Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

Sua Ade Yiye!

Sua Ade Yiye!

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’—FILIP. 1:10.

DWOM 35 “Monhwehwɛ Nneɛma a Ehia No”

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ebinom ani nnye adesua ho?

ƐNNƐ, egye mmɔdenbɔ pa ara ansa na yɛanya sika a yɛde bɛhwɛ yɛn ho. Yɛn nuanom bebree yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ansa na wɔanya aduan, ntade, ne dabere ama wɔn mmusua. Afoforo pii nso de nnɔnhwerew pii twa kwan da biara da kɔ adwuma san ba. Anuanom pii nso yɛ adwuma a egye ahoɔden de hwɛ wɔn ho. Saa anuanom a wɔyɛ adwumaden yi nyinaa bɛpɔn no, na wɔabrɛ ankasa! Ɛno nti, wɔn mu pii kɔn nnɔ sɛ wobesua ade.

2. Bere bɛn na wusua ade?

2 Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de sua ade yiye ankasa. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow. Ɛho hia pa ara sɛ yɛyɛ saa na ama yɛne Yehowa ntam ayɛ kama na yɛanya daa nkwa! (1 Tim. 4:15) Ebinom sɔre ntɛm da biara sua ade bere a dede biara nni wɔn fie, na esiane sɛ wɔada asɔre nti, wotumi susuw nneɛma ho yiye. Sɛ ebinom nso yɛ wɔn nnwuma nyinaa wie a, simma kakra a wobenya a biribiara ntwetwe wɔn adwene no, wɔde sua Bible ne asafo nhoma ahorow dwinnwen ho.

3-4. Nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ nneɛma dodow a yɛkenkan ne nea yɛhwɛ mu, na adɛn nti na wɔayɛ saa?

3 Ebia wobɛka sɛ ehia sɛ wopɛ bere sua ade. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yesua? Ebia wobɛka sɛ, ‘Nneɛma a ɛsɛ sɛ mekenkan no dɔɔso dodo. Ɛyɛ den ma me sɛ mɛkenkan ne nyinaa.’ Yɛn nuanom binom tumi kenkan asafo nhoma ahorow hwɛ Bible ho video no nyinaa, nanso ɛyɛ den ma yɛn nuanom bebree sɛ wobenya bere ayɛ saa. Akwankyerɛ Kuw no nim wei nyinaa. Ɛno nti, wɔde akwankyerɛ mae nnansa yi sɛ nneɛma a wotintim ne nea wɔde gu Intanɛt so no, wɔntew so.

4 Ɛho nhwɛso ni. Seesei yentintim Yearbook of Jehovah’s Witnesses no bio, efisɛ yenya osuahu a ɛhyɛ nkuran pii wɔ jw.org®, na saa ara na JW Broadcasting® dwumadi a ɛba bosome biara no nso, yenya bi wɔ hɔ. Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo ne Nyan! nsɛmma nhoma no nso, seesei emu biara ba mprɛnsa pɛ wɔ afe no mu. Ɛnyɛ bere pii a yebenya de ayɛ nneɛma a ɛmfa Yehowa som ho nti na yɛyɛɛ saa nsakrae yi. Mmom, yɛayɛ wei sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de yɛn adwene asi “nneɛma a ehia koraa no” so. (Filip. 1:10) Ma yɛnhwɛ sɛnea wubetumi de nneɛma a ehia pa ara asisi w’ani so, ne sɛnea wubetumi asua Bible anya so mfaso kɛse.

FA NNEƐMA A EHIA PA ARA SISI W’ANI SO

5-6. Nhoma ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua no yiye?

5 Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan sua? Ɔkwan biara so, ɛsɛ sɛ yegye bere sua Onyankopɔn Asɛm no da biara. Bible no fã a wotwa ma asafo no sɛ wɔnkenkan nnawɔtwe biara no, seesei wɔatew so. Wɔayɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere pii adwinnwen nea yɛkenkan no ho na yɛayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri. Ɛnyɛ yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛkenkan Bible no fã a wɔatwa ama yɛn nnawɔtwe no, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkenkan ma ɛka yɛn koma na ɛtwe yɛn bɛn Yehowa kɛse.—Dw. 19:14.

6 Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua no yiye? Nneɛma a yesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Bible Adesua ase no, ɛsɛ sɛ yedi kan sua. Afei nso, ɛsɛ sɛ yedi kan sua nneɛma foforo a yesusuw ho wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛba.

