Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm

“Woyɛ Onyankopɔn a wompɛ amumɔyɛ; ɔdebɔneyɛfo biara ne wo rentena da biara da.”—DW. 5:4.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

NEA YƐREBESUA *

1-3. (a) Sɛnea Dwom 5:4-6 kyerɛ no, Yehowa bu amumɔyɛsɛm sɛn? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ obi to abofra mmonnaa a, etia “Kristo mmara no”?

YEHOWA NYANKOPƆN kyi amumɔyɛsɛm biara. (Kenkan Dwom 5:4-6.) Sɛ obi to abofra mmonnaa a, yebetumi aka sɛ okyi kɔkɔɔkɔ! Saa bɔne no, ɛyɛ tan pa ara! Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo nti, yesuasua Yehowa. Ɛno nti, sɛ wɔto abofra bi mmonnaa a, yekyi koraa, na yɛnsosɔ so wɔ Kristofo asafo no mu.—Rom. 12:9; Heb. 12:15, 16.

2 Sɛ obi to abofra mmonnaa anaa ɔde nna ho asɛm teetee no a, na wabu “Kristo mmara no” so! (Gal. 6:2) Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, Kristo mmara no, ɛno ne biribiara a Yesu nam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛkyerɛe. Kristo mmara no gyina ɔdɔ so, na ɛma atɛntrenee yɛ adwuma. Esiane sɛ nokware Kristofo di saa mmara no so nti, wɔboa mmofra ma wɔn koma tɔ wɔn yam, na wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn pa ara. Nanso, sɛ obi to abofra mmonnaa a, ɔyɛ pɛsɛmenkominya, na wayɛ bɔne kɛse. Ɛde ehu hyɛ abofra no mu, na ɛma ɔte nka sɛ obiara nnɔ no.

3 Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa yɛ ɔhaw a ɛkɔ so wɔ wiase baabiara; saa ɔhaw yi bi ato nokware Kristofo mpo. Dɛn na ama aba saa? Bible ka sɛ, “nnipa bɔne ne nnaadaafo” abu so, na ebinom mpo betumi awiawia wɔn ho aba asafo no mu. (2 Tim. 3:13) Afei nso, ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa ama akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn so ama wɔato mmofra mmonnaa. Momma yɛnhwɛ nea enti a sɛ obi to abofra mmonnaa a wayɛ bɔne kɛse. Afei, yɛbɛhwɛ nea mpanyimfo no yɛ bere a asafo no muni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru te sɛ obi ato abofra mmonnaa. Yɛbɛhwɛ nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban nso. *

ƐYƐ BƆNE KƐSE

4-5. Sɛ obi to abofra mmonnaa a, wayɛ bɔne atia abofra no. Adɛn ntia?

4 Sɛ obi to abofra mmonnaa a, etumi teetee abofra no kyɛ pa ara. Epira mmofra no ne wɔn a wɔdɔ wɔn nyinaa; wɔn mmusua ne wɔn nuanom Kristofo. Obi to abofra mmonnaa a, ɛyɛ bɔne kɛse.

5 Ɛyɛ bɔne a etia abofra a wɔato no mmonnaa no. Ɛyɛ bɔne sɛ wobɛma afoforo adi yaw na wɔahu amane. Sɛnea yebehu wɔ adesua a edi hɔ mu no, sɛ obi to abofra mmonnaa a, ɔma abofra no di yaw papaapa. Ɔma gyidi a abofra no wɔ wɔ ne mu no tu yera; wei de ehu hyɛ abofra no mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmofra ho ban, na obi anyɛ wɔn bɔne a ɛte saa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkyekye mmofra a wɔayɛ wɔn bɔne a ɛte saa no werɛ na yɛboa wɔn.—1 Tes. 5:14.

6-7. Sɛ obi to abofra mmonnaa a, wayɛ bɔne atia asafo no ne aban. Adɛn ntia?

6 Ɛyɛ bɔne a etia asafo no. Sɛ obi wɔ asafo no mu na ɔto abofra mmonnaa a, ɔsɛe asafo no din. (Mat. 5:16; 1 Pet. 2:12) Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔne Kristofo anokwafo ɔpepem pii a ‘wɔreko denneennen apere gyidi’ no anni no yiye koraa! (Yuda 3) Sɛ obi yɛ bɔne de sɛe asafo no din na wannu ne ho a, yɛnsosɔ no so mma ɔntena asafo no mu.

