Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 21

Mma “Wiase Nyansa” Nnaadaa Wo

Mma “Wiase Nyansa” Nnaadaa Wo

“Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.”—1 KOR. 3:19.

DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ma yenya?

ESIANE sɛ Yehowa ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini nti, yebetumi agyina ɔhaw biara ano. (Yes. 30:20, 21) N’Asɛm no ma yenya biribiara a yehia a ɛbɛma ‘yɛafata koraa’ a ‘wɔasiesie yɛn yiye ama adwuma pa biara.’ (2 Tim. 3:17) Sɛ yɛde Bible nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra a, yebehu nyansa asen nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ yɛmfa “wiase nyansa” mmɔ yɛn bra no.—1 Kor. 3:19; Dw. 119:97-100.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, wiase nyansa taa twetwe yɛn kɔ bɔne mu. Enti ɛrenyɛ den sɛ yebedwinnwen nneɛma ho te sɛ nkurɔfo a wɔwɔ wiase no, na yɛayɛ nea wɔyɛ no bi. Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: ‘Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm so bɛfa mo nnommum.’ (Kol. 2:8) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛyɛe a nkurɔfo fii ase gyee nnaadaa hunu, anaa atosɛm mmienu bi dii. Emu biara mu no, yebehu nea enti a wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm ne sɛnea nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no korɔn koraa sen biribiara a ɛwɔ wiase no mu.

NNA HO ADWENE A NKURƆFO WƆ SESAE

3-4. Afe 1900 kosi afe 1930 mu hɔ no, sɛn na adwene a na nkurɔfo wɔ wɔ nna ho wɔ United States no sesae?

3 Afe 1900 kosi afe 1930 mu hɔ no, adwene a na nkurɔfo wɔ wɔ nna ho wɔ United States no sesae. Bere bi a na atwam no, na nkurɔfo pii gye di sɛ awarefo nko ara na wɔwɔ hokwan sɛ wonya nna mu kyɛfa, na na nna nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho nkɔmmɔ wɔ baguam. Nanso, nkurɔfo adwene sesae, na wonyaa adwene sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ.

4 Afe 1920 kosi afe 1930 mu hɔ no, nsakrae pii baa nnipa asetena mu. Obi a ɔyɛ nhwehwɛmu kaa sɛ: “Nkurɔfo fii ase de nna ho nsɛm pii baa sini, ɔyɛkyerɛ, nnwom, nhoma, ne aguade ho dawurubɔ mu.” Saa mfe no mu no, asaw a na ebinom saw no twetwee nkurɔfo adwene kɔɔ nna so, na nkurɔfo fii ase hyɛɛ ntade a ɛmfata. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri mu no, nnipa ‘bɛdɔ anigyede.’—2 Tim. 3:4.

Yehowa nkurɔfo mma ɔbrasɛe a ɛwɔ wiase no nnaadaa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Efi afe 1960 reba no, adwene bɛn na wiase anya wɔ abrabɔ ho?

5 Afe 1960 akyi no, mmarima ne mmea pii boom tenaa ase sɛ awarefo bere a na wɔnwaree, na mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da, ne awaregyae nso buu so. Wɔde aguamansɛm baa anigyede pii mu. Mfe kakra a atwam no, yɛahu aba bɔne a ɔbrasɛe no asow wɔ akwan pii so. Nhoma kyerɛwfo bi kaa sɛ, nea akɔfa mmusua a emu atetew, mmusua a ɔwofo baako na ɔtete ne mma, ɛyawdi, aguamansɛm a ne hwɛ ka nkurɔfo hɔ, ne ɔhaw ahorow a ɛte saa aba ne “nna ho nsɛm ho akwankyerɛ a nkurɔfo mfa nyɛ adwuma.” Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm dɔɔso, na nna mu nsanyare a abu so te sɛ AIDS yɛ emu baako.—2 Pet. 2:19.

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ adwene a wiase no wɔ wɔ nna ho no, ɛno ara na Satan pɛ?