7. Nneɛma a wɔde gu yɛn wɛbsaet hɔ ne nea ɛba JW Broadcasting so no dɔɔso pa ara. Sɛ yentumi nkenkan anaa yentumi nhwɛ ne nyinaa a, ɛsɛ sɛ yɛn abam bu anaa?

7 Ebia wobɛka sɛ, ‘eye sɛ yesua, nanso nsɛm ne video ahorow a wɔde gu jw.org wɛbsaet hɔ ne nea ɛba JW Broadcasting so no nso ɛ? Ɛdɔɔso papa!’ Mfatoho bi ni: Yɛmfa no sɛ, woakɔ adidibea bi a wɔde nnuan ahorow pii a ɛyɛ dɛ abesisi pon so. Nnuan a ɛwɔ adidibea hɔ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wɔn a wokodidi wɔ hɔ betumi aka ahwɛ. Enti, wodi nnuan no mu kakraa bi. Saa ara na wo nso, sɛ wuntumi nkenkan biribiara a wɔde gu yɛn wɛbsaet hɔ a, mma w’abam mmu. Kenkan nea wubetumi na hwɛ nea wubetumi ahwɛ. Afei, momma yɛnhwɛ nea adesua kyerɛ ne sɛnea yebesua ade anya so mfaso kɛse.

ADESUA—EGYE MMMƆDENBƆ!

8. Sɛ yɛresua Ɔwɛn-Aban a, dɛn na yebetumi ayɛ? Woyɛ saa a mfaso bɛn na wubenya?

8 Sɛ woresua ade a, ɛsɛ sɛ wode w’adwene si nea worekenkan no so na ama woanya so mfaso. Ɛnkyerɛ sɛ wode ahopere bɛkenkan na woasensan mmuae no ase kɛkɛ. Sɛ woresiesie wo ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua a, di kan kenkan asɛm a wɔato din sɛ “nea yɛrebesua” a ɛwɔ adesua no mfiase no. Afei kenkan adesua no asɛmti, nsɛmti nketewa, ne nsɛmmisa a yɛde yɛ ntimu no na dwinnwen ho. Ɛno akyi no, tɔ wo bo ase kenkan asɛm no nyinaa yiye. Hyɛ asɛm anaa kasamu a edi kan wɔ nkyekyɛm biara no nsow. Mpɛn pii no, asɛm a edi kan no ma wuhu nea wɔrebɛka ho asɛm wɔ nkyekyɛm no mu. Sɛ worekenkan mu a, hwɛ sɛnea nkyekyɛm biara fa asɛmti ketewa ne asɛmti a ɛda adesua no so no ho. Kyerɛw nsɛmfua ne nsɛm foforo a woahu a wopɛ sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu to hɔ.

9. (a) Yɛresua Ɔwɛn-Aban a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si kyerɛwnsɛm a ɛwom no so yiye, na sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no? (b) Sɛnea Yosua 1:8 ka no, kyerɛwnsɛm a yɛbɛkenkan akyi no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Ɔwɛn-Aban Adesua no boa yɛn ma yɛte Bible ase. Enti, fa w’adwene si kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adesua no mu so, titiriw nea yɛbɛkenkan bere a asafo mũ no resua Ɔwɛn-Aban no. Nsɛmfua anaa nsɛm bi wɔ kyerɛwnsɛm no mu a ɛfoa adwene a ɛwɔ nkyekyɛm no mu so. Ma w’adwene nkɔ so yiye. Bio nso, gye bere dwinnwen kyerɛwnsɛm a wokenkan no ho, na hwɛ sɛnea wode bɛyɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu.—Kenkan Yosua 1:8.

Awofo, monkyerɛ mo mma sɛnea yesua ade (Hwɛ nkyekyɛm 10) *

10. Sɛnea Hebrifo 5:14 ka no, sɛ abusua bi reyɛ abusua som a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo no gye bere kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛnea yesua ade na yɛyɛ nhwehwɛmu?

