Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 12

Munnya Tema Mma Afoforo

Munnya Tema Mma Afoforo

“Mo nyinaa . . . munnya tema.”—1 PET. 3:8.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea 1 Petro 3:8 ka no, nkurɔfo a wɔwɔ tema ma yɛn na wɔpɛ sɛ esi yɛn yiye no, yɛn ani gye ho sɛ yɛne wɔn bɛbɔ. Adɛn ntia?

YƐN ani gye ho sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ tema ma yɛn na wɔpɛ sɛ esi yɛn yiye bɛbɔ. Biribi to yɛn a, wɔfa no sɛ ɛyɛ wɔn na ato wɔn, kyerɛ sɛ, wohu nea yɛrefa mu ne sɛnea yɛte nka. Ɛtɔ da a, wodi kan hu nea yehia, na yemmisa wɔn mpo ansa na wɔaboa yɛn. Nkurɔfo a wɔda no adi sɛ wɔwɔ “tema” * ma yɛn no, yɛn ani sɔ wɔn.—Kenkan 1 Petro 3:8.

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi anya tema ama afoforo?

2 Nea Kristofo nyinaa pɛ ne sɛ yebenya tema ama afoforo. Nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a, ɛnna fam, gye sɛ yɛyere yɛn ho. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, yɛtɔ sin. (Rom. 3:23) Wei ma yɛtaa dwen yɛn nko ara ho, enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi adwen afoforo ho. Afei nso, yɛn mu bi wɔ hɔ a ntetee a yenyae ne nneɛma a yɛafa mu nti, gye sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi anya tema ama afoforo. Nea etwa to no, nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nneyɛe nso betumi aka yɛn. Nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii nnwen sɛnea afoforo te nka ho. Mmom, wɔyɛ “ahopɛ.” (2 Tim. 3:1, 2) Ɔhaw ahorow yi a ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya tema ama afoforo no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi adi so?

3. (a) Yɛbɛyɛ dɛn anya tema kɛse ama afoforo? (b) Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ yesuasua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo a, yebetumi anya tema kɛse ama afoforo. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, na sɛnea odwen afoforo ho no yɛ nhwɛso pa a ɛsen biara a yebetumi asuasua. (1 Yoh. 4:8) Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ sɛnea nnipa betumi anya ayamhyehye ama afoforo ho nhwɛso. Adesua yi mu no, yebedi kan ahu sɛnea Yehowa ne Yesu anya tema ama afoforo. Ɛno akyi no, yebehu sɛnea yebetumi asuasua nea wɔyɛe no.

SƐNEA YEHOWA DAA NO ADI SƐ ODWEN AFOFORO HO

4. Sɛn na Yesaia 63:7-9 ma yehu sɛ Yehowa wɔ tema ma n’asomfo?

4 Bible ma yehu sɛ Yehowa dwen sɛnea n’asomfo te nka ho. Bere a Israelfo faa ɔhaw pii mu no, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa tee nka. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” (Kenkan Yesaia 63:7-9.) Akyiri yi, Yehowa nam odiyifo Sakaria so kaa sɛ, sɛ afoforo teetee ne nkurɔfo a, ɔfa no sɛ ɛyɛ ɔno na wɔreteetee no. Yehowa ka kyerɛɛ n’asomfo sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.” (Sak. 2:8) Hwɛ ɔkwampa a Yehowa faa so kyerɛe sɛ ɔwɔ tema ma ne nkurɔfo!

Yehowa yam hyehyee no ma oyii Israelfo fii nkoasom mu wɔ Egypt (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea Yehowa ayɛ nneɛma bi de aboa n’asomfo a wɔrehu amane.

5 Yehowa asomfo rehu amane a, ne yam nhyehye no kɛkɛ, na mmom ɔyɛ biribi de boa wɔn. Nhwɛso bi ni. Bere a na Israelfo rehu amane wɔ nkoasom mu wɔ Egypt no, Yehowa huu ɛyaw a na wɔrefa mu, na ɛkaa no ma ɔyɛɛ biribi de gyee wɔn. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nokwarem no mahu me nkurɔfo . . . amanehunu, na mate apini a wosi . . . Minim wɔn brɛ nyinaa. Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam.” (Ex. 3:7, 8) Esiane sɛ Yehowa yam hyehyee no maa ne nkurɔfo nti, ogyee wɔn fii nkoasom mu. Mfehaha pii akyi, bere a Israelfo wɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɛwom araa na atamfo kɔtow hyɛ wɔn so. Dɛn na Yehowa yɛe? Bible ka sɛ: “Ɛhaw Yehowa sɛ obehu sɛ wɔn atamfo ne asɔretiafo nti wɔresi apini.” Saa bere yi nso, Yehowa nyaa tema maa ne nkurɔfo, na ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn. Ɔsomaa atemmufo ma wogyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam.—Atem. 2:16, 18.

6. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea Yehowa kyerɛe sɛ odwen ebinom a na wokura adwene a ɛnyɛ papa ho.

6 Yehowa dwen sɛnea ne nkurɔfo te nka ho. Sɛ ɛtɔ da na adwene a wokura nyɛ papa mpo a, odwen wɔn ho. Yɛnhwɛ Yona. Onyankopɔn somaa ne diyifo yi sɛ ɔnkɔka atemmusɛm ntia Niniwefo. Bere a Niniwefo nuu wɔn ho no, Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔrensɛe wɔn. Nanso, asɛm no anyɛ Yona dɛ. Esiane sɛ nkɔm a Yona hyɛe sɛ Niniwe bɛsɛe no amma mu nti, Yona “bo fuwii.” Nanso, Yehowa nyaa Yona ho abotare, na ɔboaa no ma ɔsakraa n’adwene. (Yona 3:10–4:11) Bere bi akyi no, Yona tee nea na Yehowa rekyerɛ no no ase, na mpo Yehowa maa Yona kyerɛw saa asɛm yi too hɔ sɛnea ɛbɛboa yɛn.—Rom. 15:4. *

7. Sɛnea Yehowa ne n’asomfo di no, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya?

7 Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo di no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔwɔ tema ma n’asomfo. Onim ɛyaw a yɛn mu biara refa mu, ne amane a yɛn mu biara rehu. Yehowa ‘nim nea ɛwɔ adesamma komam.’ (2 Be. 6:30) Onim yɛn nsusuwii nyinaa, sɛnea yɛte nka ankasa, ne yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ. Na ‘ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi.’ (1 Kor. 10:13) Hwɛ sɛnea saa bɔhyɛ yi ma yenya awerɛkyekye!

SƐNEA YESU DAA NO ADI SƐ ODWEN AFOFORO HO

8-10. Ná Yesu dwen afoforo ho. Nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛma ɔyɛɛ saa?

8 Bere a na Yesu yɛ onipa wɔ asase so no, na odwen afoforo ho pa ara. Anyɛ yiye koraa no, ɛbɛyɛ sɛ nneɛma mmiɛnsa nti na na odwen afoforo ho. Sɛnea yɛadi kan aka no, na Yesu suban te sɛ ne soro Agya pɛpɛɛpɛ. Ná Yesu dɔ nnipa te sɛ n’Agya. Ɛwom sɛ na Yesu ani gye biribiara a ɔboaa Yehowa ma ɔyɛe ho de, nanso ‘na nnipa mma ho nsɛm na ɛda Yesu koma so.’ (Mmeb. 8:31) Ɔdɔ na ɛmaa Yesu nyaa tema maa afoforo.

9 Nea ɛto so mmienu, sɛnea Yehowa tumi hu nea ɛwɔ komam no, Yesu nso tumi hu nea ɛwɔ komam. Yesu tumi hu nkurɔfo nsusuwii ne sɛnea wɔte nka. (Mat. 9:4; Yoh. 13:10, 11) Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo koma abubu no, ɛhaw no, enti ɔkyekyee wɔn werɛ.—Yes. 61:1, 2; Luka 4:17-21.

10 Nea ɛto so mmiɛnsa, nsɛnnennen a na nkurɔfo refa mu no, Yesu ankasa nso faa emu bi mu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka sɛ wɔtetee Yesu wɔ abusua a edi hia mu. Yesu ne ne papa a ɔtetee no, Yosef, boom yɛɛ adwuma, na osuaa sɛnea ɔbɛyɛ adwumaden. (Mat. 13:55; Mar. 6:3) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Yosef wui ansa na Yesu som adwuma no reba awiei. Enti, yebetumi aka sɛ Yesu dɔfo bi wui ma odii ho yaw. Ná Yesu nim sɛnea abusua a emufo nni ɔsom baako mu asetena te. (Yoh. 7:5) Ná weinom nyinaa ne nneɛma foforo bɛboa Yesu ama wahu nsɛnnennen a na mmɔborɔwafo refa mu ne sɛnea wɔte nka.