6 Adwene a wiase no wɔ wɔ nna ho no, ɛno ara na Satan pɛ. Yebetumi aka sɛ, sɛ Satan hu sɛ nkurɔfo reyɛ nna ho nneɛma a Onyankopɔn ani nnye ho de bu Onyankopɔn akyɛde a ɛne aware animtiaa a, n’ani gye. (Efe. 2:2) Akyɛde pa a Yehowa de ama nnipa no, awo ka ho. Sɛ nkurɔfo bɔ aguaman a, ɛkyerɛ sɛ wommu saa akyɛde no, na ebetumi nso ama daa nkwa abɔ wɔn.—1 Kor. 6:9, 10.

NEA BIBLE KA FA NNA HO

7-8. Adɛn nti na yɛbɛka sɛ nea Bible ka fa nna ho no, nidi wom, na ɛyɛ nea ɛfata pa ara?

7 Nkurɔfo a wogye wiase nyansa tom no, nea Bible ka fa abrabɔ ho no, wodi ho fɛw. Wɔkyerɛ sɛ, obiara rentumi nni nea Bible ka no so. Ebia nkurɔfo a wɔte saa bebisa sɛ, ‘Adɛn nti na Onyankopɔn de nna ho akɔnnɔ bɛhyɛ yɛn mu na afei waka akyerɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ saa akɔnnɔ no so?’ Nkurɔfo bisa saa asɛm no, efisɛ wodi mfomso susuw sɛ, ɛsɛ sɛ nnipa yɛ biribiara a ɛbɛba wɔn mu. Nanso, Bible nka saa. Bible ma yehu sɛ Yehowa di yɛn ni, efisɛ ɛka sɛ, yebetumi adi akɔnnɔ bɔne a ɛba yɛn mu no so. (Kol. 3:5) Afei nso, Yehowa ayɛ aware nhyehyɛe ama yɛn a ebetumi ama yɛadwudwo akɔnnɔ a ɛwɔ yɛn mu no ano wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Kor. 7:8, 9) Enti, okunu ne ɔyere betumi anya nna mu kyɛfa, na wɔrennu wɔn ho anaa ɛrennyaw wɔn adwinnwen a mpɛn pii aguamammɔ de ba no.

8 Bible ma yenya nna ho adwene a ɛfata; ɛnte sɛ wiase nyansa koraa. Bible kyerɛ sɛ, nna betumi ama nnipa ani agye. (Mmeb. 5:18, 19) Nanso, Bible ka sɛ: “Mo mu biara behu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu, na ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ bɔne mu te sɛ aman a wonnim Onyankopɔn no.”—1 Tes. 4:4, 5.

9. (a) Afe 1900 kosi afe 1930 mu hɔ no, sɛn na wɔboaa Yehowa nkurɔfo ma wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nyansa a ɛkorɔn no bɔɔ wɔn bra? (b) Afotu pa bɛn na ɛwɔ 1 Yohane 2:15, 16? (d) Ɔbrasɛe a ɛsɛ sɛ yɛko tia bɛn na wɔabobɔ din wɔ Romafo 1:24-27?

9 Afe 1900 kosi afe 1930 mu hɔ no, Yehowa nkurɔfo amma nnipa a “wɔatoto wɔn ani awe,” anaa wɔn a biribiara nyɛ wɔn aniwu no nnaadaa hunu annaadaa wɔn. (Efe. 4:19) Wɔbɔɔ mmɔden bataa Yehowa mmara ho denneennen. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa May 15, 1926 no kaa sɛ “ɛsɛ sɛ ɔbarima anaa ɔbea biara dwinnwen nneɛma a ɛho tew ho, na ɔma ne nneyɛe ho tew, titiriw, nneyɛe a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ntam nkitahodi ho.” Ɛmfa ho nea ɛkɔɔ so wɔ wiase baabiara saa bere no, Yehowa nkurɔfo de Onyankopɔn Asɛm mu nyansa a ɛkorɔn no bɔɔ wɔn bra. (Kenkan 1 Yohane 2:15, 16.) Yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no pa ara! Afei nso, yɛn ani sɔ sɛ Yehowa ma yɛn honhom fam aduan wɔ ne bere mu ma ɛboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensuasua wiase nyansa anaa wiase abrabɔ. *Kenkan Romafo 1:24-27.