10 Sɛ awofo pɛ sɛ wɔn mma ani gye bere a wɔreyɛ Abusua Som nnawɔtwe biara a, ntease wom. Ɛwom sɛ, ɛsɛ sɛ awofo nya biribi pɔtee a wobesusuw ho wɔ abusua som ase de, nanso ɛho nhia sɛ wɔhyehyɛ dwumadi soronko anaa dwumadi bi a ɛyɛ anika nnawɔtwe biara. Abusua no betumi de Abusua Som bere no ahwɛ JW Broadcasting dwumadi a ɛba bosome biara no, anaa ɛwom ara wobetumi ayɛ dwumadi soronko bi, te sɛ Noa adaka no. Nanso, ɛho hia sɛ awofo kyerɛ wɔn mma sɛnea yesua ade. Ehia sɛ wohu sɛnea wobesua ade ansa na wɔakɔ asafo nhyiam anaa sɛnea wɔbɛyɛ asɛm bi a asɔre wɔ sukuu mu ho nhwehwɛmu. (Kenkan Hebrifo 5:14.) Dwumadi a ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam ase no, ɛnyɛ ne nyinaa na woyi video wom. Enti, sɛ mmofra no gye bere susuw Bible mu nsɛm bi ho wɔ fie a, ɛbɛboa wɔn ama wɔatumi de wɔn adwene asi dwumadi a ɛte saa no so. Nanso, mfe a mmofra no adi ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade na ɛbɛkyerɛ bere tenten a wɔn awofo ne wɔn besua ade.

11. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛ yɛn Bible asuafo sɛnea wɔn ankasa besua ade yiye?

11 Ehia sɛ yɛn Bible asuafo nso hu sɛnea yesua ade. Sɛ wofi ase sua Bible na yehu sɛ ansa na yɛne wɔn besua ade anaa wɔbɛkɔ asafo nhyiam no, wodi kan sua nea yebesusuw ho no sensan mmuae no ase a, yɛn ani gye. Nanso, ehia sɛ yɛkyerɛ yɛn Bible asuafo sɛnea yɛyɛ nhwehwɛmu ne sɛnea wɔn ankasa besua ade yiye. Wɔyɛ saa na wohyia ɔhaw a, wɔrentutu mmirika nkɔ afoforo a wɔwɔ asafo no mu nkyɛn nkobisa nea wɔnyɛ, na mmom wobehu sɛnea wɔbɛyɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu anya akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn.

WORESUA ADE A, FA BOTAE BI SI W’ANI SO

12. Yɛresua ade a, botae bɛn na yebetumi de asisi yɛn ani so?

12 Sɛ wompɛ adesua a, ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ w’ani rentumi nnye adesua ho da. Nanso, w’ani betumi agye ho. Mfiase no, wubetumi de bere tiaa bi asua ade, na afei wode bere no bi aka ho nkakrankakra. Fa botae bi si w’ani so. Ɛwom, botae pa ara nti a yesua ade ne sɛ, yɛbɛbɛn Yehowa kɛse. Botae a ebia yebetumi adu ho ntɛm pa ara ne sɛ yebebua asɛm bi a obi abisa anaa yɛbɛyɛ ɔhaw bi a yɛrehyia ho nhwehwɛmu.

13. (a) Kyerɛ nea ɔbabun bi betumi ayɛ de akyerɛkyerɛ nea ogye di mu akyerɛ afoforo wɔ sukuu mu. (b) Wobɛyɛ dɛn de afotu a ɛwɔ Kolosefo 4:6 no ayɛ adwuma?

13 Woyɛ ɔbabun a wokɔ sukuu anaa? Ebia wo sukuufo nyinaa gye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa, na mmom nnipa ankasa na wɔbae. Ebia w’ani gye ho sɛ wobɛma wɔahu sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ nnipa, nanso ebia w’adwene yɛ wo sɛ worentumi nyɛ saa. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ehia sɛ wusua ho ade! Nneɛma mmienu na wubetumi de asi w’ani so: (1) w’ankasa wobɛhyɛ gyidi a wowɔ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no mu den, na afei (2) woasua sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ nea wugye di mu yiye. (Rom. 1:20; 1 Pet. 3:15) Wubetumi adi kan abisa wo ho sɛ, ‘Nsɛm bɛn na me sukuufo ka de kyerɛ sɛ wogye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa?’ Afei, tɔ wo bo ase yɛ asɛm no ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ ɛyɛ wo sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ nea wugye di mu a, wubehu sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ mu ma ayɛ wo nwonwa. Nea enti a nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa ne sɛ, obi a wobu no na aka saa akyerɛ wɔn. Sɛ wunya ho nkyerɛkyerɛmu bi a, wubetumi ne obi a ɔpɛ sɛ ohu nokware no asusuw ho ama atɔ n’asom.—Kenkan Kolosefo 4:6.

