Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papayɛ—Wobɛyɛ Dɛn Asua?

Papayɛ—Wobɛyɛ Dɛn Asua?

OBIARA pɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ ɔyɛ nipa pa. Nanso ɛnnɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ papa wɔ wiase yi mu. Ade baako nti a ɛte saa ne sɛ nnipa pii ‘mpɛ papa.’ (2 Tim. 3:3) Wɔmfa Yehowa mmara nyɛ adwuma; nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ papa no, wɔka sɛ ɛyɛ “bɔne,” na nea ɔka sɛ ɛyɛ bɔne no, wɔka sɛ ɛyɛ “papa.” (Yes. 5:20) Afei nso, nea yɛafa mu wɔ yɛn asetenam ne yɛn sintɔ ma etumi yɛ den sɛ yɛbɛyɛ papa. Ebia yɛbɛte nka te sɛ Anne. * Onuawa yi asom Yehowa mfe pii, nanso ɔka sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ meyɛ nipa pa.”

Anigyesɛm ne sɛ, yɛn nyinaa betumi ayɛ papa! Onyankopɔn honhom kronkron na ɛma yenya saa suban no. Biribiara a efi yɛn ankasa anaasɛ wiase no a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ papa no, Onyankopɔn honhom kronkron no ano yɛ den sen no. Ma yɛnhwɛ nea papayɛ kyerɛ pa ara, na yenhu sɛnea yebetumi ada saa suban yi adi yiye.

DƐN NE PAPAYƐ?

Nea papayɛ kyerɛ ara ne sɛ obi bɛyɛ papa anaa adepa. Ɛkyerɛ sɛ ɔbɔ ɔbra pa, ɔda suban pa adi, na ɔnyɛ nneɛma bɔne. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ onipa pa a, bere nyinaa ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so aboa afoforo, na ɔyɛ nneɛma pa ma wɔn.

Ebia woahu sɛ ɛnyɛ den mma ebinom sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa ama wɔn mmusua ne wɔn nnamfo, nanso weinom nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa anaa? Ɛwom, yɛrentumi nyɛ adepa bere nyinaa, efisɛ Bible ka sɛ “ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnk. 7:20) Ɔsomafo Paulo kaa no pen sɛ: “Minim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu de, biribi pa biara nte mu.” (Rom. 7:18) Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yesua saa suban no a, ntease wom sɛ yebesua afi Yehowa a ɔma yɛyɛ papa no hɔ.

“YEHOWA YE”

Yehowa Nyankopɔn na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wuye na woyɛ adepa. Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.” (Dw. 119:68) Ma yɛnhwɛ Yehowa papayɛ no afã mmienu a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu.

Yehowa ye. Papayɛ ka Yehowa suban ho; ɔnkɔ nnya hɔ. Yɛnhwɛ nea esii bere a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma wode w’ani ahu me papayɛ nyinaa.” Bere a Yehowa maa Mose huu n’anuonyam ne ne papayɛ no, Mose tee saa asɛm yi: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso. Oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi, nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni.” (Ex. 33:19; 34:6, 7) Wei ma yehu sɛ Yehowa ye ankasa wɔ biribiara mu. Sɛ yɛreka onipa a ɔyɛɛ papa pa ara a, ɛyɛ Yesu, nanso ɔkaa sɛ: “Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.”—Luka 18:19.

Yɛhwɛ Yehowa abɔde a, yehu ne papayɛ

Yehowa nnwuma ye. Biribiara a Yehowa yɛ no, ɛyɛ papa. Bible ka sɛ: “Yehowa ye ma nnipa nyinaa na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.” (Dw. 145:9) Esiane sɛ Yehowa ye na ɔnyɛ nyiyim nti, ɔma nnipa nyinaa nkwa ne nea ɛbɛboa wɔn ma wɔatena nkwa mu. (Aso. 14:17) Ade foforo a ɔyɛ a ɛkyerɛ sɛ oye ne sɛ, ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “O Yehowa, wuye, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri.” (Dw. 86:5) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, “Yehowa de, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnantew teeyɛ mu no.”—Dw. 84:11.

