ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM May 2019

Adesua nsɛm a yebesua July 1 kosi August 4, 2019.

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Kristofo Asafo No Mu

Dɛn ne Kristo mmara no, na sɛn na ɛma atɛntrenee yɛ adwuma?

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm

Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban na obi anto wɔn mmonnaa, na dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de abɔ asafo no ho ban?

Sɛnea Yɛbɛkyekye Wɔn a Wɔato Wɔn Mmonnaa Werɛ

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn Asɛm, mpanyimfo no, ne Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw atumi akyekye wɔn a wɔato wɔn mmonnaa werɛ?

Mma “Wiase Nyansa” Nnaadaa Wo

Adɛn nti na Yehowa nko ara na otumi kyerɛ yɛn kwan ma esi yɛn yiye? Sɛn na Bible boa yɛn ma yenya obu a ɛfata ma yɛn ho?

Sua Ade Yiye!

Yɛbɛyɛ dɛn de nneɛma a ehia pa ara asisi yɛn ani so na yɛasua Bible anya so mfaso kɛse?