MA W’ANI NNYE ADESUA HO

14-16. (a) Sɛ wunnim Bible mu nhoma bi mu a, wobɛyɛ dɛn ahu mu yiye? (b) Fa kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no kyerɛkyerɛ sɛnea wubetumi ate Amos nhoma no ase yiye. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Fa Bible Mu Nsɛm Sɛ Esisii No, Na Wowɔ Hɔ!” no nso.)

14 Bible mu nhoma a mmarima a yɛfrɛ wɔn adiyifo nketewa no kyerɛwee no, fa no sɛ yebesusuw emu baako ho wɔ asafo nhyiam ase; ebia wunnim saa odiyifo no ho nsɛm pii. Nea wubetumi adi kan ayɛ ne sɛ wobɛma w’ani agye ho sɛ wubehu nea saa odiyifo no kyerɛwee no mu yiye. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

15 Nea edi kan, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na minim fa odiyifo a ɔkyerɛw saa nhoma no ho? Ɔyɛ hena, ɛhe na na ɔte, adwuma bɛn na na ɔyɛ?’ Sɛ yehu nea ɔkyerɛw nhoma no ho nsɛm pii a, yebetumi ate nea enti a ɔde nsɛmfua anaa mfatoho bi yɛɛ adwuma no ase yiye. Sɛ worekenkan saa Bible mu nhoma no a, hwehwɛ nsɛm bi a ɛbɛma woahu ɔkyerɛwfo no nipaban.

16 Nea edi hɔ no, sɛ wuhu bere a ɔkyerɛw nhoma no a, ɛno nso bɛboa wo. Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu; wubetumi ahwɛ “Bible Mu Nhoma a Wɔahyehyɛ” a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no akyi. Afei nso, wubetumi ahwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛfa Adiyifo ne Ahene ho a ɛwɔ Fa Sua Onyankopɔn Asɛm mu kratafa 14-17 no. Sɛ Bible mu nhoma a woresua no yɛ nkɔmhyɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubehu sɛnea na nkurɔfo asetena te bere a na wɔrekyerɛw saa nhoma no. Subammɔne ne nneyɛe bɛn na wɔsomaa odiyifo no sɛ ɔnkɔboa saa nkurɔfo no ma wonnyae? Bere a na ɔreyɛ n’adwuma no, henanom nso na na wɔte ase? Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛm no ani so yiye a, ebehia sɛ wokenkan Bible mu nhoma afoforo nso. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ wopɛ sɛ wote nea na ɛrekɔ so wɔ odiyifo Amos bere so no ase yiye a, kyerɛwnsɛm foforo a Amos 1:1 twe adwene kɔ so no bɛboa wo. Saa kyerɛwsɛm no twe adwene si 2 Ahene ne 2 Beresosɛm so. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ Hosea tenaa ase wɔ Amos bere so, enti wubetumi akenkan Hosea nhoma no nso. Bible mu nhoma yi nyinaa bɛboa wo ama woahu sɛnea na nkurɔfo asetena te wɔ Amos bere so no yiye.—2 Ahe. 14:25-28; 2 Be. 26:1-15; Hos. 1:1-11; Amos 1:1.

MMA W’ANI MPA NSƐM NKETENKETE SO

17-18. Fa nhwɛso a ɛwɔ nkyekyɛm no mu anaa fa wo ara wo nhwɛso kyerɛ sɛnea nsɛm nketenkete bi a ayɛ sɛ nea ɛho nhia betumi aboa wo ama w’ani agye Bible a w’ankasa wusua ho kɛse.

