Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ

Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ

YƐSOM Yehowa a, n’ani sɔ. ‘Ɔyɛ aso tie’ n’asomfo, na biribiara a wɔyɛ de yi no ayɛ no, sɛ esua sɛ dɛn mpo a, n’ani sɔ. (Mal. 3:16) Yɛnhwɛ asɛmfua bi a ɛbɛyɛ sɛ yɛaka no mpɛn pii. Saa asɛmfua no ne “amen.” Saa asɛm tiawa no, wohwɛ a yɛka a Yehowa ani sɔ? Yiw, n’ani sɔ! Nea ɛbɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa no, ma yɛnhwɛ nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu.

“ƆMAN NO NYINAA NKA SƐ, ‘AMEN!’”

Asɛmfua “amen” kyerɛ, “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu.” Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “amen” no, ɛkyerɛ “di nokware.” Ɛtɔ da na wɔredi asɛm a, na wɔde di dwuma. Sɛ obi ka ntam wie a, na ɔka “amen” de kyerɛ sɛ nea waka no yɛ nokware, na nea ebefi mu aba biara no, ɛyɛ ɔno ara asɛm. (Num. 5:22) Sɛ ɔka “amen” saa wɔ baguam a, na ɛma ɔkae pa ara sɛ ɛsɛ sɛ odi nokware.—Neh. 5:13.

Sɛnea wɔde “amen” adi dwuma ho nhwɛso a ɛda nsow pa ara wɔ Deuteronomium ti 27. Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, wɔma wohyiaam wɔ Bepɔw Ebal ne Bepɔw Gerisim ntam, na wɔkenkan Mose Mmara no kyerɛɛ wɔn. Wɔankɔ hɔ sɛ wɔrekotie Mose Mmara no kɛkɛ, na mmom wɔkɔe sɛ wɔrekotie na wɔaka sɛ wogye tom. Bere a wɔkenkan Mose Mmara no kyerɛɛ wɔn, na wɔma wohuu nea wobu so a ɛbɛto wɔn no, wogyee so “Amen!” (Deut. 27:15-26) Wo de, fa w’adwene bu sɛ mmarima, mmea, ne mmofra mpempem pii regye so denneennen! (Yos. 8:30-35) Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn werɛ amfi asɛm a wɔkaa no saa da no da. Saa Israelfo no dii wɔn asɛm so, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Israelfo kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔtenaa ase wɔ Yosua akyi nyinaa bere so, mpanyimfo a wohuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.”—Yos. 24:31.

Yesu nso ka asɛm bi a, na ɔka “amen” de kyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Nanso, Yesu yɛɛ saa wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ́ anka Yesu bɛka asɛm bi ama n’ano asi ansa na waka “amen” (ɛno na Twi mu wɔakyerɛ ase “nokware”) no, na odi kan ka “amen” mmom ansa na waka asɛm no. Ná ɔyɛ saa de kyerɛ sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware. Ɛtɔ da a, na otĩ asɛm no mu ka sɛ “amen amen.” (Mat. 5:18; Yoh. 1:51) Saa a ɔyɛe no maa n’atiefo no hui sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware turodoo. Ná Yesu betumi de ahotoso a ɛte saa akasa, efisɛ na ɔno na na wɔama no tumi sɛ ɔmma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa mmra mu.—2 Kor. 1:20; Adi. 3:14.

‘ƆMAN NO KAE SƐ, “AMEN!” NA WOYII YEHOWA AYƐ’

Sɛ Israelfo no reyi Yehowa ayɛ na wɔrebɔ no mpae a, na wɔn nso ka “amen.” (Neh. 8:6; Dw. 41:13) Sɛ wɔbɔ mpae na wɔka amen a, na wɔn a wɔretie no rekyerɛ sɛ nea wɔkae no, wogye tom. Wei nti nnipa a na wɔba guabɔ ase nyinaa tumi de wɔn ho hyɛ dwumadi no mu, na wɔsom Yehowa saa kwan yi so. Bere a Ɔhene Dawid de Yehowa Apam Adaka no baa Yerusalem no, saa na ɛkɔɔ so. Ɛno akyi, bere a wɔregye wɔn ani no, Dawid fii ne koma mu bɔɔ mpae bi a wɔhyehyɛɛ no sɛ dwom. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Beresosɛm 16:8-36. Asɛm a ɔkae no kaa wɔn a wɔbaa ase no koma araa ma “ɔman no nyinaa kae sɛ, ‘Amen!’ na woyii Yehowa ayɛ.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea wɔn nyinaa boom de nne baako gyee so no maa wɔn ani gyei kɛse saa da no.

Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, sɛ wɔn nso reyi Yehowa ayɛ a, na wɔka “amen.” Ná Bible akyerɛwfo taa de “amen” di dwuma wɔ nkrataa a wɔkyerɛwee mu. (Rom. 1:25; 16:27; 1 Pet. 4:11) Adiyisɛm nhoma no mpo ka sɛ abɔfo a wɔwɔ soro yi Yehowa ayɛ sɛ: “Amen! Munyi Yah ayɛ!” (Adi. 19:1, 4) Sɛ tete Kristofo no hyiam na wɔrebɔ mpae a, na wɔtaa ka “amen.” (1 Kor. 14:16) Nanso, na ɛnyɛ asɛm bi a ɛsɛ sɛ wɔka no kɛkɛ a wonnwen ho.

NEA ENTI A EHIA SƐ WOKA “AMEN”

Afei a yɛahu baabi a asɛmfua no fi ne ɛho abakɔsɛm no, yetumi hu nea enti a sɛ yɛbɔ mpae a, mfaso wɔ so sɛ yɛka “amen” de wie. Sɛ yɛn ankasa rebɔ mpae na yɛka “amen” de wie a, ɛkyerɛ sɛ nea yɛaka no ho hia yɛn pa ara. Sɛ obi gyina nnipa dodow bi anim rebɔ mpae, na ɛka yɛn ma yegye so “amen” wɔ yɛn komam mpo a, ɛkyerɛ sɛ yɛpene nea ɔkae no so. Yɛnhwɛ nneɛma foforo nti a ehia sɛ yɛka “amen.”

Ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ aso, na yɛn ani da hɔ wɔ yɛn som mu. Mpaebɔ ka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Enti sɛ obi gyina yɛn ananmu rebɔ mpae a, ɛnyɛ asɛm a ɔka no nko ara a yebegye so amen no na ehia, na mmom yɛn nneyɛe nso ka ho. Yefi yɛn koma mu ka “amen” a, ebetumi aboa yɛn ama yɛada su pa adi na yɛde yɛn adwene adi akyi.

Ɛma Yehowa asomfo yɛ baako. Sɛ onua bi gyina asafo no anim rebɔ mpae a, asafo no mufo nyinaa yɛ aso tie asɛm a ɔreka no. (Aso. 1:14; 12:5) Sɛ mpae no ka yɛn koma ma yɛne yɛn nuanom bom gye so “amen” a, ɛma baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no yɛ den. Yɛka “amen” ma no pue yɛn ano anaa yɛka no yɛn komam a, yɛn mpae no betumi aka Yehowa ama wayɛ yɛn abisade no ama yɛn.

Yɛka “amen” a, yɛde yi Yehowa ayɛ

Yeyi Yehowa ayɛ. Nneɛma nketenkete a yɛyɛ de som Yehowa no, ohu. (Luka 21:2, 3) Ohu nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Sɛ yetie asafo nhyiam wɔ tɛlɛfon so mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ “amen” a yɛde ahobrɛase ka no, Yehowa te. Sɛ yɛka “amen” a, yɛne wɔn a wɔwɔ asafo nhyiam ase no nyinaa bom yi Yehowa ayɛ.

Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ “amen” a yɛka no, ɛho nhia ahe biara, nanso ehia pa ara. Bible ho nhoma bi ka sɛ, sɛ Onyankopɔn asomfo “ka ‘amen’ a, ɛma yehu nea ɛwɔ wɔn koma mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahotoso, wɔwɔ anisɔ kɛse, na wɔwɔ anidaso ankasa.” Momma yɛmma “amen” biara a yɛbɛka no nyɛ Yehowa fɛ.—Dw. 19:14.