Ayamhyehye maa Yesu yii ɔbarima bi a na n’aso asiw fii nnipadɔm mu kɔsaa no yare (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Bere bɛn pa ara na ɛdaa adi sɛ Yesu dwen afoforo ho? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

11 Bere a yehu sɛ Yesu dwen afoforo ho pa ara ne bere a ɔyɛɛ anwonwade. Ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ anwonwade araa nti na ɔyɛe. Ná nkurɔfo a wɔrehu amane no asɛm ‘yɛ no mmɔbɔ.’ (Mat. 20:29-34; Mar. 1:40-42) Wo de, hwɛ sɛnea Yesu tee nka bere a oyii ɔbarima bi a n’aso asiw fii nnipadɔm mu kɔsaa no yare, anaa bere a onyanee okunafo bi ba a odi no bakoro no. (Mar. 7:32-35; Luka 7:12-15) Ná saa nkurɔfo no asɛm yɛ Yesu mmɔbɔ, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn.

12. Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 11:32-35 a, yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu wɔ tema ma Marta ne Maria?

12 Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ tema ma Marta ne Maria. Bere a Yesu hui sɛ wɔredi wɔn nuabarima Lasaro wu ho awerɛhow no, “Yesu sui.” (Kenkan Yohane 11:32-35.) Ɛnyɛ Yesu adamfo pa ara a na wahwere no nti na osui, efisɛ na onim sɛ ɔrekonyan Lasaro. Mmom no, bere a Yesu hui sɛ ne nnamfo a ɔdɔ wɔn no redi awerɛhow no, ɔtee wɔn ase, na ɛno na ɛkaa no ma osui.

13. Yɛahu sɛ Yesu wɔ tema ma nnipa. Adɛn nti na ɛno hyɛ yɛn nkuran?

13 Yɛahu sɛ Yesu wɔ tema ma nnipa, na ɛno hyɛ yɛn nkuran pa ara. Ɛwom, Yesu yɛ pɛ, na yɛn de yɛtɔ sin. Nanso, sɛnea oyii ne yam boaa afoforo nti, yɛdɔ no. (1 Pet. 1:8) Seesei ɔno na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ɛno hyɛ yɛn nkuran. Obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ nnansa yi ara. Esiane sɛ Yesu atena asase so sɛ onipa pɛn nti, ɛyaw ne amanehunu a Satan nniso ama yɛafa mu no, ɔno pa ara na obetumi aboa yɛn ama yɛade yɛn ho afi ho. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adom yɛn sɛ wama yɛn Sodifo a obetumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase.’—Heb. 2:17, 18; 4:15, 16.

SUASUA NEA YEHOWA NE YESU AYƐ NO

14. Asɛm a ɛwɔ Efesofo 5:1, 2 no ka yɛn koma sɛ yɛnyɛ dɛn?

14 Sɛ yesusuw nea Yehowa ne Yesu ayɛ ho a, ɛka yɛn koma sɛ yennya tema kɛse mma afoforo. (Kenkan Efesofo 5:1, 2.) Yɛn de, yentumi nhu komam sɛnea Yehowa ne Yesu tumi hu no. Nanso, yebetumi abɔ mmɔden ahu sɛnea afoforo te nka na yɛahu nea wohia. (2 Kor. 11:29) Yɛnte sɛ pɛsɛmenkominyafo a wɔwɔ wiase no. Yɛn de, yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛrenhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom yɛbɛhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’—Filip. 2:4.

(Hwɛ nkyekyɛm 15-19) *

15. Henanom pa ara na ɛsɛ sɛ wonya tema ma afoforo?

15 Asafo mu mpanyimfo pa ara na ɛsɛ sɛ wonya tema ma afoforo. Wonim sɛ wobebu nguan a wɔhwɛ wɔn so no ho akontaa. (Heb. 13:17) Ehia sɛ asafo mu mpanyimfo te wɔn nuanom ase na ama wɔatumi aboa wɔn. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ tema ma afoforo?

16. Dɛn na asafo mu panyin a ɔwɔ tema yɛ, na adɛn nti na wei ho hia?

16 Asafo mu panyin a ɔwɔ tema nya bere ma ne nuanom Kristofo. Obisa wɔn nsɛm, na afei ɔyɛ aso tɔ ne bo ase tie wɔn. Wei ho hia pa ara, titiriw bere a nguan a wɔsom bo no bi pɛ sɛ ɔka ne koma mu asɛm kyerɛ asafo mu panyin bi nanso onhu sɛnea ɔnka no no. (Mmeb. 20:5) Sɛ asafo mu panyin yi ne yam nya bere ma ne nuanom Kristofo a, wonya ne mu ahotoso kɛse, wɔfa no adamfo, na wɔdodɔ wɔn ho.—Aso. 20:37.