ADWENE A ƐFATA WƆ ƆDƆ A ƐSƐ SƐ ONIPA NYA MA NE HO ASESA

10-11. Dɛn na Bible bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛbɛkɔ so wɔ nna a edi akyiri no mu?

10 Bible bɔɔ kɔkɔ sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa “bɛyɛ ahopɛ.” (2 Tim. 3:1, 2) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wiase no hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran. Nhoma bi ka sɛ afe 1970 kosi afe 1979 mu hɔ no, “wɔyɛɛ nhoma pii a na ɛbɛma nkurɔfo ahu akwan a wɔbɛfa so adi yiye.” Nhoma no bi “hyɛɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran sɛ wɔnyɛ biribiara a wɔn adwene kyerɛ wɔn sɛ eye, na ɛnsɛ sɛ wonya adwene sɛ mfomso wɔ nea wɔreyɛ ho.” Nhwɛso bi ni. Asɛm bi a ɛwɔ saa nhoma no baako mu ne sɛ: “Dɔ wo ho, efisɛ wo ne onipa a ne ho yɛ fɛ, ne ho yɛ anika, na ne so wɔ mfaso sen obiara a watena ase pɛn.” Saa nhoma no kaa sɛ, “ɛsɛ sɛ obi ankasa sisi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho gyinae, na ɔyɛ biribiara a ɔte nka sɛ eye na ɛbɛma ne ho atɔ no.”

11 Woate saa asɛm yi pɛn? Satan hyɛɛ Hawa nkuran sɛ ɔnyɛ biribi a ɛte saa. Ɔkaa sɛ, Hawa betumi ‘ayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’ (Gen. 3:5) Ɛnnɛ, nnipa pii bu wɔn ho tra so, na wɔn adwene ne sɛ obiara, a Onyankopɔn mpo ka ho, rentumi nkyerɛ wɔn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Yehu pa ara sɛ saa suban no da adi wɔ aware ho adwene a nkurɔfo wɔ mu.

Kristoni de afoforo ahiade di kan, titiriw, ne yere de (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Adwene bɛn na wiase no wɔ wɔ aware ho?

12 Bible ka kyerɛ okunu ne ɔyere sɛ wonni wɔn ho wɔn ho ni, na ɛbɔ a wɔhyehyɛɛ wɔn ho bere a wɔreware no, wonni so. Ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ wonsi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atena. Ɛka sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Gen. 2:24) Nanso, wɔn a wɔde wiase nyansa bɔ wɔn bra no de, ɛsono wɔn adwene. Nea wɔka ne sɛ, okunu ne ɔyere no mu biara mfa n’adwene nsi nea ehia n’ankasa so. Nhoma bi a ɛka awaregyae ho asɛm ka sɛ: “Ayeforo ahorow bi ase no, sɛ́ anka awarefo no bɛka ntam a obiara nim sɛ awarefo taa ka a ɛne sɛ ‘bere tenten a yɛn mmienu bɛbom atena ase’ no, wɔgow ntam no mu kaa no sɛ ‘bere tenten a yɛn mmienu bɛkɔ so adɔ yɛn ho.’” Esiane sɛ nkurɔfo mmu aware sɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ daa nti, ama mmusua pii mu atetew, na ama nnipa pii di yaw kɛse. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea wiase no bu aware sɛ biribi a mfaso nni so no, ɛyɛ nkwaseasɛm.

13. Dɛn ne ade biako nti a Yehowa kyi ahantanfo?

13 Bible ka sɛ: “Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide.” (Mmeb. 16:5) Dɛn nti na Yehowa kyi ahantanfo? Ade biako ne sɛ, nkurɔfo a wɔdɔ wɔn ho tra so na wɔhyɛ subammɔne a ɛte saa ho nkuran no, ɛma wɔyɛ ahomaso te sɛ Satan. Yesu na Onyankopɔn nam no so bɔɔ nneɛma nyinaa. Nanso hwɛ, Satan nyaa adwene sɛ obetumi ama Yesu akotow no na wasom no! (Mat. 4:8, 9; Kol. 1:15, 16) Nnipa a wɔyɛ ahomaso saa no adwene yɛ wɔn sɛ wonim nyansa, nanso Onyankopɔn ani so de, wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm.