7 Ɛyɛ bɔne a etia aban. Ɛsɛ sɛ Kristofo ‘brɛ wɔn ho ase hyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.’ (Rom. 13:1) Yedi aban mmara so a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn. Sɛ asafo no muni bi bu aban mmara so a, na wayɛ bɔne atia aban no. Bɔne no bi ne sɛ, ɔbɛto abofra mmonnaa. (Fa toto Asomafo Nnwuma 25:8 ho.) Enni asafo mu mpanyimfo nsam sɛ, sɛ obi bu aban mmara so a wɔbɛtwe n’aso. Nanso, sɛ obi to abofra mmonnaa a, wɔmmɔ no ho ban mfi asotwe a aban no de bɛma no no ho. (Rom. 13:4) Nea wayɛ bɔne no nya ne bɔne no ho asotwe.—Gal. 6:7.

8. Sɛn na Yehowa bu bɔne a yɛyɛ tia yɛn yɔnko nnipa?

8 Nea enye koraa ne sɛ, ɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn. (Gen. 39:9) Sɛ obi yɛ ne yɔnko nipa bɔne a, na wayɛ bɔne atia Yehowa nso. Momma yɛnhwɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no baako. Mose Mmara no kaa sɛ obi bɔ ne yɔnko korɔn anaa ɔfa ɔkwan bi so sisi no a, “na wanni Yehowa nokware.” (Lev. 6:2-4) Enti sɛ asafo no muni bi to abofra mmonnaa a, na wanni Onyankopɔn nokware. Sɛ ɔyɛ abofra no saa a, ɔma ehu ka no. Nea wato abofra mmonnaa no gu Yehowa din ho fĩ pa ara. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛkasa tia bɔne a ɛte saa, efisɛ ɛyɛ bɔne kɛse a etia Onyankopɔn.

9. Mfe pii a atwam no, nsɛm a egyina Bible so bɛn na Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nsa aka, na adɛn ntia?

9 Mfe pii a atwam no, Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nsa aka nsɛm pii a egyina Bible so a ɛfa mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ho. Ebi ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm. Emu pii kyerɛ nea wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no betumi ayɛ de agyina ɛyaw a wɔrefa mu no ano, nea afoforo betumi ayɛ de aboa wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran, ne nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban. Ahyehyɛde no ama asafo mu mpanyimfo akwankyerɛ pii a egyina Bible so a ɛbɛma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a obi ato abofra mmonnaa no. Akwankyerɛ a ɛfa nea ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ bere a obi ato abofra mmonnaa ho no, bere ne bere mu, ahyehyɛde no san hwɛ mu, na ɛtɔ da a, wɔyɛ mu nsakrae. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a mpanyimfo no de Kristo mmara no bɛyɛ adwuma wɔ asɛm a ɛte saa ho.

NEA MPANYIMFO NO YƐ BERE A OBI AYƐ BƆNE A EMU YƐ DURU

10-12. (a) Sɛ mpanyimfo no reka bɔne a emu yɛ duru a obi ayɛ ho asɛm a, dɛn na wɔma ɛtena wɔn adwenem, na wɔn botae pa ara ne sɛn? (b) Sɛnea Yakobo 5:14, 15 ka no, dɛn na mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ?

10 Sɛ mpanyimfo no reka bɔne a emu yɛ duru a obi ayɛ ho asɛm a, wɔma Kristo mmara no tena wɔn adwenem. Saa mmara no hwehwɛ sɛ wɔne nguan no di no ɔdɔ mu na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Enti sɛ mpanyimfo no te sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, wosusuw nneɛma pii ho. Nea ehia mpanyimfo no titiriw ne sɛ wobedi Onyankopɔn ni na wɔatew ne din ho. (Lev. 22:31, 32; Mat. 6:9) Ade foforo nso a ehia wɔn pa ara ne sɛ wɔbɛboa anuanom a wɔwɔ asafo no mu ama wɔakɔ so abɛn Yehowa, na wɔakyekye obiara a wɔayɛ no bɔne werɛ na wɔaboa no.