17 Sɛ yɛrekenkan Bible na yɛn ani gye ho pa ara sɛ yebesua nneɛma pii a, eye. Fa no sɛ worekenkan Sakaria nkɔmhyɛ no ti 12. Ɛhɔ na odiyifo no hyɛɛ Mesia no wu ho nkɔm. (Sak. 12:10) Sɛ wudu nkyekyɛm 12 a, ɛhɔ ka sɛ “Natan fie abusua” bedi Mesia no wu ho awerɛhow yayaayaw. Sɛ́ anka wobɛkan afa so ntɛm akɔ no, wubetumi agyina na woabisa wo ho sɛ: ‘Natan fie anaa n’abusua no de, ɛfa Mesia no ho sɛn? Ɔkwan bi wɔ hɔ a metumi afa so anya ho nsɛm pii anaa?’ Wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu kakra. Sakaria 12:12 twe adwene kɔ 2 Samuel 5:14 so. Wubehu wɔ hɔ sɛ Natan yɛ Ɔhene Dawid mmabarima no mu baako. Sakaria 12:12 san twe adwene kɔ Luka 3:23, 31 so. Ɛhɔ na yehu sɛ Maria nti, na Yesu yɛ Natan aseni pɛɛ. (Hwɛ wp16.3 9 nky. 1-3.) Prɛko pɛ, wo na asɛm no ayɛ wo dɛ yi! Nea na wunim ne sɛ wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Dawid abusua mu na Yesu befi aba. (Mat. 22:42) Nanso, na Dawid mmabarima boro 20. Sɛnea Sakaria ka sii so dua sɛ Natan fiefo bedi Yesu wu ho awerɛhow yayaayaw no, wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa?

18 Yɛnhwɛ nhwɛso foforo. Luka ti 1 ka sɛ ɔbɔfo Gabriel kɔsraa Maria, na Gabriel kaa ɔba a na Maria rebɛwo no no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba; na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ.” (Luka 1:32, 33) Asɛm a Gabriel kae no, ne fã a edi kan ne sɛ wɔbɛfrɛ Yesu “Ɔsorosoroni no Ba.” Anhwɛ a saa asɛm no na yɛde yɛn adwene besi so. Nanso, Gabriel san hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu ‘bedi hene.’ Enti yemmisa sɛ, asɛm a Gabriel kae no, na Maria bɛte ase sɛn? Ɔfaa no sɛ asɛm a Gabriel kae no kyerɛ sɛ Yesu besi Ɔhene Herode ananmu adi Israel so hene anaa? Anaa ɔfaa no sɛ obedi wɔn a wɔbɛba Ɔhene Herode akyi no bi ade? Sɛ Yesu bɛyɛɛ ɔhene a, anka Maria bɛyɛ ɔhemmaa, na n’abusuafo bɛtena ahemfie. Nanso, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Maria kaa asɛm bi a ɛte saa kyerɛɛ Gabriel. Saa ara nso na yenhuu wɔ Bible mu baabiara sɛ Maria srɛe sɛ wɔmma no dibea bi wɔ Ahenni no mu sɛnea Yesu asuafo mmienu yɛe no. (Mat. 20:20-23) Saa nkyerɛkyerɛmu kakra yi ma yehu pa ara sɛ na Maria yɛ ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase papaapa!

19-20. Sɛnea Yakobo 1:22-25 ne 4:8 kyerɛ no, sɛ yɛresua ade a, botae bɛn na yɛde sisi yɛn ani so?

19 Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛresua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow a, yɛn botae pa ara ne sɛ yɛbɛbɛn Yehowa kɛse. Bio nso, yɛpɛ sɛ yehu “onipa ko” a yɛyɛ pa ara ne nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani. (Kenkan Yakobo 1:22-25; 4:8.) Bere biara a yebesua ade no, ansa na yebefi ase no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma ne honhom no mmoa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnte ade a yɛrebesua no ase yiye na yenhu nsakrae biara a ehia sɛ yɛyɛ.

20 Momma yɛn nyinaa nyɛ sɛ Onyankopɔn nipa a odwontofo no kaa ne ho asɛm no: “N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. . . . Nea ɔyɛ biara bewie yiye.”—Dw. 1:2, 3.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

^ nky. 5 Yehowa yi ne yam ma yɛn nneɛma pii a yɛbɛhwɛ, nea yɛbɛkenkan, ne nea yebesua. Adesua yi bɛboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ wusua, na ɛbɛma woanya nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wubenya nea wusua no so mfaso kɛse.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awofo no rekyerɛ wɔn mma sɛnea wobesiesie wɔn ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi reyɛ Bible kyerɛwfo Amos ho nhwehwɛmu. Onua no rekenkan Bible mu nsɛm a ɛfa Amos ho na ɔredwinnwen ho. Mfoni a ɛwɔ n’akyi hɔ no kyerɛ nea ɔredwinnwen ho.