NEA BIBLE KA FA AHOMASO HO

14. Sɛn na Romafo 12:3 boa yɛn ma yenya obu a ɛfata ma yɛn ho?

14 Bible boa yɛn ma yenya obu a ɛfata ma yɛn ho. Ɛma yehu sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho sɛnea ɛfata. Yesu kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ahiade ho sɛnea ɛsɛ. (Mat. 19:19) Nanso, Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho so kyɛn afoforo. Mmom, ɛka sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filip. 2:3; kenkan Romafo 12:3.

15. Dɛn na ɛma wuhu sɛ ahomaso ho afotu a Bible de ma no, mfaso wɔ so?

15 Ɛnnɛ, nnipa pii a wiase no bu wɔn sɛ wɔyɛ anyansafo no, wɔka sɛ afotu a Bible de ma wɔ ahomaso ho no, nyansa nnim. Wɔka sɛ, sɛ wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo a, nkurɔfo bɛfa no sɛ w’ani nyɛ den na wobesisi wo. Nanso, pɛsɛmenkominya adwene a Satan wiase no hyɛ ho nkuran no, dɛn pa ara na ɛde aba? Dɛn na woahu? Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya no, wɔn ani gye anaa? Wɔn mmusua ani gye? Wɔwɔ nnamfo pa? Wɔne Onyankopɔn ntam yɛ kama anaa? Wohwɛ nea yɛasusuw ho yi a, wiase nyansa ne nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, nea ɛwɔ he na sɛ yedi akyi a ebesi yɛn yiye pa ara?

16-17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, na adɛn ntia?

16 Nkurɔfo a wodi nnipa a wiase no bu wɔn sɛ wɔyɛ anyansafo afotu akyi no, wɔte sɛ ɔkwantufo a wayera a ɔreka akyerɛ ne yɔnko kwantufo a ɔno nso ayera sɛ ɔnkyerɛ no kwan. Yesu kaa nnipa a ne bere so no na nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔyɛ anyansafo no ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo. Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛhwe amoa mu.” (Mat. 15:14) Nokwasɛm ne sɛ, wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.

Onyankopɔn asomfo de anigye kaakae nea wɔayɛ wɔ Yehowa som mu (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17 Afotu pa a ɛwɔ Bible mu no, bere nyinaa “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Tim. 3:16) Yɛda Yehowa ase pa ara sɛ ɔnam n’ahyehyɛde no so abɔ yɛn ho ban afi wiase nyansa ho! (Efe. 4:14) Honhom fam aduan a Yehowa de ama yɛn no hyɛ yɛn den ma yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ n’Asɛm mu no bɔ yɛn bra. Ɛyɛ hokwan kɛse pa ara sɛ Yehowa ama yɛn nyansa ne akwankyerɛ a edi mũ wɔ Bible mu!

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

^ nky. 5 Yehowa nko ara na otumi kyerɛ yɛn kwan ma esi yɛn yiye. Adesua yi bɛma saa ahotoso a yɛwɔ no mu ayɛ den. Afei nso, yebehu sɛ, sɛ yedi wiase nyansa akyi a, nea ɛde bɛba yɛn so renyɛ papa. Nanso, sɛ yɛde nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔ yɛn bra a, ebesi yɛn yiye.

^ nky. 50 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehu nneɛma bi a awarefo bi a wɔyɛ Adansefo yɛe wɔ wɔn asetena mu. Onua ne onuawa no reyɛ asɛnka adwuma; afe 1967 kosi afe 1969 mu hɔ.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Afe 1980 kosi afe 1989 mu hɔ; ɔbea no yare na ne kunu reyɛ biribi de akyerɛ sɛ odwen ne ho; wɔn babea kumaa rehwɛ ne papa.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛnnɛ, awarefo no de anigye rekaakae nea wɔayɛ wɔ Yehowa som mu. Awarefo no babea no a wanyin ne n’abusua ne wɔn abom regye wɔn ani.