11 Afei nso, sɛ nea wayɛ bɔne no wɔ asafo no mu a, nea mpanyimfo no de si wɔn ani so ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛboa no ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama bio. (Kenkan Yakobo 5:14, 15.) Kristoni a ɔma akɔnnɔ bɔne hyɛ no so na ɔyɛ bɔne a emu yɛ duru no te sɛ obi a ɔyare. Wei kyerɛ sɛ ɔne Yehowa ntam asɛe. * Yɛbɛka a, mpanyimfo no te sɛ adɔkotafo. Wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma “nea ɔnte apɔw [kyerɛ sɛ, nea wayɛ bɔne] no ho ayɛ no den.” Bible mu afotu a mpanyimfo de ma ɔbɔnefo no betumi aboa no ama ɔne Onyankopɔn ntam asan ayɛ kama, nanso sɛ ebetumi aba saa a, gye sɛ onu ne ho ankasa.—Aso. 3:19; 2 Kor. 2:5-10.

12 Ɛda adi pefee sɛ, asafo mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. Wodwen Onyankopɔn nguan a ɔde ahyɛ wɔn nsa no ho pa ara. (1 Pet. 5:1-3) Wɔpɛ sɛ wɔn nuanom koma tɔ wɔn yam wɔ asafo no mu. Ɛno nti, sɛ wɔte sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru, sɛ ebia wato abofra mmonnaa a, wotu ho anammɔn ntɛm ara. Dɛn na wɔyɛ? Yɛnhwɛ nsɛmmisa a ɛwɔ adesua yi  nkyekyɛm 13,  15, ne  17 mfiase no.

13-14. Aban mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no, mpanyimfo no di so anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

 13 Aban mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no, mpanyimfo no di so anaa? Yiw, wodi so. Aman a wɔwɔ mmara a ɛte saa no, sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a, mpanyimfo no bɔ mmɔden di mmara biara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no so. (Rom. 13:1) Saa mmara no ntia Onyankopɔn mmara. (Aso. 5:28, 29) Enti sɛ mpanyimfo no te sɛ obi ato abofra mmonnaa a, wɔyɛ ntɛm hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn ama wɔadi aban mmara no so.

14 Mpanyimfo no ma mmofra a wɔato wɔn mmonnaa no ne wɔn awofo, ne obiara a onim asɛm no awerɛhyem sɛ, wobetumi akɔbɔ aban amanneɛ sɛ wɔato abofra bi mmonnaa. Sɛ nea wɔabɔ no sobo no wɔ asafo no mu na wɔbɔ aban amanneɛ, na ɛma asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nso ɛ? Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔkɔbɔɔ amanneɛ no nya adwene sɛ ɔno na wama Onyankopɔn din ho agu fĩ anaa? Dabi. Mmom, nea wato abofra no mmonnaa no na wagu Onyankopɔn din ho fĩ.

15-16. (a) Sɛnea 1 Timoteo 5:19 ka no, anyɛ yiye koraa no, ehia sɛ mpanyimfo no nya adansefo mmienu ansa na wɔapaw asɛnni boayikuw. Adɛn ntia? (b) Sɛ mpanyimfo no te sɛ asafo no muni bi ato abofra mmonnaa a, dɛn na wɔyɛ?

 15 Ansa na mpanyimfo no bɛpaw asɛnni boayikuw wɔ asafo no mu no, anyɛ yiye koraa no, ehia sɛ wonya adansefo mmienu. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible ka sɛ ɛma wotumi bu atɛntrenee. Sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wayɛ bɔne a emu yɛ duru, nanso wannye antom a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nya adansefo mmienu ansa na wɔatumi apaw asɛnni boayikuw. (Deut. 19:15; Mat. 18:16; kenkan 1 Timoteo 5:19.) Wei kyerɛ sɛ, ansa na obi bɛbɔ aban amanneɛ sɛ wɔato abofra bi mmonnaa no, gye sɛ wanya adansefo mmienu anaa? Dabi. Enhia sɛ asafo mu mpanyimfo anaa afoforo nya adansefo mmienu ansa na wɔabɔ aban amanneɛ sɛ obi abu aban mmara so.