‘SUA PAPAYƐ’

Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, enti yebetumi asuasua no. Wei kyerɛ sɛ yebetumi ayɛ nnipa pa na yɛayɛ nneɛma pa. (Gen. 1:27) Enti, Onyankopɔn nam n’Asɛm so ka kyerɛ n’asomfo sɛ “wonsua papayɛ.” (Yes. 1:17) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn asua papayɛ? Yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so ayɛ saa.

Nea edi kan, yebetumi abɔ mpae ahwehwɛ honhom kronkron; ebetumi aboa Kristofo ama wɔayɛ ade a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa. (Gal. 5:22) Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛn ani agye papa ho na yɛakyi bɔne. (Rom. 12:9) Nokwasɛm ne sɛ, Bible ka sɛ Yehowa betumi ama ‘yɛagyina pintinn wɔ asɛm ne adwuma pa biara mu.’—2 Tes. 2:16, 17.

Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a ɔma wɔde ne honhom kyerɛwee no. Yɛyɛ saa a, Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn “papayɛ akwan nyinaa” na wasiesie yɛn “ama adwuma pa biara.” (Mmeb. 2:9; 2 Tim. 3:17) Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, yɛde nneɛma pa a ɛfa Onyankopɔn ne n’apɛde ho hyɛ yɛn koma mã. Yɛyɛ saa a, na yɛde nneɛma pa pii resie yɛn komam, na ɛbɛboa yɛn akyiri yi.—Luka 6:45; Efe. 5:9.

Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ ‘yebesua papa.’ (3 Yoh. 11) Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu wɔn a yebetumi asuasua wɔn. Wɔn a ɛfata sɛ yesuasua wɔn pa ara ne Yehowa ne Yesu. Yebetumi nso asuasua afoforo a na wonim wɔn sɛ wɔyɛ nneɛma pa ma nkurɔfo. Saa nkurɔfo no mu mmienu a ebia wɔn ho asɛm bɛba yɛn tirim ne Tabita ne Barnaba. (Aso. 9:36; 11:22-24) Sɛ wusua wɔn ho ade a, ɛbɛboa wo. Bere a woreyɛ saa no, hyɛ nneɛma pa a wɔyɛ de boaa afoforo no nsow. Dwen nea wubetumi ayɛ de aboa w’abusuafo anaa w’asafo mufo a wohia mmoa ho. Nneɛma pa a Tabita ne Barnaba yɛe no, wonyaa so mfaso. Ɛyɛ a hyɛ ɛno nso nsow. Wusuasua wɔn a, wubetumi anya so mfaso.

Afei nso, yebetumi adwinnwen wɔn a wɔyɛ papa nnɛ ho. Wɔn mu bi ne asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden na ‘wɔpɛ papayɛ’ no. Wɔn a ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi wɔn nso ne anuanom mmea anokwafo a wɔnam wɔn kasa ne wɔn nneyɛe so ‘kyerɛ ɔkyerɛ pa’ no. (Tito 1:8; 2:3) Onuawa bi a ne din de Roslyn ka sɛ: “M’adamfo bi yɛ nea obetumi biara boa afoforo wɔ asafo no mu na ɔhyɛ wɔn nkuran. Ɔde n’ani to fam hwɛ nea wɔrefa mu, na mpɛn pii no, ɔkyɛ wɔn biribi kakra, anaa ɔyɛ nneɛma foforo de boa wɔn. Mihu sɛ ɔyɛ onipa pa ankasa.”

Yehowa hyɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ papa.’ (Amos 5:14) Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa ho, na ɛbɛsan ahyɛ yɛn nkuran pa ara ama yɛayɛ papa.

Yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nipa pa na yɛayɛ papa

Yɛpɛ sɛ yɛyɛ papa a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma akɛseakɛse anaa yɛtɔ nneɛma a ne bo yɛ den ma nkurɔfo. Mfatoho bi ni: Woahu obi a ɔreyɛ mfoni a ɔde borɔɔs (brush) twiw so baako anaa mmienu ara pɛ na wawie? Minnye nni, mmom ɔde betwiw so mpɛn pii ansa na wawie mfoni no. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛyɛ nneɛma nketenkete ma afoforo a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa pa.

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensiesie’ yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ papa. (2 Tim. 2:21; Tito 3:1) Sɛ yɛde yɛn ani to fam hwɛ nea afoforo refa mu a, yebehu “nea eye” a ɛbɛsɔ yɛn yɔnko ani ‘ama wayɛ den,’ na yɛayɛ ama no. (Rom. 15:2) Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛwɔ biribi a, yebetumi ama afoforo bi. (Mmeb. 3:27) Yebetumi ato nsa afrɛ obi ama yɛne no adi biribi kakra anaa yɛne no abɔ nkɔmmɔ ahyehyɛ yɛn ho nkuran. Sɛ yenim sɛ obi yare a, yebetumi akyerɛw krataa akɔma no, yɛakɔsra no, anaa yɛne no akasa tɛlɛfon so. Yebetumi anya akwan pii a yɛbɛfa so aka ‘asɛm a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.’—Efe. 4:29.

Sɛnea Yehowa yɛ no, yɛn nso yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ nnipa nyinaa papa. Enti, yɛnyɛ nyiyim. Ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa. Sɛnea Yesu kaa sɛ yɛnyɛ no, wɔn a wɔtan yɛn mpo, yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa. (Luka 6:27) Papa biara nni hɔ a wuyi wo yam yɛ a woadi mfomso, efisɛ “mmara biara ntia eyinom.” (Gal. 5:22, 23) Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye anaa yɛrehyia ɔhaw mpo na sɛ yɛyɛ papa a, yebetumi atwetwe afoforo aba nokware no mu na yɛayi Onyankopɔn ayɛ.—1 Pet. 3:16, 17.

YƐYƐ PAPA A YENYA SO MFASO

Bible ka sɛ: “Onipa pa nneyɛe so aba bɛmee no.” (Mmeb. 14:14) Papayɛ so mfaso no bi ne sɛn? Sɛ yɛyɛ afoforo papa a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔn nso ne yɛn bedi no yiye. (Mmeb. 14:22) Sɛ nkurɔfo ne yɛn nni no yiye mpo, na yɛkɔ so yɛ wɔn papa a, ebetumi ama wɔasesa wɔn suban na wɔne yɛn adi no yiye.—Rom. 12:20.

Sɛ yɛyɛ papa na yegyae bɔne yɛ a, yɛn ankasa nya so mfaso. Anuanom pii ka sɛ wɔahu sɛ saa na ɛte. Yɛnhwɛ Nancy. Ɔka sɛ: “Me mmabaaberem no, na hwee mfa me ho, na me bra asɛe, na na mimmu ade nso. Nanso, bere a mihuu nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa na mede bɔɔ me bra no, m’ani gyei pa ara. Seesei midi me ho ni, na nkurɔfo bu me.”

Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yesua papayɛ ne sɛ, yɛyɛ saa a ɛma Yehowa ani gye. Sɛ yɛyɛ papa na nnipa pii nhu mpo a, Yehowa de ohu. Adepa biara a yɛbɛyɛ anaa adwempa biara a yebenya no, Yehowa hu. (Efe. 6:7, 8) Dɛn na efi mu ba? Bible ka sɛ: “Onipa pa nya Yehowa anim dom.” (Mmeb. 12:2) Enti, momma yɛnkɔ so nsua papayɛ. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “anuonyam ne nidi ne asomdwoe da hɔ ma obiara a ɔyɛ adepa.”—Rom. 2:10.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.