa. Ɛboa yɛn ma yɛde nea yɛn nuanom hia kɔma wɔn wɔ bere ano.

a Afe 2020 ɔsom afe no fii ase September 2019 de kosii August 2020.

b Dɔla a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Amerika dɔla.

c Esiane COVID-19 ho nsɛmnsɛm nti, na ɛsɛ sɛ yɛn nuanom srɛ kwan fi aban no hɔ ansa na wɔatumi de aduan akɔma nkurɔfo. Ne nyinaa mu no, wɔhwɛe sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban na wɔannya yare no bi.