17. Suban bɛn na anuanom pii ani gye ho pa ara wɔ asafo mu mpanyimfo ho? Ma ɛho nhwɛso.

17 Anuanom pii ka sɛ suban a wɔn ani gye ho pa ara wɔ asafo mu mpanyimfo ho ne tema a wonya ma afoforo. Adɛn ntia? Adelaide kaa sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛka w’asɛm akyerɛ wɔn, efisɛ wunim sɛ wɔbɛte wo ase.” Onuawa no de kaa ho sɛ: “Sɛ wo ne wɔn rekasa a, sɛnea wɔyɛ wɔn ade no ma wuhu sɛ wɔwɔ tema ma wo.” Onua bi a ɔpanyin bi ayɛ biribi ama n’ani asɔ kaa sɛ: “Bere a mereka m’asɛm akyerɛ asafo mu panyin bi no, mihui sɛ n’ani ataataa nusu. Nea mihui no, me werɛ remfi da.”—Rom. 12:15.

18. Yɛbɛyɛ dɛn anya tema ama afoforo?

18 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ asafo mu mpanyimfo nko ara na ɛsɛ sɛ wonya tema ma afoforo. Yɛn nyinaa betumi anya saa su no. Yɛbɛyɛ dɛn anya? Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea w’abusua ne wo mfɛfo Kristofo refa mu. Ma mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu, wɔn a wɔyare, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne wɔn a wɔn dɔfo bi awu nhu sɛ wudwen wɔn ho. Bisa sɛnea wɔn ho te. Sɛ wɔrekasa a, yɛ aso tie wɔn. Boa wɔn ma wonhu sɛ woahu nea wɔrefa mu no pa ara. Yɛ nea wubetumi biara boa wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann.—1 Yoh. 3:18.

19. Yɛreboa afoforo a, adɛn nti na ehia sɛ yɛma wohu sɛ yɛte wɔn ase?

19 Yɛreboa afoforo a, ehia sɛ yɛma wohu sɛ yɛte wɔn ase. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ nkurɔfo kɔ ahohia mu a, ɛsono sɛnea obiara yɛ n’ade. Ɛyɛ a ebinom pɛ sɛ wɔka nea ato wɔn no ho asɛm, nanso afoforo de, wɔmpɛ no saa. Enti, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn de, nanso ɛnsɛ sɛ yebisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔafɛre. (1 Tes. 4:11) Sɛ ebinom ka sɛnea wɔte nka kyerɛ yɛn mpo a, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na yɛne wɔn bɛyɛ adwene. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa na wɔn adwene yɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tie asɛm, na yɛyɛ nyaa kasa.—Mat. 7:1; Yak. 1:19.

20. Dɛn na yebehu wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yɛpɛ sɛ yenya tema ma afoforo wɔ asafo no mu, na ɛno akyi no, yɛpɛ sɛ yɛda saa suban fɛfɛ yi adi wɔ asɛnka mu. Yɛbɛyɛ dɛn anya tema ama afoforo bere a yɛreyɛ asuafo? Yebehu wei wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

^ nky. 5 Sɛnea afoforo te nka ho hia Yehowa ne Yesu. Adesua yi bɛma yɛahu nea yebetumi asua afi wɔn hɔ. Yɛbɛsan nso ahu nea enti a ehia sɛ yenya tema ma afoforo ne ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa.

^ nky. 1 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ́ yebenya “tema” ama afoforo no kyerɛ sɛ yebehu sɛnea wɔte nka na yɛn nso yɛate nka saa ara. (Rom. 12:15) Adesua yi mu no, yɛka sɛ obi wɔ “tema” anaa “odwen afoforo ho” a, ɛkyerɛ ade koro.

^ nky. 6 Afei nso, Yehowa yam hyehyee no maa anokwafo bi a wɔn abam bui anaa ehu kaa wɔn. Hwɛ Hanah (1 Sam. 1:10-20), Elia (1 Ahe. 19:1-18), ne Ebed-Melek (Yer. 38:7-13; 39:15-18) ho nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo nhyiam a yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so ma yenya hokwan pii ne afoforo bɔ fekuw. Yehu sɛ (1) asafo mu panyin bi ayi ne yam ne ɔdawurubɔfo kumaa bi ne ne maame rebɔ nkɔmmɔ, (2) agya bi ne ne babea reboa onuawa bi a ne mfe akɔ anim de no akɔ ne kar ho, (3) asafo mu mpanyimfo bi ayɛ aso retie onuawa bi a ɔrehwehwɛ akwankyerɛ.