16 Sɛ mpanyimfo no te sɛ wɔabɔ asafo no muni bi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a, wɔbɔ mmɔden di mmara biara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no so. Ɛno akyi no, wɔhwehwɛ asɛm no mu, na wogyina Bible so hwɛ sɛ ehia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw anaa. Sɛ nea wɔabɔ no sobo no ka sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a, mpanyimfo no tie adansefo a wonim asɛm no anom asɛm. Anyɛ yiye koraa no, sɛ nnipa mmienu di adanse sɛ onipa no ayɛ bɔne a, mpanyimfo no gyina wɔn anom asɛm so paw asɛnni boayikuw. Nnipa mmienu a wobetumi agyina wɔn anom asɛm so apaw boayikuw no ne nea ɔrebɔ sobo no ne onipa foforo a obetumi adi adanse sɛ nea wɔabɔ no sobo no ayɛ saa bɔne no anaa wato abofra foforo mmonnaa pɛn. * Sɛ wɔannya onipa a ɔto so mmienu amma wanni adanse a, ɛno nkyerɛ sɛ nea ɔrebɔ sobo no redi atoro. Sɛ mpo mpanyimfo no annya nnipa mmienu amma wɔanni adanse sɛ onipa no ayɛ bɔne a, mpanyimfo no bɛfa no sɛ ebetumi aba sɛ nea wɔabɔ no sobo no ayɛ bɔne a emu yɛ duru ama ahaw afoforo pa ara. Mpanyimfo no kɔ so boa obiara a asɛm no ahaw no no. Afei nso, mpanyimfo no de wɔn ani to fam bɔ asafo no ho ban na nea wɔabɔ no sobo no anyɛ afoforo bɔne.—Aso. 20:28.

17-18. Kyerɛkyerɛ dwuma a asɛnni boayikuw no di mu.

 17 Dwuma bɛn na asɛnni boayikuw no di? Asɛmfua “asɛnni” no nkyerɛ sɛ mpanyimfo no na wɔkyerɛ aban no sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe nea wato abofra mmonnaa no aso sɛ wabu mmara so. Nea aban no bɛyɛ wɔ asɛm no ho no, mpanyimfo no mfa wɔn ano nto mu; wogyaw bɔne a onii no ayɛ no ma aban no ka ho asɛm. (Rom. 13:2-4; Tito 3:1) Nea mpanyimfo no hwɛ ne sɛ obi a wayɛ bɔne betumi atena asafo no mu anaa ɔrentumi ntena mu.

18 Wɔpaw asɛnni boayikuw a, mpanyimfo a wɔwom no, asɛm no fã a ɛfa Yehowa som ho nko ara na wɔde wɔn adwene si so. Wɔma Kyerɛwnsɛm no boa wɔn ma wɔhwɛ sɛ nea wayɛ bɔne no anu ne ho anaasɛ onnuu ne ho. Sɛ wannu ne ho a, wotu no, na wɔbɔ asafo no amanneɛ. (1 Kor. 5:11-13) Sɛ onu ne ho a, wobetumi ama watena asafo no mu. Nanso, mpanyimfo no bɛma wahu sɛ ebia ɔremfata sɛ wɔma no ɔsom hokwan anaa asɛyɛde foforo biara wɔ asafo no mu. Esiane sɛ mmofra ho hia mpanyimfo no nti, ebia wɔbɛbɔ asafo no mufo a wɔwɔ mma nkumaa kɔkɔ sɛ, sɛ wɔn mma no rebɛn obi a ɔte saa a, wɔmma wɔn ani nkɔ wɔn ho. Sɛ mpanyimfo no reyɛ nhyehyɛe a ɛte saa a, wɔhwɛ yiye sɛ wɔremma afoforo nhu mmofra a wɔato wɔn mmonnaa no.

SƐNEA MOBƐBƆ MO MMA HO BAN

Sɛ awofo ne wɔn mma bɔ nna ho nkɔmmɔ sɛnea ɛfata a, ɛbɔ mmofra no ho ban na nkurɔfo anto wɔn mmonnaa. Akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ama na awofo de kyerɛkyerɛ wɔn mma. (Hwɛ nkyekyɛm 19-22)

19-22. Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

19 Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɔ mmofra ho ban na obi anyɛ wɔn bɔne? Ɛyɛ awofo. * Mo mma yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama mo; wɔyɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ.” (Dw. 127:3) Ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mobɔ saa akyɛde no ho ban. Dɛn na mubetumi ayɛ de abɔ mo mma ho ban na obi anto wɔn mmonnaa?

20 Nea edi kan, sua mmonnaato ho ade. Sua nkurɔfo a wɔto mmofra mmonnaa ne ɔkwan a wɔfa so daadaa wɔn no ho ade. Fa w’ani to fam hwɛ nnipa bi a wobetumi ato mmofra mmonnaa anaa tebea bi a ebetumi ama wɔayɛ wɔn saa. (Mmeb. 22:3; 24:3) Kae sɛ, mpɛn pii no, obi a abofra no nim no anaa ogye no di na ɔto no mmonnaa.

21 Nea ɛto so mmienu, nya bere ne wo mma mmɔ nkɔmmɔ. (Deut. 6:6, 7) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ aso tie wo mma. (Yak. 1:19) Kae sɛ, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no, mpɛn pii no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ obi. Ɛyɛ a wosuro sɛ, ebia wɔka a obiara rennye wɔn nni. Anaa ebia nea ɔtoo wɔn mmonnaa no ahunahuna wɔn sɛ mma wɔnka nkyerɛ obiara. Sɛ wuhu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ wo ba ho a, tɔ wo bo ase bisabisa no nsɛm, na yɛ aso tie nea ɔbɛka.

22 Nea ɛto so mmiɛnsa, kyerɛkyerɛ wo mma. Hwɛ obiara mfe a wadi na ka nea ɛsɛ sɛ ohu fa ɔbarima ne ɔbea nna ho kyerɛ no. Kyerɛ wɔn ma wonhu nea wɔbɛka ne nea wɔbɛyɛ bere a obi pɛ sɛ osuso wɔn mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Onyankopɔn ahyehyɛde no ama mo nneɛma pii a mubetumi de abɔ mo mma ho ban, enti momfa nyɛ adwuma.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Sua Ade Na Kyerɛkyerɛ Wo Mma.

23. Sɛn na yebu mmonnaa a wɔto mmofra? Asɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu?

23 Yehowa Adansefo de, yebu mmonnaa a wɔto mmofra sɛ ɛyɛ bɔne kɛse ne amumɔyɛsɛm. Kristo mmara no na ɛkyerɛ yɛn kwan, enti yɛmmɔ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa ho ban mfi asotwe a ɛbɛba wɔn so ho. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

^ nky. 5 Adesua asɛm yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi abɔ mmofra ho ban na obi anto wɔn mmonnaa anaa wamfa nna ho asɛm anteetee wɔn. Yebehu sɛnea asafo mu mpanyimfo betumi abɔ asafo no ho ban, ne nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban.

^ nky. 3 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yɛka sɛ obi ato abofra mmonnaa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, obi a wanyin de abofra bi bedwudwo nna ho akɔnnɔ a ɔwɔ. Ebi ne sɛ ɔne abofra no bɛda, ɔbɛtaforo n’anan mu anaa ɔbɛtaforo abofra no barima ho. Anaasɛ ɔbɛma abofra no ataforo ne barima ho anaa n’anan mu, anaa ɔbɛfa abofra no wɔ ne to. Ɔbɛgoro abofra no barima ho anaa n’anan mu, anaasɛ ɔbɛma abofra no agoro n’anan mu anaa ne barima ho. Obemiamia anaa obesuso abofra no nufu anaa ne to, anaa ɔne abofra no bɛyɛ nna ho biribi a ɛmfata. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ obi to abofra mmonnaa a, wapira no, na wayɛ no bɔne pa ara. Nanso, ɛnyɛ abofra no mfomso sɛ wɔato no mmonnaa. Mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no dodow no ara yɛ mmeawa de, nanso wɔto mmarimaa pii nso mmonnaa. Ɛwom sɛ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no, dodow no ara yɛ mmarima de, nanso mmea binom nso to mmofra mmonnaa.

^ nky. 11 Sɛ Kristoni bi ne Onyankopɔn ntam nyɛ papa a, ɛnkyerɛ sɛ, sɛ ɔyɛ bɔne a emu yɛ duru a ɛsɛ sɛ ɔfa ne ho di. Nea wayɛ bɔne no, gyinae a osisii ne ne nneyɛe nyinaa ho asodi da ɔno ara so, na obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa.—Rom. 14:12.

^ nky. 16 Sɛ mpanyimfo no ne nea wɔabɔ no sobo no rekasa a, ɛnsɛ sɛ wɔma abofra no ba hɔ. Abofra no awofo mu baako anaa onipa foforo a abofra no gye no di betumi aka nea abofra no kyerɛ sɛ esii akyerɛ mpanyimfo no. Wɔyɛ saa a, ɛremma abofra no nteetee pii.

^ nky. 19 Sɛ obi retete abofra bi a ɛnyɛ ne ba a, nea yɛaka afa awofo ho yi fa ɔno nso ho.